1 Petro 4 - KYERƐW KRONKRONOfieahwɛfo pa wɔ Onyankopɔn adom mu 1 Na afei, sɛ Kristo ahu amane ɔhonam mu yi, mo nso momfa adwenkoro no ara mmia mo ho, (efisɛ nea wahu ɔhonam mu amane no agyae bɔneyɛ), 2 na ɔhonam mu asetena bere a aka no, wantena ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom watena ase ama Onyankopɔn apɛde. 3 Yɛn asetena bere a atwam no, yɛsɛee bere yɛɛ nea amanaman mufo no pɛ, sɛ yɛnantew ahohwi, akɔnnɔ, asabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a wokyi mu. 4 Na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa sakasaka dontori no mu, na wɔka ho nsɛmmɔne. 5 Wɔn na wobeyi ano akyerɛ nea wasiesie ne ho sɛ ɔrebebu ateasefo ne awufo atɛn no. 6 Na eyi nti na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ awufo nso, na wɔabu wɔn atɛn sɛ nnipa a wɔwɔ ɔhonam mu, na wɔatena ase honhom mu sɛ Onyankopɔn. 7 Nanso ade nyinaa awiei abɛn. Enti momma mo adwenem ntew, na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ. 8 Na ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so. 9 Monyegye mo ho hɔho a huhuhuhu nni mu. 10 Sɛnea mo nyinaa nyinyaa adom akyɛde no, momfa nsonsom mo ho mo ho sɛ Onyankopɔn adom ahorow no ho afiehwɛfo pa. 11 Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Onyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ɔnsom sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na ayeyi ne tumi wɔ no daa daa. Amen. Amane a Kristo nti wohu 12 Adɔfo, mommma amanehunu gya a asɔ wɔ mo mu sɛ wɔde resɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo sɛ ade foforo, te sɛ ade foforo bi na ɛyɛ mo; 13 na mmom, sɛnea moayɛ Kristo amanehunu no fafafo no, momma mo ani nnye, na sɛ woyi n’anuonyam no adi a, mode ahosan ama mo ani agye nso. 14 Sɛ wɔyaw mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, efisɛ anuonyam ne Onyankopɔn honhom wɔ mo so. 15 Na mommma mo mu bi nnhu amane sɛ owudifo anaa owifo anaa ɔdebɔneyɛfo anaa ɔsɛmpɛfo ebinom nsɛm mu. 16 Na sɛ ohu amane sɛ okristoni a, ɔmmma n’ani nnwu, na ma ɔnhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ din yi mu. 17 Na bere no adu sɛ atemmu fi ase Onyankopɔn fi. Na sɛ efi yɛn so kan a, ebewie wɔn a wontie Onyankopɔn asɛmpa no dɛn? 18 Na sɛ ɛyɛ den sɛ wobegye onipa trenee a, ɛhe na nea ɔmfɛre Nyankopɔn ne ɔdebɔneyɛfo begyina? 19 Enti nso wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn pɛ no mfa wɔn kra nhyɛ ne nsa, sɛ Ɔbɔadeɛ nokwafo, wɔnkɔ so ara wɔ papayɛ mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana