1 Petro 5 - KYERƐW KRONKRONNyankopɔn nguankuw so hwɛ 1 Me a meyɛ ɔpanyin bi ne Kristo amanehunu ho dansefo ne anuonyam a wɔrebeyi adi no fafafo nso, mitu mpanyimfo a ɛwɔ mo mu no fo sɛ: 2 Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ mu, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti; 3 ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no. 4 Na oguanhwɛfo panyin no yi ne ho adi a, moanya anuonyam abotiri a ɛrensɛe da no. 5 Saa ara na mo mmabun nso, momfa mo ho nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo. 6 Enti mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu. 7 Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho. Munsiw ɔsɔhwɛfo no kwan 8 Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene. 9 Ɔno na momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan, efisɛ munim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu. 10 Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den, ɔbɛma moanya nnyinaso. 11 Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen. Nkradi ne nkyia 12 Menam onua nokwafo Silwano so, sɛnea mebu no no, makyerɛw nsɛntiaa yi mabrɛ mo, mede mitu mo fo na midi adanse sɛ eyi ne Nyankopɔn nokware adom a moabegyina mu yi. 13 Asafo a ɛwɔ Babel a wɔapaw wɔn sɛ mo no ne me ba Marko kyia mo. 14 Momfa ɔdɔ mfewano nkyiakyia mo ho mo ho. Asomdwoe nka mo a mowɔ Kristo mu nyinaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana