1 Samuel 19 - KYERƐW KRONKRONSaul taa Dawid 1 Na Saul ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ wonkum Dawid. Nanso Saul ba Yonatan pɛ Dawid asɛm sɛ. 2 Na Yonatan kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: M’agya Saul hwehwɛ wo akum wo, na afei, kora wo ho so anɔpa, na tena kokoa bi mu hintaw; 3 na me de, mefi adi makogyina m’agya nkyɛn wuram baabi a wowɔ no, na me ne m’agya aka wo ho asɛm, na mete biribi a, maka makyerɛ wo. 4 Na Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa kyerɛɛ n’agya Saul, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid ho bɔne; na ɔnyɛɛ wo bɔne bi ɛ, na ne nneyɛe nso ayɛ wo yiye pii. 5 Na ɔde ne kra too ne nsam kokum Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wuhui na w’ani gyei; na ɛdɛn nti na worebɛyɛ mogya a edi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa? 6 Na Saul tiee Yonatan, na Saul kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, wɔrenkum no da! 7 Na Yonatan frɛɛ Dawid; na Yonatan kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no. Ɛnna Yonatan de Dawid baa Saul nkyɛn, na ɔbɛtenaa n’anim sɛ kan no. 8 Na ɔko baa bio, na Dawid fii adi ne Filistifo kɔkoe, na okum wɔn kunkɛse, na woguan fii n’anim. 9 Na AWURADE honhommɔne no baa Saul so; na ɔte ne fi, kura peaw, na Dawid de ne nsa rebɔ sanku. 10 Na Saul hwehwɛɛ sɛ ɔde peaw no bɔ Dawid fam ɔfasu no ho, nanso ɔtwee ne ho fii Saul anim, na ɔtow peaw no wɔɔ ɔfasu no mu; na Dawid guanee, na ofii mu anadwo no. 11 Ɛnna Saul somaa abɔfo kɔɔ Dawid fi sɛ wɔnkɔwɛn no na wonkum no anɔpa. Na Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woannye wo kra anadwo yi a, ɔkyena wobekum wo. 12 Na Mikal de Dawid faa mfɛnsere mu sii fam, na ɔkɔe, na oguan fii mu. 13 Na Mikal faa ohoni de too mpa no so, na ɔde abirekyi nwi sumii too atifi, na ɔde ntama kataa so. 14 Na Saul somaa abɔfo sɛ wɔnkɔfa Dawid no, ɔkae sɛ: Ɔyare. 15 Ɛnna Saul somaa abɔfo no sɛ wɔnkɔhwɛ Dawid, na ose: Momfa no mfi mpa no so mmrɛ me, na minkum no. 16 Na abɔfo no duu hɔ no, na hwɛ, ohoni na ɛda mpa no so, na abirekyi nwi sumii da atifi. 17 Na Saul ka kyerɛɛ Mikal sɛ: Ɛdɛn nti na woadaadaa me sɛɛ, na woagya me tamfo kwan na wafi mu afi yi? Na Mikal ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma menkɔ! Ɛdɛn nti na minkum wo! 18 Na Dawid guan fii mu, na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama kɔkaa nea Saul ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔne Samuel kɔe kɔtenaa Naiot. 19 Na wɔka kyerɛɛ Saul sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ Naiot wɔ Rama. 20 Na Saul somaa abɔfo sɛ wɔnkɔfa Dawid; na wohuu adiyifo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn so no, Onyankopɔn honhom baa Saul abɔfo no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm. 21 Na wɔbɛka kyerɛɛ Saul no, ɔsomaa abɔfo foforo; na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm saa ara. Na Saul somaa abɔfo bio, ne mprɛnsa so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm. 22 Ɛnna ɔno ara kɔɔ Rama, na oduu abura kɛse a ɛwɔ Seku no ho no, obisae sɛ: Ɛhe na Samuel ne Dawid wɔ? Na wose: Hwɛ, wɔwɔ Naiot wɔ Rama. 23 Na ɔkɔɔ Naiot wɔ Rama hɔ; na Onyankopɔn honhom baa ɔno nso so, na ɔrekɔ no, ɔhyɛɛ nkɔm ara kɔ kosii sɛ oduu Naiot wɔ Rama. 24 Na ɔno nso worɔw ne ntade, na ɔno nso hyɛɛ nkɔm Samuel anim, na ɔde adagyaw daa hɔ da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa. Enti na wɔka sɛ: So Saul nso fra adiyifo no mu anaa? |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana