Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 47 - KYERƐW KRONKRON


Yosef de n'agya ne ne nuanom baanum kokyia Farao

1 Na Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ: M'agya ne me nuanom ne wɔn nguan ne wɔn anantwi ne nea wɔwɔ nyinaa fi Kanaan asase so aba, na hwɛ, wɔwɔ Gosen asase so.

2 Na ɔde ne nuanom mu baanum kogyinaa Farao anim.

3 Na Farao bisaa ne nuanom no sɛ: Mo adwuma ne dɛn? Na wɔka kyerɛɛ Farao sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfo, yɛn ne yɛn agyanom nso.

4 Na wɔka kyerɛɛ Farao bio sɛ: Yɛaba sɛ yɛrebɛtena asase yi so, efisɛ wo nkoa nnya adidibea mma wɔn nguan, efisɛ ɔkɔm no mu yɛ den wɔ Kanaan asase so. Enti afei yɛsrɛ wo, ma wo nkoa ntena Gosen asase so.

5 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: W'agya ne wo nuanom aba wo nkyɛn.

6 Misraim asase na ɛda w'anim yi, asase no mu nea eye no, ma w'agya ne wo nuanom ntena hɔ. Ma wɔntena Gosen asase so, na sɛ wunim sɛ wɔn mu bi yɛ nsiyɛfo a, fa wɔn si me mmoa a mewɔ so.

7 Na Yosef de n'agya Yakob kogyinaa Farao anim. Na Yakob hyiraa Farao.

8 Na Farao bisaa Yakob sɛ: Wo nkwa mu mfirihyia si ahe?

9 Na Yakob ka kyerɛɛ Farao sɛ: Me hɔhobea asetena mfirihyia mu nna yɛ mfe ɔha aduasa; me nkwa mfirihyia mu nna yɛ kakraa bi na amane nko, na ennu m'agyanom nkwa mfirihyia mu nna wɔ wɔn ahɔhobea asetena nna mu.

10 Na Yakob hyiraa Farao, na ofii Farao anim kɔe.

11 Na Yosef maa n'agya ne ne nuanom tenabea, na ɔmaa wɔn asase wɔ Misraim wɔ nea asase no ye, wɔ Rameses asase so, sɛnea Farao hyɛe no.

12 Na Yosef bɔɔ n'agya ne ne nuanom ne n'agya fifo nyinaa akɔnhama sɛnea abusua biara dodow te.

13 Na aduan nni asase biara so, na ɔkɔm no mu yɛɛ den yiye maa Misraim asase ne Kanaan asase tɔɔ ɔkɔm no anim piti.

14 Na Yosef boaboaa sika a ɛwɔ Misraim asase ne Kanaan asase so nyinaa wɔ aburow a wɔbɛtɔe no mu, na Yosef de sika no kɔɔ Farao fi.

15 Na sika sae Misraimfo ne Kanaanfo ho asase so no, Misraimfo nyinaa baa Yosef nkyɛn sɛ: Ma yɛn aduan ɛ! Adɛn nti, na sɛ sika asa nti yenwuwu w'anim?

16 Na Yosef se: Momfa mo mmoa mmra na sɛ mo sika asa a, mɛma mo bi magye mo mmoa.

17 Na wɔde wɔn mmoa bae, na Yosef maa wɔn aduan gyigyee apɔnkɔ ne nguan ne anantwi ne mfurum, na ɔde aduan yɛn wɔn afirihyia no, ogyee wɔn mmoa nyinaa.

18 Na afe no twaam no, afe a edi so no, wɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Yɛremfa nhintaw me wura sɛ yɛn sika asa, na mmoa akuwakuw no yɛ me wura dea, na biribiara nkae wɔ me wura anim sɛ yɛn honam ne yɛn asase nko.

19 Ɛdɛn nti na yɛn ne yɛn asase nwu w'anim? Tɔ yɛn ne yɛn asase, na ma yɛn aduan, na yɛde yɛn ho ne yɛn asase bɛsom Farao, na ma yɛn aduaba, na yɛntena ase, na yɛanwu amma asase yi anna mpan.

20 Na Yosef tɔɔ Misraim asase nyinaa maa Farao, na Misraimfo nyinaa tontɔn wɔn mfuw, efisɛ ɔkɔm no den wɔn, na asase no dan Farao dea.

21 Na nkurɔfo no de ɔdan wɔn nkoa, efi Misraim hye so kosi afoforo ahye so.

22 Gyee asɔfo asase nko na wantɔ, efisɛ Farao ahyɛ kyɛfa bi ama asɔfo no, na wodi wɔn kyɛfa a Farao de ma wɔn no nti, wɔantɔn wɔn asase.

23 Na Yosef ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: Monhwɛ, nnɛ matɔ mo ne mo nsaase mama Farao, na hwɛ, mo aduaba a momfa nkodua asase no so ni.

24 Na nea ɛbɛsow no, momfa nkyɛm anum mu biako mma Farao, na emu abupɛn anan no nyɛ mo dea, na mode bi adua mo mfuw mu, na mode bi ayɛ mo ne mo fifo ne mo mma aduan.

25 Na wose: Woagye yɛn nkwa; ma yennya me wura anim dom ara, na yɛbɛyɛ Farao nkoa.

26 Na Yosef hyɛɛ eyi ho mmara wɔ Misraim a ɛwɔ hɔ de besi nnɛ, sɛ wɔmfa Misraim asase so ade biara nkyɛm anum mu biako mma Farao, gye asɔfo asase nko na anyɛ Farao dea.

27 Na Israel tenaa Misraim asase a ɛwɔ Gosen no so, na wonyaa mu ade, wɔdɔe, na wɔn ase fɛee sɛ.

28 Na Yakob tenaa Misraim asase so mfe dunsɔn, na Yakob nna, ne nkwa mfirihyia, yɛ mfe ɔha aduanan asɔn.

29 Na Israel nna dui sɛ ɔbɛkɔ ne nsamankyi, na ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w'anim dom a, fa wo nsa ka m'asen mu, na yɛ me adɔe di me nokware, na nsie me Misraim!

30 Na mɛda m'agyanom nkyɛn, na soa me fi Misraim kosie me wɔ wɔn asiebea. Na Yosef kae se: Mɛyɛ sɛnea woaka yi.

31 Na Yakob kae se: Ka me ntam. Na ɔkaa no ntam. Na Israel bɔɔ ne mu ase kyerɛɛ mpa no atifi.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan