Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 43 - KYERƐW KRONKRON


Wɔne Benyamin kɔ Misraim

1 Na ɔkɔm no mu yɛɛ den wɔ asase no so.

2 Na wowiee aduan a wɔde fi Misraim bae no di no, wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsan nkɔtɔ aduan kakra mmrɛ yɛn.

3 Na Yuda ka kyerɛɛ no sɛ, ɔbarima no hyɛɛ yɛn ketee sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, munnsi m'anim ha.

4 Na sɛ worema yɛn nua ne yɛn akɔ a, ɛnne yebesian akɔtɔ aduan abrɛ wo.

5 Na sɛ woremma ɔnkɔ a, ɛnne yɛrensian nkɔ hɔ, efisɛ ɔbarima no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, munnsi m'anim ha.

6 Na Israel se: Ɛdɛn nti na moyɛɛ me bɔne sɛɛ, sɛ moka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ mowɔ onua bi?

7 Na wose: Obisa na ɔbarima no bisaa yɛn, yɛn ne yɛn abusua ho asɛm sɛ: Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ onua bi anaa? Nea obisaa yɛn yi ara na yebuae. So yenim sɛ ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ: Momfa mo nua no mmra anaa?

8 Na Yuda ka kyerɛɛ n'agya Israel sɛ: Ma abofra no ne me nkɔ, na yensim nkɔ, na yɛne wo ne yɛn mma atena ase, na yɛanwu.

9 Midi ne ho agyinam; me nsam na hwehwɛ no. Sɛ mamfa no mammrɛ wo, mammegyina w'anim a, ɛnne mayɛ wo bɔne daa nyinaa.

10 Sɛ yɛantwentwɛn yɛn nan ase a, anka sesɛɛ yɛakɔ aba mprenu.

11 Na wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛte saa a, ɛnne monyɛ eyi: Momfa asase yi so nnepa ngu mo ade mu, na momfa ayɛyɛde nkɔma ɔbarima no: akyenkyennuru kakra ne ɛwo kakra, ohuam ne kurobow, nkate ne ɔsonkoran aba.

12 Na momfa dwetɛ foforo nkura, ne dwetɛ a wɔdan maa mo wɔ mo kotoku ano no, munkura nsan nkɔ; ebia ɛyɛ anifaso.

13 Na momfa mo nua no, na munsim nsan nkɔ ɔbarima no nkyɛn.

14 Na Onyankopɔn Tweaduampɔn mma ɔbarima no nhu mo mmɔbɔ, na onnyaa mo nua no ne Benyamin mma mo. Na me de, me mma fi me nsa a, na wɔafi me nsa!

15 Na mmarima no faa ayɛyɛde no, na wɔfaa dwetɛ mmɔho kurae ne Benyamin, na wɔsɔre sian kɔɔ Misraim kogyinaa Yosef anim.

16 Na Yosef huu Benyamin sɛ ɔka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fie panyin sɛ: Fa nnipa yi kɔ fie, na kum mmoa siesie nnuan, na nnipa yi ne me rebedidi awia yi.

17 Na ɔbarima no yɛe sɛnea Yosef kae no, na ɔbarima no de nnipa no kɔɔ Yosef fi.

18 Na nnipa no suroe sɛ wɔde wɔn akɔ Yosef fi, na wose: Dwetɛ a ɛsan kekaa yɛn kotoku mu kan no nti na wɔde yɛn aba ha yi, na wabɛtoa yɛn atow ahyɛ yɛn so afa yɛn ne yɛn mfurum ayɛ nkoa.

19 Na wotwiw bɛn Yosef fie panyin no ne no kasae wɔ ofi no pon ano

20 sɛ Owura, yɛpa wo kyɛw, yesian baa ha kan bɛtɔɔ aduan.

21 Na yekoduu asoɛe na yɛsansan yɛn nkotoku ano no, na hwɛ, yɛn nyinaa dwetɛ hyehyɛ yɛn nkotoku mu, yɛn dwetɛ sɛnea wɔkarii no pɛ, na yekurae de asan aba.

22 Yekura dwetɛ foforo aba de rebɛtɔ aduan. Yennim onii ko a ɔde yɛn dwetɛ no hyehyɛɛ yɛn nkotoku no mu.

23 Na ose: Asomdwoe nka mo, munnsuro. Mo Nyankopɔn ne mo agya Nyankopɔn ama mo, mo nkotoku mu ademmude, mo dwetɛ no kaa me nsa. Na oyii Simeon brɛɛ wɔn.

24 Na ɔbarima no de nnipa no hyɛn Yosef fi, na ɔmaa wɔn nsu hohoroo wɔn anan ho, na ɔmaa wɔn mfurum aduan.

25 Na wosiesiee ayɛyɛde no twɛn ɔba a Yosef bɛba owigyinae no, efisɛ na wɔate sɛ wɔrebedidi hɔ.

26 Na Yosef baa fie no, wɔde ayɛyɛde a wokurae no kɔɔ ɔdan mu kɔmaa no, na wɔkotow fam wɔ n'anim.

27 Na obisaa wɔn sɛ, wɔn ho ye anaa; na ose: Mo agya akwakoraa a mokaa ne ho asɛm no ho ye anaa? Ɔda so te ase anaa?

28 Na wose: W'akoa, yɛn agya no ho ye, na ɔda so te ase. Na wɔbobɔɔ wɔn mu ase kotow no.

29 Na ɔmaa n'ani so huu ne nua Benyamin, ne na ba no, ɔkae sɛ: Mo nua kumaa a mokaa me ne ho asɛm no ni anaa? Na ose: Onyankopɔn nnom wo, me ba.

30 Na Yosef yɛɛ no hare so, efisɛ ne yam hyehye no ma ne nua no, na ɔhwehwɛ baabi akosu, na ɔhyɛn ne pia mu kosui wɔ hɔ.

31 Na ɔhohoroo n'anim, na ofii adi, na ɔhyɛɛ ne ho so kae sɛ: Momfa aduan mmesisi hɔ.

32 Na wɔde ne de sii fa, na wɔde wɔn de sisii fa, na wɔde Misraimfo a wɔne wɔn didi no de sisii fa, efisɛ Misraimfo ne Hebrifo ntumi nnidi, na Misraimfo kyi.

33 Na wɔbɛtenatenaa n'anim, ɔpanyin sɛnea ne panyin te, ne akumaa sɛnea n'akumaa te, na ɛyɛɛ nnipa no nyinaa nwonwa.

34 Na wogyigyee aduan no fii n'anim brɛɛ wɔn, na Benyamin de boroo wɔn nyinaa de so mpɛn anum. Na wɔnonnomee, na wɔne no ani gyei.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan