Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Petro 3 - KYERƐW KRONKRON


Ɔyerenom mmɔ ɔbra pa

1 Saa ara na mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn,

2 sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho tew wɔ osuro mu.

3 Mommma mo ahyehyɛde nnyɛ ɔhonam ani de, mmɛsawɔw ne sikahyɛ anaa ntadehyɛ mu,

4 na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim.

5 Na saa na tete no mmea kronkron a wɔde wɔn ho too Nyankopɔn so no hyehyɛɛ wɔn ho, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa wɔn ankasa wɔn kununom,

6 sɛnea Sara tiee Abraham frɛɛ no owura no. Ɔno na, sɛ moyɛ papa na munsuro ahude biara a, moayɛ ne mma.

7 Okununom, mo ne wɔn ntena nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa dom no adedifo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw.


Amanehunu wɔ teneneeyɛ mu

8 Na awiei ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mmoma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene.

9 Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, nso mommfa ɔyaw nntua ɔyaw so ka; na mmom munhyira, efisɛ eyi mu na wɔfrɛɛ mo, sɛ mummegye nhyira.

10 Na nea ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ohu nna pa no, ma no nyi ne tɛkrɛma mfi bɔne mu, ne n'ano na anka nnaadaasɛm.

11 Ma no nkyi bɔne na ɔnyɛ papa, ma ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyi.

12 Efisɛ Awurade ani wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn mpaebɔ, na Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne.

13 Na sɛ mudi papa akyi a, hena ne nea ɔbɛhaw mo?

14 Na sɛ trenee nti muhu amane nso a, nhyira ne mo. Na munnsuro wɔn ho hu, na mommma mo bo nntutu.

15 Na mummu Awurade Kristo kronkron mo koma mu. Nso munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase,

16 odwo ne osuro mu, na munnya ahonim pa, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu no, wɔn a wogu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.

17 Na sɛ ɔpɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ muhu amane sɛ papayɛfo a, eye kyɛn sɛ muhu sɛ abɔneyɛfo.

18 Efisɛ Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, na wɔma ɔtenaa ase honhom mu.

19 Ɛno mu nso na ɔkɔe kɔkaa asɛm kyerɛɛ ahonhom a wɔwɔ afiase

20 a tete no wɔyɛ asoɔdenfo, ɛbere a Onyankopɔn abodwokyɛre twɛnee, Noa nna a wɔreyɛ adaka no mu. Emu na akra kakraa a wosi baawɔtwe nyaa nkwa nsu no mu.

21 Ɛno na afei ne nsɛso a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ ɔhonam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔre nti yɛnam so yɛ Onyankopɔn de.

22 Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Onyankopɔn nifa, na abɔfo ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan