Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 11 - KYERƐW KRONKRON


Saul di Amonfo so nkunim

1 Na Amonni Nahas foro ba bɛbɔɔ Yabes-gilead so nsra. Na Yabes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: Wo ne yɛn mpam na yɛnsom wo.

2 Na Amonni Nahas no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ansa na me ne mo bɛpam no, gye sɛ mitutu mo aniwa nifa nyinaa na mede mayɛ ahohora mato Israel nyinaa so.

3 Na Yabes mpanyin no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛn nnanson, na yɛnsomasoma abɔfo nkɔ Israel ahye nyinaa so, na sɛ obi nni hɔ a obegye yɛn a, yɛafi adi aba wo nkyɛn.

4 Ɛnna abɔfo no baa Gibea faako a Saul fi bɛkaa asɛm no ɔman no asom; na ɔman no nyinaa momaa wɔn nne so susui.

5 Na hwɛ, Saul di anantwi akyi fi afuw mu reba; na Saul kae sɛ: Dɛn na ɛyɛ ɔman yi na wɔresu yi? Na wɔkaa Yabesfo nsɛm no kyerɛɛ no.

6 Na Saul tee nsɛm yi no, AWURADE honhom sii no so, na ne bo fuwii kɛse.

7 Na ɔfaa anantwi mpamho twitwaa no asinasin de hyehyɛɛ abɔfo no nsam soma ma wɔkɔɔ Israel asase nyinaa so kɔkae sɛ: Obiara a wamfi adi ammedi Saul ne Samuel akyi no, sɛ wɔbɛyɛ n’anantwi ni. Ɛnna AWURADE ho hu tɔɔ ɔman no so, na wofi bae sɛ onipa biako.

8 Na ɔkan wɔn Besek, na Israelfo no ano si ɔpehasa, na Yuda mmarima si ɔpeduasa.

9 Na wɔka kyerɛɛ abɔfo a wɔbae no sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Yabes-gileadfo no ni: Ɔkyena a owia mu reyɛ den no, mubenya ogye. Na abɔfo no ba bɛka kyerɛɛ Yabesfo no, wɔn ani gyei.

10 Na Yabesfo no kae sɛ: Ɔkyena yebefi adi aba mo nkyɛn, na moayɛ yɛn sɛ eye mo ani so nyinaa.

11 Na ade kyee no, Saul buu ɔman no mu asafokuw abiɛsa na wɔkɔɔ nsra no mu anɔpa dasu mu, na wokunkum Amonfo koduu awia ketee; na wɔn a ɛkae no bɔ petee a anka wɔn mu baanu po wɔ faako.

12 Ɛnna ɔman no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hena na ɔkae sɛ: Saul na ɔrebedi yɛn so hene yi, no? Fa nnipa no bra ma yenkum wɔn.

13 Na Saul kae sɛ: Wonnkum obiara nnɛ da yi, efisɛ ɛnnɛ AWURADE ayɛ nkwagyede Israel mu.

14 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Gilgal, na yɛnkɔyɛ ahenni no foforo wɔ hɔ.

15 Na ɔman no nyinaa kɔɔ Gilgal, na wokosii Saul hene AWURADE anim wɔ Gilgal; na wɔbobɔɔ asomdwoe afɔre AWURADE anim wɔ hɔ. Na Saul ne Israel mmarima nyinaa ani gyee.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan