Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 40 - KYERƐW KRONKRON


Nneduafo baanu no adaeso

1 Na nsɛm yi akyi no, Misraim hene nsahyɛfo ne n'abodootofo fom wɔn wura, Misraim hene no.

2 Na Farao bo fuw n'asomfo baanu no, nsahyɛfo so panyin ne abodootofo so panyin no.

3 Na ɔde wɔn koguu afiase wɔ ankɔbeafo so panyin no fi, faako a Yosef da hɔ.

4 Na ankɔbeafo so panyin no maa Yosef hwɛɛ wɔn so som wɔn; na wɔkyɛɛ afiase hɔ kakra.

5 Na Misraim hene nsahyɛfo ne n'abodootofo a wogu afiase hɔ no baanu nyinaa sosoo adae anadwo koro, ɛsono oyi ne ne dae asekyerɛ, na ɛsono oyi nso de.

6 Na Yosef kɔɔ wɔn nkyɛn anɔpa kɔhwɛɛ wɔn, na hwɛ, wɔayeyɛ bosobosoo.

7 Na obisaa Farao asomfo a wɔne no gu afiase wɔ ne wura fi no sɛ, ɛdɛn nti na nnɛ mo anim ayɛ siamosiamoo sɛɛ?

8 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛasoso adae, nso obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ yɛn ase. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So nkyerɛase no mfi Nyankopɔn hɔ anaa? Monka nkyerɛ me ɛ!

9 Ɛnna nsahyɛfo so panyin no kaa ne dae kyerɛɛ Yosef sɛ: Me dae mu no, na hwɛ, obobe bi si m'anim,

10 na obobe no abɔ nkorabata abiɛsa, na ayɛ sɛ ɛrefefɛw, na anyin agu nhwiren, na abɔ akasiaw ayɛ aba a abere.

11 Na Farao kuruwa kura me na metetew bobe aba no mikyi miguu Farao kuruwa no mu, na mede kuruwa no mehyɛɛ Farao nsa.

12 Na Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Ne nkyerɛase ni: Nkorabata abiɛsa no yɛ nnansa;

13 na aka nnansa na Farao ayi wo de wo asan akodi wo dibea bio, na wode Farao kuruwa ahyɛ ne nsa sɛ kan a woyɛ ne nsahyɛfo no.

14 Nanso sɛ ɛyɛ a, kae me, na sɛ esi wo yiye a, yɛ me adɔe, na bɔ me din kyerɛ Farao, na beyi me ɔdan yi mu,

15 efisɛ owia na wowiaa me Hebrifo asase so, na ɛha nso menyɛɛ hwee a anka ɛsɛ sɛ wɔde me bɛto amoa yi mu.

16 Na abodootofo so panyin no hui sɛ nkyerɛase no ye no, ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: Me nso, me dae mu no, na hwɛ, aboodoo nkyerɛnkyɛ abiɛsa a esisi so wɔ m'atifi.

17 Na kyerɛnkyɛ a edi soro no mu, na Farao anom atoduan nyinaa bi wɔ; na nnomaa redi wɔ kyerɛnkyɛ no mu wɔ m'atifi.

18 Na Yosef buae sɛ: Ne nkyerɛase ni: Nkyerɛnkyɛ abiɛsa no yɛ nnansa;

19 na aka nnansa na Farao ayi wo afi ha, na wasɛn wo dua ho ma nnomaa adi wo nam afi wo ho.

20 Na da a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ Farao awoda no, ɔtow ne nkoa nyinaa pon, na oyii nsahyɛfo so panyin ne abodootofo so panyin no de wɔn baa ne nkoa anim;

21 na ɔsan de nsahyɛfo so panyin no sii ne nsahyɛ so bio a ɔde kuruwa hyɛ Farao nsa.

22 Na abodootofo so panyin no de, ɔsɛn no, sɛnea Yosef kyerɛɛ wɔn ase no.

23 Nanso nsahyɛfo so panyin no ankae Yosef, na ne werɛ fii no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan