1 Petro 2 - KYERƐW KRONKRONƆbo a nkwa wɔ mu ne Ɔman kronkron 1 Enti munyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nseku nyinaa ntotow ngu, 2 na mompɛ asɛm no nufusu kronkron mapa, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren, na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu, 3 bere a moaka ahwɛ sɛ Awurade yam ye. 4 Ɔno na moba ne nkyɛn sɛ ɔbo a nkwa wom a nnipa apa no na Onyankopɔn de, wafa no na ne bo yɛ den a, 5 mo nso momma wɔmfa mo sɛ abo a nkwa wom nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuw kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔre a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Onyankopɔn ani. 6 Efisɛ ɛwɔ kyerɛw no mu sɛ: Hwɛ, mede tweaso tibo a wɔayi no na ne bo yɛ den mato Sion, na nea ogye no di no ani renwu. 7 Enti mo a mugye no di no, nea ɔsom bo no yɛ mo de. Na wɔn a wonnye nni no de, ɔbo a abantofo apo no na ayɛ tweaso tibo, 8 ne hintibo ne hintiduato botan ama wɔn, Wɔn na wohintiw, efisɛ wontie asɛm no. Ɛno nti na woyii wɔn mae. 9 Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no ayeyi nkyerɛ. 10 Mo a kan no monyɛ ɔman, na afei moayɛ Onyankopɔn man, mo a munnyaa mmɔborohunu, na afei de, moanya mmɔborohunu. Montena ase sɛ Onyankopɔn nkoa 11 Adɔfo, mitu mo fo sɛ ahɔho ne amamfrafo, sɛ munyi mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho, 12 na mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, “nsra da no”. 13 Mommrɛ mo ho ase mma nnipa tumi nyinaa, Awurade nti; Ɔhene a ɔyɛ opumpuni oo, 14 sɛ nso amradofo a ɔsoma wɔn nnebɔneyɛfo asotwe ne papayɛfo ayeyi ho oo. 15 Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ siw nnipa a wonni adwene no nkwaseasɛm ano, 16 sɛ nnipa a wɔde wɔn ho, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔde ahofadi no ayɛ bɔnepɛ so nkataso, na mmom sɛ Onyankopɔn nkoa. 17 Munni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Munsuro Onyankopɔn! Munni ɔhene ni! Kristo amanehunu nhwɛso 18 Nkoa, momfa osuro nyinaa mmrɛ mo ho ase mma mo wuranom, ɛnyɛ wɔn a woye na wodwo nko, na wɔn a wɔhyɛ mo so nso bi. 19 Na eyi yɛ anuonyam, sɛ Onyankopɔn ho ahonim nti, obi de awerɛhow hu amane a ɛmfata no, na ogyina hɔ pintinn. 20 Na ɛyɛ anuonyam bɛn, sɛ mofom, na wɔbobɔ mo akuturuku, na motɔ mo bo ase gye? Na mmom sɛ moyɛ papa, na muhu mu amane, na motɔ mo bo ase a, eyi na ɛyɛ anuonyam Onyankopɔn anim. 21 Na eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo, gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi. 22 Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom. 23 Ɔno na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanhunahuna, na mmom ɔde n'asɛm hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa. 24 Ɔno ankasa na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no so sɛ, yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma trenee. Ɔno na wɔde ne mmaa atape asa mo yare. 25 Na anka mote sɛ nguan a wɔayera, na afei moasan aba mo kra Hwɛfo ne Wɛmfo nkyɛn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana