1 Mose 8 - KYERƐW KRONKRONNsuyiri no twetwe 1 Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa a wɔne no wɔ adaka no mu no nyinaa, na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsu no ano brɛɛ ase. 2 Na ebun no nsu aniwa sisiwii, na ɔsoro mfɛnsere mu totoe, na osu a efi soro no gyaee tɔ. 3 Na nsu no twe fii asase so ara; na nna ɔha aduonum akyi no na nsu no so rehuan. 4 Na ɔsram a ɛto so asɔn, ɔsram no da a ɛto so dunsɔn na adaka no kɔtaa Ararat mmepɔw so. 5 Na nsu no kɔɔ so twee ara kosii ɔsram a ɛto so du no so. Na ɔsram a ɛto so du no da a edi kan no na mmepɔw atifi dedaa adi. 6 Na ɛno akyi adaduanan no, Noa buee adaka no mfɛnsere a ɔyɛe no, 7 na ɔsomaa kwaakwaadabi; na ofii adi, na odii akɔneaba de kosii sɛ nsu no yowee asase so. 8 Na ɔsomaa aborɔnoma fii ne nkyɛn sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ nsu no ayow wɔ asase ani anaa. 9 Nanso aborɔnoma no annya ne nan sibea, na ɔsan baa ne nkyɛn adaka no mu, efisɛ nsu no da so wɔ asase nyinaa ani ara. Na ɔteɛɛ ne nsa faa no baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu. 10 Na ɔtwɛn nnansɔn bio, na ɔsomaa aborɔnoma fii adaka no mu bio. 11 Na aborɔnoma no baa ne nkyɛn anwummere, na hwɛ, ngodua ahaban frɔmfrɔm tua n'ano; na Noa hui sɛ nsu no ayow asase so. 12 Na ɔtwɛn nnansɔn bio, na ɔsomaa aborɔnoma no; na wansan amma ne nkyɛn bio. 13 Na afe a ɛto so ahansia ne biako, ɔsram a edi kan no da a edi kan no na nsu no ayow asase so; na Noa yii suhyɛ no fii adaka no so, na ɔhwɛe, na hwɛ, asase ani awo. 14 Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu ason no na asase so awo koraa. 15 Na Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Noa sɛ: 16 Fi adaka no mu, wo ne wo yere ne wo mma ne wo mma yerenom a wɔka wo ho; 17 mmoadoma a wɔka wo ho nyinaa a efi ɔhonam nyinaa mu, nnomaa ne ntɔteboa ne nea ɛwea asase so nyinaa ne wo mfi adi, na wɔnyɛ asase so manyamanya, na wɔnwo, na wɔnnɔɔso asase so. 18 Na Noa ne ne mma ne ne yere ne ne mma yerenom fii adi; 19 mmoadoma nyinaa, wɔn a wɔwea nyinaa ne nnomaa nyinaa, nea ɛkeka ne ho asase so nyinaa, sɛnea wɔn mmoaban te, fi adaka no mu fii adi. 20 Na Noa sii afɔremuka maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho tew nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho tew nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyew afɔre wɔ muka no so. Onyankopɔn bɔhyɛ 21 Na AWURADE tee afɔre no huam, na ɔkae ne komam sɛ: Onipa nti meremmɔ asase dua bio, efisɛ onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase, na merensɛe nea ɛte ase nyinaa bio, sɛnea mayɛ yi. 22 Nna nyinaa a asase wɔ hɔ yi, ogu ne otwa, awɔw ne ahohuru, asusow ne ɔpɛ, awia ne anadwo rennyae da. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana