1 Mose 49 - KYERƐW KRONKRONYakob hyira ne mma 1 Na Yakob frɛɛ ne mma se: Mommoaboa mo ho ano, na menka mo nea ɛbɛyɛ mo, nna a edi akyiri no mu. 2 Yakob mma, munhyia, na muntie; muntie mo agya Israel! 3 Ruben, m'abakan ne wo, m'ahoɔden ne me mmaninyɛ asefi. Wowɔ nidi a ɛkyɛn so, ne tumi a ɛkyɛn so. 4 Wuhinhim sɛ nsu, enti wo kanni befi wo nsa, efisɛ woforoo w'agya nnae. Ɛno mu na wuguu wo ho fi, me mpa na ɔforoe! 5 Simeon ne Lewi yɛ anuanom. Wɔn nkrante yɛ anuɔden akode. 6 Me kra, nnkɔ wɔn agyina mu, na m'anuonyam, nkɔfra wɔn asafo mu. Efisɛ wɔn abufuw mu na wokum nnipa, na wɔn ahupoo mu na wɔsɛee anantwi. 7 Wɔadome wɔn abufuw, sɛ ɛso dodo, ne wɔn anibere, sɛ emu yɛ den. Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu, na mabɔ wɔn mapete Israel mu. 8 Yuda, wo na wo nuanom beyi wo ayɛ; wo nsa bɛhyɛ w'atamfo kɔn so; w'agya mma bɛkotow w'anim. 9 Ogyata ba ne Yuda; hanam so na wode anyin, me ba. Ɔkotow, obutuw sɛ gyata ne gyatabere; hena na ɔbɛhwanyan no? 10 Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba. 11 Ɔsa n'afurum ba wɔ bobe mu, ne n'afurummere ba wɔ bobe pa mu. Ɔhoro n'atade wɔ nsa mu, ne ne ntama wɔ bobe aba mogya mu. 12 Bobesa bɛma n'ani ayɛ kɔɔ, na nufusu ama ne se ayɛ fitaa. 13 Sebulon tenabea bɛkyerɛ mpoano, na wahwɛ nea ahyɛn gyinagyina, na ɔne Sidon abɔ ɔhye. 14 Isakar yɛ afurum hoɔdenfo, obutuw mmoaban ntam; 15 na ohu sɛ ɔhomebea no ye, na asase no yɛ fɛ, na ɔbrɛ ne mmati ase de gye adesoa, na ɔde ɔsom adwuma ayi tow. 16 Dan bebu ne nkurɔfo atɛn sɛ Israel mmusuakuw mu biara. 17 Dan bɛyɛ ɔkwan so wɔ, ɔtempɔn so ahurutoa. Ɔka ɔpɔnkɔ nantin, na ne so tenafo ahwe n'akyi. 18 AWURADE, wo nkwagye na mehwɛ no kwan. 19 Gad, asafo bi retoa no, na ɔno nso atoa wɔn aka wɔn nantin. 20 Aser aduan bɛyɛ sradeduan, na ɔbɛma ahennuan a ɛyɛ akɔnnɔ. 21 Naftali yɛ ɔforote a wɔato no sraha; ɔka adɛdɛsɛm. 22 Yosef yɛ dua a ɛsow aba baa, dua a ɛsow aba wɔ nsu aniwa so baa; n'abaa tratra ɔfasu. 23 Mmɛmmatofo hyɛɛ no yaw, wɔtotow no, na wɔtaa no. 24 Nanso na ne tadua kura no pintinn, na ne basa mu yɛɛ den. Efi Yakob tumfo no nsam, efi ɔhwɛfo a ɔyɛ Israel botan no mu. 25 Efi w'agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo, na efi Tweaduampɔn hɔ, onhyira wo, ɔmfa ɔsorosoro nhyira, ne ebun a ɛtrɛtrɛw ase mu nhyira, ne nufu ne yafunu mu nhyira, nhyira wo. 26 W'agya nhyira aboro m'agyanom nhyira so akodu tete nteredee nkoko no ahye so noho; ɛmmra Yosef atifi, nea woyii no fii ne nuanom mu no mpampam. 27 Benyamin yɛ pataku a ɔtetew mmoa mu; odi hanam anɔpa, na anwummere nso ɔkyɛ asade mu. 28 Eyinom nyinaa ne Israel mmusuakuw dumien no, na eyi ne nea wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn de hyiraa wɔn. Sɛnea wɔn nhyira te mmiako mmiako na ohyiraa wɔn. Yakob wu ne ne sie 29 Na ɔhyɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebɛboaboa me akɔka me nkurɔfo ho. Munkosie me m'agyanom nkyɛn, wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hetini Efron afuw mu no mu, 30 ɔbodan a ɛwɔ Makpela afuw so, wɔ Mamre ntentenso, wɔ Kanaan asase so, asase a Abraham tɔe wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asiebea no mu. 31 Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara, ɛhɔ na wosiee Isak ne ne yere Rebeka, na ɛhɔ na misiee Lea. 32 Afuw no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no, wɔtɔe wɔ Het mma nkyɛn. 33 Na Yakob hyɛɛ ne mma samansew wiei no, ɔboaa ne nan ano guu mpa no so, na oguu ahome a edi akyiri, na otiw ne nananom wɔ asamando. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana