1 Petro 1 - KYERƐW KRONKRONNkyia 1 Petro, Yesu Kristo somafo, de kɔma wɔn a wɔahwete akɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu amamfrafo a wɔayi wɔn, 2 sɛnea Agya Onyankopɔn nim a onim dedaw no te no, wɔ honhom ahotew mu, de akɔ asoɔmmerɛw ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoe mmoroso nka mo. Anidaso a ɛwɔ nkwa mu 3 Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu, 4 ɛne apɛgyade a ɛmporɔw, na ɛho nni dɛm, na ɛmpo mu a wɔde asie ɔsoro ama mo 5 a wɔnam gyidi so wɛn mo wɔ Onyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagye a wɔasiesie sɛ wɔrebeyi no adi bere a edi akyiri no mu. 6 Ɛno mu na mo ho san mo, mo a nnansa yi, sɛ ɛsɛ a, wɔhow mo werɛ kakra, sɔhwɛ ahorow bebree mu, 7 na wɔahu mo gyidi tɔtorɔtɔɔ sɛ ne bo yɛ den pii sen sika a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛe ama ayeyi ne nidi ne anuonyam, Yesu Kristo ahoyi mu. 8 Ɔno na munhuu no ɛ, nanso modɔ no. Ɔno na munhu no mprempren de, nanso mugye no di, na mo ho san mo anigye a enni kabea a anuonyam wɔ mu mu, 9 sɛ munya mo gyidi awiei a ɛne mo kra nkwagye no. 10 Saa nkwagye no na adiyifo a wɔhyɛɛ adom a ɛbɛba mo so no ho nkɔm de too hɔ no pepɛe na wɔpɛɛpɛɛ mu. 11 Wɔhwehwɛɛ bere ko ne bere horow a Kristo honhom a ɛwɔ wɔn mu dii kan daa no adi faa n’amanehunu ne akyiri animuonyam a ɛbɛba no ho. Adiyifo ne abɔfo 12 Woyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seisei yɛbɔ no dawuru kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no fii soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfo mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhu mu. Abrabɔ kronkron 13 Enti mommɔ mo adwene mu abɔso, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna adom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyi mu no so koraa. 14 Monyɛ sɛ asoɔmmerɛw mma, na monnyɛ mo ho sɛnea kan a munnim biribiara no mo akɔnnɔ te no, 15 na mmom te sɛ nea ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu, 16 na wɔakyerɛw sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron. 17 Na sɛ mofrɛ nea ɔnhwɛ nnipa anim na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no sɛ Agya a, momfa osuro mmɔ mo bra mo ahɔhobea tena bere yi mu, 18 sɛ munim sɛ wɔamfa nneɛma a ɛporɔw, dwetɛ anaa sika, annye mo, mo abrabɔ hunu a mo agyanom de maa mo no mu, 19 na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ oguammaa a onni dɛm ne nkekae no mogya a ne bo yɛ den no na egyee mo. 20 Ɔno na woyii no siei ansa na wɔhyɛɛ wiase ase, na wɔayi no akyerɛ, bere a edi akyiri yi mu ama mo 21 a monam no so gye Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔhyɛɛ no anuonyam no di no, na mo gyidi ne anidaso atena Onyankopɔn mu. 22 Montew mo kra ho, nokware tie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na mumfi koma mu nnodɔ mo ho mo ho dennen. 23 Na wɔamfi aba a ɛporɔw mu, na mmom wɔafi nea ɛmporɔw mu, ɛne sɛ wɔnam Onyankopɔn asɛm a ɛte ase na ɛbɛtena hɔ no so awo wɔn foforo. 24 Efisɛ ɔhonam nyinaa te sɛ wura, na onipa anuonyam nyinaa te sɛ wura mu nhwiren. Wura hyew, na ne nhwiren po; 25 na Awurade asɛm de, ɛte hɔ daa. Na eyi ne asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana