1 Mose 50 - KYERƐW KRONKRONYakob wu 1 Na Yosef de n'anim kobutuw n'agya anim, na osu guu no so, na ofew n'ano. 2 Na Yosef hyɛɛ ne nkoa a wɔhyɛ amu aduru no sɛ wɔnhyɛ n'agya amu no aduru. Na wɔyɛɛ saa. 3 Na wɔde adaduanan dii ho dwuma, nna a wɔde wie aduruhyɛ no nen. Na Misraimfo suu no adaduɔsɔn. 4 Na nna a wɔde suu no no twaam no, Yosef ka kyerɛɛ Farao fifo sɛ: Sɛ manya ɔdom wɔ mo anim a, munkoyi Farao asitiw sɛ: 5 M'agya ma mekaa no ntam sɛ: Hwɛ, merewu, na ɔda a mabɔ wɔ Kanaan asase so mafa no mu, ɛhɔ na kosie me. Enti ma menkɔ minkosie m'agya, na mensan memmra. 6 Na Farao kae se: Kɔ na kosie w'agya, sɛnea ɔma wokaa ntam no. 7 Na Yosef kɔe sɛ, okosie n'agya; na Farao nkoa nyinaa, ne fi mpanyimfo ne Misraim asase so mpanyimfo nyinaa 8 ne Yosef fifo nyinaa ne ne nuanom ne n'agya fifo kaa ne ho kɔe, gye wɔn mma ne wɔn nguan ne wɔn anantwi na wogyaw wɔn Gosen asase so. 9 Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ne no kɔe; na ɛyɛ dɔm kɛse. 10 Na woduu Atad awiporowbea a ɛwɔ Yordan agya no hɔ no, wotwaa kwadwom kɛse a emu yɛ den wɔ hɔ, na ogyam n'agya nnansɔn. 11 Na ɛhɔfo, Kanaanfo no, huu osu a wosuu no Atad awiporowbea hɔ no, wɔkae sɛ: Eyi de, Misraimfo ayi a emu yɛ den ni. Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Abelmisraim ase ne: Misraimfo ayiyɛ, ɛwɔ Yordan agya noho. 12 Na ne mma yɛɛ no sɛnea ɔhyɛɛ wɔn no. 13 Na ne mma soaa no kɔɔ Kanaan asase so kosiee no wɔ: Makpela afuw so ɔbodan a ɛwɔ Mamre ntentenso a Abraham tɔɔ no wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asiei no mu. 14 Yosef siee n'agya wiei no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔne no kɔe kosiee n'agya no nyinaa san baa Misraim. Yosef de ne nuanom mfomso kyɛ 15 Na Yosef ne nuanom hui sɛ wɔn agya awu no, wɔkae sɛ: Ebia Yosef bɛtan yɛn, na watua yɛn bɔne a yɛyɛɛ no nyinaa so ka. 16 Na wɔma wɔkɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: W'agya hyɛe ansa na ɔrewu sɛ: 17 Monka nkyerɛ Yosef sɛ: Mesrɛ wo, fa wo nuanom amumɔyɛ ne wɔn bɔne kyɛ wɔn, efisɛ wɔayɛ wo bɔne. Na afei yɛsrɛ wo, fa w'agya Nyankopɔn nkoa amumɔyɛ no kyɛ wɔn. Na wɔkaa saa kyerɛɛ no no, Yosef sui. 18 Na ne nuanom nso bae betwa hwee n'anim kae sɛ: Hwɛ, yɛyɛ wo nkoa. 19 Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro, na migyina Onyankopɔn ananmu anaa? 20 Na mo de, mudwen me ho bɔne, nanso Onyankopɔn de, na ɔde rebɛyɛ papa, sɛ ɔbɛyɛ nea ada adi nnɛ yi, sɛ obegye nnipa pii nkwa. 21 Na afei munnsuro. Na mɛhwɛ mo ne mo mma. Na ɔkyekyee wɔn werɛ twaa wɔn bo tɔɔ wɔn yam. 22 Na Yosef ne n'agya fifo tenaa Misraim, na Yosef dii mfirihyia ɔha ne du. 23 Na Yosef huu Efraim mmanana. Manase ba Makir mma nso, wɔwoo wɔn guu Yosef srɛ so. Yosef wu 24 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebetiw nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabeyi mo afi asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so. 25 Na Yosef maa Israel mma kaa ntam, na ɔkae sɛ: Ampa ara Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na monsoa me nnompe mfi ha nkɔ. 26 Na Yosef wui, na wadi mfirihyia ɔha ne du. Na wɔhyɛɛ n'amu no aduru na wɔde no too adaka mu wɔ Misraim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana