1 Mose 41 - KYERƐW KRONKRONYosef kyerɛ Farao dae ase 1 Na mfirihyia abien akyi no, Farao soo dae, na hwɛ, ogyina asubɔnten Nil no ho. 2 Na hwɛ, anantwibere ason a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho tua wɔn ho fi asubɔnten no mu bae bedidii sare no so. 3 Na hwɛ, anantwibere ason foforo a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn nso fi asubɔnten no mu dii wɔn akyi bae, na wobegyinaa anantwi ason no nkyɛn wɔ asubɔnten no kɔn so. 4 Na anantwi a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn no memmenee ason a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho tua wɔn ho no. Na Farao nyanee. 5 Na ɔdae, na ɔsoo dae bio, na hwɛ, awi mmɛtem ason a ɛtoatoa so na eye refifi wɔ nan koro so. 6 Na hwɛ, mmɛtem ason nkorowankorowa a apuei mframa akisa no fifi dii akyiri bae. 7 Na mmɛtem nkorowankorowa no memmenee mmɛtem ason a ɛtoatoa so na awi wɔ mu no. Na Farao nyanee, na hwɛ, ɛyɛ dae. 8 Na anɔpa no ne ho hiahiaa no, na ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Misraim kyerɛwfo nyinaa ne ɛhɔ anyansafo nyinaa, na Farao kaa ne dae no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ Farao dae no ase. 9 Ɛnna nsahyɛfo mu panyin no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Mekae me mfomso nnɛ. 10 Farao bo fuw ne nkoa, na ɔde me ne abodootofo so panyin no, kɔtoo duam ankɔbeafo so panyin fi no, 11 yɛsosoo adae anadwo koro no ara, me ne no, ɛsonsono yɛn dae a yɛsosoe ne emu biara nkyerɛase. 12 Na Hebrini aberante bi a ɔyɛ ankɔbeafo so panyin no akoa ne yɛn na ɛwɔ hɔ, na yɛkeka kyerɛɛ no, na ɔkyerɛɛ yɛn, yɛn adae no ase, sɛnea ebiara te. 13 Na sɛnea ɔkyerɛɛ yɛn ase no, saa ara na ɛbae; wɔde me san kodii me dibea, na ɔno de, wɔsɛn no. 14 Na Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Yosef na wɔyɛɛ ntɛm yii no fii afiase hɔ, na woyii ne tinwin sakraa ne ntade, na ɔbaa Farao anim. 15 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Maso dae, nso obiara nni hɔ a otumi kyerɛ ase; na wo na mate wo nka sɛ, wote dae a, wutumi kyerɛ ase. 16 Na Yosef buaa Farao sɛ: Enni me fam, na mmom Onyankopɔn na ɔmfa mmuae pa mma Farao. 17 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Me dae mu no, hwɛ, migyina asubɔnten Nil no kɔn so. 18 Na hwɛ, anantwi ason a wɔn ho tua wɔn ho na wɔn ho yɛ fɛ fi nsu no mu bae bedidii wɔ wuram hɔ. 19 Na hwɛ, anantwi ason foforo nso a wɔyɛ kanyankanyan na wɔn ho yɛ tan yiye, na wɔafomfɔn a minhuu wɔn ho tan no so bi wɔ Misraim asase nyinaa so da, dii wɔn akyi bae. 20 Na anantwi a wɔafomfɔn na wɔn ho yɛ tan no memmenee kan anantwi ason a wɔadɔ no. 21 Na woduu wɔn yafunu mu no, obi anhu sɛ wɔadu wɔn yafunu mu, na wɔn ho da so yɛ tan sɛ kan no ara. Ɛnna minyanee. 22 Na mihui wɔ me dae mu sɛ awi mmɛtem ason a ɛtoatoa so na eye refifi nan koro so. 23 Na hwɛ, mmɛtem ason a ahow na ayɛ ntraantraa, na apuei mframa ama akisa dii akyiri fifii. 24 Na mmɛtem ntraantraa no memmenee mmɛtem ason a eye no. Na maka makyerɛ nkonyaayifo no, nso obiara antumi ankyerɛ me ase. 25 Na Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ: Farao adae no yɛ biako; Onyankopɔn rekyerɛ Farao nea ɔrebɛyɛ. 26 Anantwi pa ason no yɛ mfe asɔn, na mmɛtem ason a eye no nso yɛ mfe asɔn; ɛyɛ dae biako. 27 Na anantwi ason a wɔafomfɔn a wɔn ho yɛ tan a wodii wɔn akyi bae no ne mmɛtem ason afuruntum a apuei mframa akisa no bɛyɛ mfirihyia ason kɔm. 28 Ɛne asɛm a maka makyerɛ Farao: Nea Onyankopɔn rebɛyɛ na ɔde akyerɛ Farao yi: 29 Hwɛ, mfirihyia ason reba a aduan bebree bɛba Misraim asase nyinaa so. 30 Na ɛno akyi no, ɔkɔm bɛba mfirihyia ason ama werɛ afi aduan bebrebe no nyinaa wɔ Misraim asase so, na ɔkɔm no bɛhyew asase no, 31 na ɔkɔm a ebedi akyiri no nti wɔrenhu asase no so aduan bebrebe no bio, efisɛ ɔkɔm no mu bɛyɛ dennennen. 32 Na dae no a ɛyɛɛ mmɔho abien maa Farao no ase ne sɛ: Onyankopɔn ahyɛ saa ade no ampa, na Onyankopɔn rebɛyɛ no ntɛmntɛm. 33 Na afei Farao nhwehwɛ onipa a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafo mfa no nsi Misraim asase so. 34 Na Farao nyɛ eyi, na onsisi asase no so ahwɛfo, na wonnyigye Misraim asase so aduan so ntotoso anum anum mfirihyia ason a aduan bebree wɔ mu no mu. 35 Na ma wɔmmoaboa mfirihyia pa a ɛrebɛba yi mu aduan nyinaa ano, na wɔmfa awi ngugu asan so sɛnea Farao bɛhyɛ, na ɛnyɛ nkurow mu aduan, na wɔmfa nsie. 36 Na ayɛ aduan a wɔakora ama asase no asie mfirihyia ason kɔm a ɛbɛba Misraim asase so no, na asase no ansɛe wɔ ɔkɔm no mu. Yosef anuonyamhyɛ 37 Na asɛm no sɔɔ Farao ne ne nkoa nyinaa ani. 38 Na Farao ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Yebetumi anya onipa bi a ɔte sɛ oyi a Onyankopɔn honhom wɔ ne mu yi anaa? 39 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Sɛ Onyankopɔn ayi eyi nyinaa akyerɛ wo yi, obiara nni hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafo sɛ wo. 40 Wubedi me fi so, na w'anom asɛm so na me man nyinaa bedi, gye ahengua nko so na mɛsen wo. 41 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, mede wo masi, Misraim asase nyinaa so. 42 Na Farao yii nsɔanokaa fii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔhyɛɛ no sedaa nnwira atade, na ɔde sika ntweaban guu ne kɔn mu, 43 na ɔma ɔtenaa ne teaseɛnam a ɛto so abien mu, na wɔteɛɛm dii n'anim sɛ: Mommɔ mo mu ase! Na ɔde no sii Misraim asase nyinaa so. 44 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Mene Farao, na obiara renkwati wo nyɛ bribiara wɔ Misraim asase nyinaa so. 45 Na Farao frɛɛ Yosef sɛ Safnat-panea. Na ɔde On sɔfo Potifera babea Asnat maa no aware. Na Yosef fii adi kokyinii Misraim asase so. 46 Na Yosef kopuee Misraim hene Farao anim no, na wadi mfirihyia aduasa. Na Yosef fii Farao anim hɔ kokyinii Misraim asase nyinaa so. 47 Na ahotɔ mfirihyia ason no mu no, aduan pii baa asase no so ma ebuu so. 48 Na ɔboaboaa ahotɔ mfirihyia ason a ɛbaa Misraim asase so no mu aduan nyinaa ano, na ɔde aduan no siee nkurow no mu; nkuraa a atwa ho ahyia mu aduan na ɔde siee nkurow no mu. 49 Na Yosef boaboaa awi ano pii pa ara sɛ mpoano anwea de kosii sɛ wogyaee kan, efisɛ wontumi nkan. 50 Na wɔwoo mma baanu maa Yosef ansa na ɔkɔm mfirihyia no dui; wɔn na On sɔfo Potifera ba Asnat wo maa no. 51 Na Yosef too abakan no din Manase, efisɛ ose: Onyankopɔn ama me werɛ afi m'amane ne m'agya fi nyinaa. 52 Na ɔtoo nea ɔto so abien no din Efraim, efisɛ ose: Onyankopɔn ama madɔ wɔ m'amanehunu asase yi so. 53 Na mmoroso a ɛbaa Misraim asase so mfirihyia ason no to twae. 54 Na ɔkɔm mfirihyia ason no fii ase bae, sɛnea Yosef kae no, na ɔkɔm baa nsaase nyinaa so. Na Misraim asase nyinaa so de, na aduan wɔ hɔ. 55 Na ɔkɔm kaa Misraim asase nyinaa no, ɔman no kosuu kɔm kyerɛɛ Farao. Na Farao ka kyerɛɛ Misraim nyinaa sɛ: Monkɔ Yosef nkyɛn, nea ɔbɛka akyerɛ mo no, monyɛ. 56 Na ɔkɔm no baa asase no so nyinaa. Na Yosef buebuee aduankora adan no nyinaa, na ɔtɔn aburow maa Misraimfo no, na ɔkɔm no mu yɛɛ den Misraim asase so. 57 Na aman nyinaa baa Misraim bɛtɔɔ aduan wɔ Yosef nkyɛn, efisɛ ɔkɔm no mu yɛɛ den wɔ asase nyinaa so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana