1 Mose 45 - KYERƐW KRONKRONYosef yi ne adi kyerɛ ne nuanom 1 Na afei Yosef ntumi nhyɛ ne ho so wɔ wɔn a wogyinagyina ne ho no nyinaa anim, na ɔteɛɛm sɛ: Momma nnipa nyinaa mfi me ho mfi adi. Na Yosef reyi ne ho adi akyerɛ ne nuanom no, na onipa biara nnyina ne nkyɛn. 2 Na ɔmaa ne nne so sui, na Misraimfo no ne Farao fifo tee. 3 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Mene Yosef, m'agya da so te ase anaa? Na ne nuanom no antumi ammua no, na mmom wɔn ho dwiriw wɔn wɔ n'anim. 4 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Muntwiw mmɛn me. Na wotwiw bɛn no. Na ose: Mene mo nua Yosef a motɔn no baa Misraim no. 5 Na afei mommma ɛnnyɛ mo yaw, nso mo bo mmfuw mo ho mo ho sɛ motɔn me baa ha, efisɛ nkwagye nti na Onyankopɔn somaa me dii mo anim. 6 Na mfe abien ni a ɔkɔm baa asase yi so, na aka mfe anum bio a ɔfɛtɛw ne otwa nni mu. 7 Na Onyankopɔn somaa me dii mo anim sɛ memma munnya nkae wɔ asase so, na minnye mo nkwa a ɛbɛma dodow no ara afi mu afi. 8 Na afei ɛnyɛ mo na mosomaa me baa ha, na mmom Onyankopɔn na ɔde me abɛyɛ sɛ Farao n'agya ne ne fi nyinaa wura ne Misraim asase nyinaa sodifo. 9 Monyɛ ntɛm nkɔ m'agya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ wo ba Yosef se ni: Onyankopɔn de me ayɛ Misraim nyinaa so wura. Sian bra me nkyɛn. Nkyɛ! 10 Na bɛtena Gosen asase so, na woabɛn me, wo ne wo mma ne wo nenanom ne wo nguan ne w'anantwi ne nea wowɔ nyinaa, 11 na mɛhwɛ wo wɔ hɔ, efisɛ mfe anum kɔm da so reba, na ohia anhia wo ne wo fifo ne nea wowɔ nyinaa. 12 Na hwɛ, mo ani ahu na me nua Benyamin nso ani ahu, sɛ m'ano na mede mekasa mekyerɛ mo yi. 13 Na monka m'anuonyam a mewɔ wɔ Misraim nyinaa nkyerɛ m'agya ne nea moahu nyinaa, na monyɛ ntɛm mfa m'agya nsian mmra ha. 14 Ɛnna osoo ne nua Benyamin kɔn mu na osui; na Benyamin nso sui wɔ ne kɔn ho. 15 Na ofifew ne nuanom nyinaa ano, na osui wɔ wɔn so, na ɛno akyi no ne nuanom no ne no kasae. 16 Na wɔtee nka wɔ Farao fi sɛ Yosef ne nuanom aba. Na ɛsɔɔ Farao ne ne nkoa ani. 17 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Ka kyerɛ wo nuanom sɛ: Eyi na monyɛ: Momfa nneɛma nsoasoa mo mmoa no, na monkɔ Kanaan asase so 18 nkɔfa mo agya ne mo fifo mmra me nkyɛn, na mɛma mo Misraim asase so nea eye, na moadi asase no srade. 19 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Eyi na monyɛ: Momfa nteaseɛnam mfi Misraim asase so nkɔma mo mma ne mo yerenom, na monkɔfa mo agya mmra. 20 Na mo nso munnnwinnwen mo nneɛma ho, na Misraim asase nyinaa so nea eye yɛ mo dea. 21 Na Israel mma yɛɛ sa. Na Yosef maa wɔn nteaseɛnam sɛnea Farao anom asɛm se, na ɔmaa wɔn akwansoduan. 22 Ɔmaa wɔn nyinaa ntade nsakraho mmiako mmiako, na Benyamin de, ɔmaa no nnwetɛbona ahasa ne ntade nsakraho anum. 23 Na nea ɔde kɔmaa n'agya nso ni: Mfurum du a wɔsoso Misraim nnepa no bi ne mfurummere du a wɔsoso aburow ne abodoo ne aduan a ɛbɛyɛ n'agya akwansoduan. 24 Na ogyaa ne nuanom kwan ma wɔkɔe. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo bo nnkofuw mo ho mo ho wɔ ɔkwan so oo! Yakob ho san no 25 Ɛnna wofii Misraim foro kɔɔ Kanaan asase so wɔn agya Yakob nkyɛn, 26 na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yosef da so te ase, na odi Misraim asase nyinaa so. Na ne komam yɛɛ no naa, efisɛ onnye wɔn nni. 27 Na wɔkaa nsɛm a Yosef aka akyerɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ no, na ohuu nteaseɛnam a Yosef asoma de rebɛfa no no, wɔn agya Yakob honhom ho san no. 28 Na Israel kae sɛ: Ɛdɔɔso, me ba Yosef da so te ase. Mɛkɔ makohu no ansa na mawu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana