Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 48 - KYERƐW KRONKRON


Yakob hyira Efraim ne Manase

1 Na nsɛm yi akyi no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, w'agya yare. Na ɔfaa ne mmammarima baanu, Manase ne Efraim, kaa ne ho.

2 Na wɔkɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ, wo ba Yosef reba wo nkyɛn. Na Israel miaa n'ani tenaa ne mpa so.

3 Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so, na ohyiraa me,

4 na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mɛma woadɔ, na mama woadɔɔso, mɛyɛ wo aman asafo, na mede asase yi mɛma w'asefo a wobedi w'akyi no sɛ daa agyapade.

5 Na afei wo mma baanu a wɔwoo maa wo wɔ Misraim asase so ansa na mereba wo nkyɛn Misraim no, wɔnyɛ me dea. Efraim ne Manase nyɛ me dea sɛ: Ruben ne Simeon.

6 Na wo mma a wubenya wɔn wɔ wɔn akyi no, na ɛnyɛ wo dea, na wɔde wɔn nuanom din bɛfrɛ wɔn wɔ wɔn agyapade mu.

7 Na me de, mifi Padan mebae no, Rahel wui m'anim wɔ Kanaan asase so wɔ ɔkwan mu, na aka ɔkwantiaa bi na wadu Efrat, na misiee no hɔ wɔ Efrat a ɛne Betlehem no kwan nkyɛn.

8 Na Israel huu Yosef mma no, ɔkae sɛ: Henanom ni?

9 Na Yosef ka kyerɛɛ n'agya sɛ ɛyɛ me mma a Onyankopɔn de ama me wɔ ha yi, ɛnna ose: Fa wɔn brɛ me ma minhyira wɔn.

10 Na onyin nti, Israel ani so ayɛ no kusukusu a onhu ade yiye. Na ɔde wɔn bɛn no; na ofew wɔn ano yɛɛ wɔn atuu.

11 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Mansusuw sɛ mehu w'anim, na hwɛ, Onyankopɔn ama mahu wo mma nso.

12 Na Yosef yii wɔn fii ne nantam, na ɔponoo ne mu de n'anim butuw fam.

13 Na Yosef faa wɔn baanu nyinaa de ne nifa soo Efraim mu de no kyerɛɛ Israel benkum, de ne benkum soo Manase mu de no kyerɛɛ Israel nifa, na ɔde wɔn bɛn no.

14 Na Israel teɛɛ ne nifa too Efraim a ɔyɛ akumaa no atifi, ne ne benkum too Manase atifi, na ɔboapa na ɔyɛɛ ne nsa saa, efisɛ Manase ne abakan.

15 Na ohyiraa Yosef sɛ: Onyankopɔn a m'agyanom Abraham ne Isak nantew n'anim no, Onyankopɔn a wayɛn me me nkwa nna nyinaa de abesi nnɛ,

16 abɔfo a woyii me bɔne nyinaa mu no nhyira mmofra yi, na wɔmfa me din ne m'agyanom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase mfinimfini.

17 Na Yosef hui sɛ n'agya de ne nsa nifa ato Efraim atifi no, anyɛ no dɛ, na osoo n'agya nsa sɛ onyi mfi Efraim atifi nkɔto Manase atifi.

18 Na Yosef ka kyerɛɛ n'agya sɛ: M'agya, ɛnyɛ sɛ ɛte ne no, na oyi ne abakan, fa wo nifa to n'atifi.

19 Na n'agya ampene na ose: Minim, me ba, minim; ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔno nso adɔ, nanso ɛnyɛ dɛn ara a, ne nua kumaa no bɛso asen no, na n'asefo bɛyɛ aman pii.

20 Na ɛda no ohyiraa wɔn sɛ: Wo na Israel de wo behyira sɛ: Onyankopɔn nyɛ wo sɛ Efraim ne Manase. Na ɔde Efraim dii Manase kan.

21 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, merewu, na Onyankopɔn bedi mo akyi, na ɔde mo asan akɔ mo agyanom asase so.

22 Na me de, mama wo asase kakraa bi a ɛboro wo nuanom de so a mede me nkrante ne me tadua migyei Amorifo nsam.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan