Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 15 - KYERƐW KRONKRON


Saul asoɔden

1 Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Me na AWURADE somaa me sɛ memmɛsra wo ngo minsi wo ne man so hene; na afei tie AWURADE nsɛm:

2 Sɛɛ na asafo AWURADE se: Mahu nea Amalek yɛɛ Israel, sɛnea wofi Misraim reba no wobetwaree wɔn ɔkwan mu.

3 Na afei kɔ na kokum Amalek, na monsɛe nea wɔwɔ nyinaa pasaa, na nkyɛe wɔn so, na kum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.

4 Ɛnna Saul maa ɔman no tee, na ɔkan wɔn wɔ Telaim, mmarima a wɔnam anammɔn mu ɔpehanu ne Yuda mmarima ɔpedu.

5 Na Saul duu Amalek kurokɛse no so, na ɔde atɛwfo sisii obon no mu.

6 Na Saul ka kyerɛɛ Kenifo no sɛ: Monkɔ, mumfi Amalek mu nsian nkɔ, na mampra wo mamfra wɔn; na wo de, woyɛɛ Israelfo nyinaa adɔe bere a wofi Misraim reba no. Ɛnna Kenifo fii Amalek mu kɔe.

7 Na Saul kunkum Amalek fii Hawila de kosii baabi a w’ani kyerɛ Sur a ɛda Misraim apuei fam no.

8 Na ɔkyeree Amalek hene Agag animono, na ɔman no nyinaa de, ɔde nkrante sɛee wɔn pasaa.

9 Na Saul ne dɔm no kyɛe Agag ne nguan ne anantwi a woye ne wɔn a wɔadodɔ srade ne nguammuruwa ne nea eye no nyinaa so, na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn; na ade biara a wommu na enye mma hwee no de, wɔsɛee no pasaa.

10 Ɛnna AWURADE asɛm baa Samuel nkyɛn sɛ:

11 Manu me ho sɛ misii Saul hene, efisɛ wasan afi m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛhow, na osu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa.

12 Na Samuel tuaa ahema sɛ okohyia Saul anɔpa; na wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: Saul aba Karmel, na hwɛ, wasi ne nkaedum, na wadan ne ho atwam asian rekɔ Gilgal.

13 Na Samuel duu Saul nkyɛn no, Saul ka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE nhyira nka wo. Mama AWURADE asɛm no atim.

14 Na Samuel kae sɛ: Na ɛdɛn ne nguan su a egu m’asom yi ne anantwi su a mete yi?

15 Na Saul se: Amalekfo mu na wɔde fi bae, efisɛ ɔman no kyɛe nguan ne anantwi a eye no so, sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre ama AWURADE wo Nyankopɔn, na nkae no de, yɛasɛe wɔn pasaa.

16 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Gyae, ma menka nea AWURADE ka kyerɛɛ me anadwo yi menkyerɛ wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ!

17 Na Samuel kae sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa de, nanso wone Israel mmusuakuw ti, AWURADE sraa wo sɛ di Israel so hene;

18 na AWURADE somaa wo akwankɔ bi sɛ: Kɔ na kɔsɛe Amalekfo nnebɔneyɛfo no pasaa, na wo ne wɔn nko nkosi sɛ wobɛhyew wɔn.

19 Ɛdɛn nti na woantie AWURADE, na woatow ahyɛ asade so, na woayɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne yi?

20 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Sɛ matie AWURADE, na makɔ ɔkwan a AWURADE somaa me no, na mede Amalek hene Agag maba, na masɛe Amalek pasaa!

21 Na ɔman no faa asade no mu nguan ne anantwi, ahyirade no mu adikanne, sɛ wɔde rebɛbɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔre Gilgal.

22 Na Samuel kae sɛ: So AWURADE pɛ ɔhyew afɔre ne okum afɔre sɛ otie a wotie AWURADE anaa? Hwɛ, osetie ye sen afɔre, na asoyɛ kyɛn adwennini srade.

23 Na atuatew te sɛ woakɔ abisa, na asoɔden te sɛ amumɔyɛ ne ahonisom! Esiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti, ɔno nso apa wo afi ahenni no so.

24 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Mayɛ bɔne sɛ mafom AWURADE anom asɛm ne wo nsɛm so, sɛ misuroo ɔman no na mitiee wɔn.

25 Na afei fa me bɔne firi me, na wo ne me nsan na menkɔsɔre AWURADE.

26 Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Me ne wo rensan nkɔ, efisɛ woapa AWURADE asɛm, na AWURADE nso apa wo sɛ nni Israel so hene.

27 Na Samuel dan ne ho rekɔ no, Saul soo ne batakari ano, na esuanee.

28 Na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: Osuan na AWURADE asuan Israel ahenni afi wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a oye sen wo.

29 Nso Israel Tumfo no renni atoro na ɔrennu ne ho, efisɛ ɔnyɛ onipa na wanu ne ho.

30 Ɛnna ose: Mayɛ bɔne de, nanso afei di me ni me man mpanyin ne Israel anim: Wo ne me nsan nkɔ, na menkɔsɔre AWURADE wo Nyankopɔn.

31 Ɛnna Samuel san kodii Saul akyi; na Saul kɔsɔree AWURADE.

32 Na Samuel se: Momfa Amalek hene Agag mmrɛ me ha. Na Agag baa ne nkyɛn anigye so. Na Agag se: Ampa, owuyaw atwam kɔ.

33 Na Samuel se: Sɛ wo nkrante maa mmea dii mmasigyaw no, saa ara nso na wo na bedi basigyaw mmea mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal.

34 Ɛnna Samuel siim kɔɔ Rama. Na Saul nso foro kɔɔ ne fi Gibea-saul.

35 Na Samuel ammɛhwɛ Saul bio kosii ne wuda, na Samuel gyam Saul; na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔde Saul dii Israel so hene.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan