Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 42 - KYERƐW KRONKRON


Yakob soma ne mma Misraim aduantɔ

1 Na Yakob tee sɛ aduan wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ ɛdɛn na mohwehwɛ mo ho anim yi?

2 Na ose: Monhwɛ, mate sɛ aduan wɔ Misraim. Munsian nkɔ hɔ nkɔtɔ bi wɔ hɔ mmrɛ yɛn, na yɛntena ase, na yɛanwu.

3 Ɛnna Yosef nuanom mu du sian kɔɔ Misraim aduantɔ.

4 Na Yosef nua Benyamin de, Yakob ansoma no anka ne nuanom no ho ankɔ, na ose: Ebia abew bi bɛbew no.

5 Na Israel mma no de wɔn ho fraa wɔn a wɔbaa aduantɔ no mu, efisɛ ɔkɔm no aba Kanaan asase so bi.

6 Na Yosef ne asase no so tumfo, ɔne nea ɔtɔn aduan ma asase no sofo nyinaa. Na Yosef nuanom bae bɛkotow no de wɔn anim butubutuw fam.

7 Na Yosef ani bɔɔ ne nuanom no anim no, ohuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔnanani wɔ wɔn anim, na opoopoo n'ani kasa kyerɛɛ wɔn sɛ ɛhe na mufi bae? Na wose: Yefi Kanaan asase so na yɛbaa aduantɔ.

8 Na Yosef huu ne nuanom no; na wɔn de, wɔanhu no.

9 Na Yosef kaee adae a ɔsosoe wɔn ho no; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moyɛ akwansrafo, asase yi ho akwan na morebɛhwehwɛ.

10 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, me wura, na aduantɔ na wo nkoa bae.

11 Yɛn nyinaa yɛ ɔbarima biako mma, yɛyɛ anokwafo, wo nkoa nyɛ akwansrafo.

12 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dabi, na asase yi ho akwan na moreba abɛhwehwɛ.

13 Ɛnna wose: Wo nkoa yɛ anuanom dumien. Yɛyɛ ɔbarima biako mma wɔ Kanaan asase so, na hwɛ, ɔkaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn nnɛ, na obiako de, onni hɔ.

14 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛte ara ne sɛ meka me kyerɛɛ mo sɛ Moyɛ akwansrafo.

15 Eyi na mede mɛsɔ mo ahwɛ: Sɛ Farao te ase yi, moremfi ha nkɔ gye sɛ mo nua kumaa no ba ha ansa.

16 Monsoma mo mu biako, na ɔnkɔfa mo nua no mmra, na mo de, wɔmfa mungu afiase, na wɔnhwehwɛ mo nsɛm no mu, sɛ nokware wɔ mu anaa; anyɛ saa de a, sɛ Farao te ase yi, moyɛ akwansrafo.

17 Na ɔde wɔn koguu afiase nnansa.

18 Na da a ɛto so abiɛsa no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ eyi, na montena ase, na me de, misuro Onyankopɔn.

19 Sɛ moyɛ anokwafo a, momma wɔnkyere mo nuanom yi mu biako ntena mo nnedua fi ha, na mo de, ɔkɔm a ɛwɔ mo afi mu nti, momfa aduan no nkɔ.

20 Na momfa mo nua kumaa no mmrɛ me, na mo nsɛm ayɛ nokware, na moanwu. Na wɔyɛɛ sa.

21 Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, yedi yɛn nua no ho fɔ, sɛ yehuu ne ahohiahia, na ɔsrɛɛ yɛn mmɔborohunu, na yɛantie; enti na saa ɔhaw yi aba yɛn so.

22 Na Ruben buaa wɔn sɛ: Manka mankyerɛ mo sɛ: Monnyɛ abofra no bɔne bi, na moantie? Na hwɛ, ne mogya na wɔrehwehwɛ yi.

23 Na wonnim sɛ, Yosef te, efisɛ ɔkyeame na odi wɔn ntam yi wɔn ano.

24 Na ɔdan ne ho fii wɔn nkyɛn kosui. Na ɔsan baa wɔn nkyɛn bio ne wɔn bɛkasae, na oyii Simeon wɔ wɔn mu, na ɔkyekyeree no wɔn anim hɔ ara.

25 Ɛnna Yosef hyɛɛ sɛ, wɔmfa aburow nhyehyɛ wɔn nkotoku no mama, na wɔnnan wɔn mu biara dwetɛ nhyɛ mu, na wɔmma wɔn akwansoduan. Na wɔyɛɛ wɔn sa.

26 Na wɔde wɔn aburow no soasoaa wɔn mfurum, na wofii hɔ kɔe.

27 Na wɔn mu biako buee ne kotoku ano sɛ ɔrema n'afurum aduan wɔ asoɛe no, ohui, na hwɛ, ne dwetɛ hyɛ ne kotoku ano.

28 Na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Wɔadan me dwetɛ no ama me, na hwɛ, ɛhyɛ me kotoku no mu. Na wɔn koma tutui, na wɔde ahopopo sisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Dɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?

29 Na wɔbaa wɔn agya Yakob nkyɛn Kanaan asase so, na wɔkaa nea ɛyɛɛ wɔn nyinaa kyerɛɛ no sɛ:

30 Ɔbarima a ɔyɛ asase no wura no, poopoo n'ani kasa kyerɛɛ yɛn, na obuu yɛn asase no akwansrafo.

31 Na yesee no sɛ: Yɛyɛ anokwafo, yɛnyɛ akwansrafo.

32 Yɛyɛ yɛn agya mma anuanom dumien, obiako na onni hɔ, na akumaa no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan asase so mprempren.

33 Na ɔbarima a ɔyɛ asase no wura no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Eyi na mede mehu sɛ moyɛ anokwafo: Munnyaw mo nua biako wɔ me nkyɛn, na momfa aduan nkɔ nkɔhwɛ mo fifo,

34 na momfa mo nua kumaa no mmrɛ me, na mahu sɛ monyɛ akwansrafo, na moyɛ anokwafo, na mayi mo nua no mama mo, na moadi asase yi so gua.

35 Na ɛbae sɛ wɔreyiyi wɔn nkotoku mu ade no, na hwɛ, wɔn mu biara dwetɛboaa hyɛ ne kotoku mu. Na wɔne wɔn agya huu wɔn dwetɛmmoaa no, wosuroe.

36 Na wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moagye me nsam mma: Yosef nni hɔ, Simeon nni hɔ, na morebɛfa Benyamin nso akɔ. Me so na eyi nyinaa ba!

37 Na Ruben ka kyerɛɛ n'agya sɛ: Sɛ mamfa no mansan mammrɛ wo a, kum me mmammarima baanu. Fa no hyɛ me nsa, na mede no mɛsan mabrɛ wo.

38 Na ose: Me ba ne mo renkɔ, efisɛ ne nua awu, na aka ne nko, na sɛ abew bi kɔbew no wɔ ɔkwan a morekɔ no mu a, ɛnne mode me dwen bɛkɔ asaman awerɛhow mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan