1 Mose 38 - KYERƐW KRONKRONYuda ne Tamar 1 Na ɛbae sɛ, bere no ara mu, Yuda fii ne nuanom nkyɛn kɔe, na ɔkɔtenaa Adulamni bi a wɔfrɛ no Hira nkyɛn. 2 Na Yuda huu Kanaanni bi a wɔfrɛ no Sua, babea bi wɔ hɔ, na ɔwaree no ne no dae. 3 Na onyinsɛnee, na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Er. 4 Na onyinsɛnee bio woo babarima, na ɔtoo ne din Onan. 5 Na onyinsɛnee bio woo babarima, na ɔtoo ne din Sela. Na ɔwoo no no, na ɔwɔ Kesib. 6 Na Yuda waree yere bi a wɔfrɛ no Tamar maa n'abakan Er. 7 Na Yuda abakan Er yɛɛ bɔne AWURADE anim, na AWURADE kum no. 8 Na Yuda ka kyerɛɛ Onan sɛ: Kɔ wo nua yere no ho, na fa no kunabea, na wo mma ma wo nua. 9 Na Onan nim sɛ mma no renyɛ ne dea, enti sɛ ɔkɔ ne nua yere no ho a, ɔma ne ho nsu no gu fam sɛe, na wanwo mma amma ne nua no. 10 Na nea ɔyɛe no yɛɛ bɔne wɔ AWURADE anim, enti okum ɔno nso. 11 Na afei Yuda ka kyerɛɛ n'ase Tamar sɛ: Kɔtena kuna mu wɔ w'agya fi kosi sɛ me ba Sela benyin. Efisɛ ose: anyɛ saa a, ɔno nso bewu sɛ ne nuanom. Na Tamar kɔe kɔtenaa n'agya fi. 12 Na ɛkyɛe kyɛe no, Sua babea, Yuda yere no, wui. Na Yuda werɛ kyekyee no, ɔne n'adamfo Hira Adulamni no kɔɔ ne nguan ho twitwafo nkyɛn wɔ Timnat. 13 Na wɔkɔka kyerɛɛ Tamar sɛ: Hwɛ, wo asew rekɔ Timnat akotwitwa ne nguan ho. 14 Na oyii ne kuna atade fii ne ho, na ɔde nkataanim kataa n'anim, na ɔbobɔw ne ho, na ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timnat kwan ho, efisɛ wahu sɛ Sela anyin, na wɔamfa no amma no aware. 15 Na Yuda huu no no, esiane sɛ wakata n'anim nti, obuu no sɛ oguamanfo. 16 Na ɔman kɔɔ ne nkyɛn ɔkwan no ho se: Ma me ne wo nkɔda ɛ, nso onnim sɛ n'ase a. Na ose: Dɛn na wobɛma me na wo ne me ada? 17 Na ose: Mɛma wɔde aberekyi ba afi nguan mu abrɛ wo. Na ose: Ɛnne si me awowa kosi sɛ wode bɛba. 18 Na ɔkae sɛ: Dɛn na memfa minsi wo awowa? Na ose: Wo nsɔanokaa ne wo hama ne wo nsam poma. Na ɔde maa no, na ɔne no dae, na onyinsɛnee. 19 Na ɔsɔree, na ɔkɔe, na oyii ne nkataanim fii ne ho, na ɔhyɛɛ ne kuna atade no. 20 Na Yuda de aberekyi ba no maa n'adamfo Adulamni no sɛ ɔmfa nkogye n'awowade no wɔ ɔbea no nsam mmrɛ no, nanso wanhu no. 21 Na obisaa kurom hɔfo sɛ: Oguamanfo a ɔte Enaim kwan ho no wɔ he? Na wose: Oguamanfo bi nni ha. 22 Na ɔsan baa Yuda nkyɛn bɛkae sɛ: Manhu no, nanso kurom hɔfo se: Oguamanfo bi nni hɔ. 23 Na Yuda se: Ma ɔmfa, na yɛn ani anwu. Hwɛ, mama wode aberekyi ba yi akɔma no, na woanhu no. 24 Na ɛbɛyɛ asram abiɛsa akyi no, wɔbɛka kyerɛɛ Yuda sɛ: W'ase Tamar abɔ aguaman, nanso hwɛ, wanyinsɛn aguamammɔ no mu. Na Yuda se: Monkɔfa no mmra na wɔnhyew no. 25 Na wɔkɔfaa no bae no, ɔsoma kɔka kyerɛɛ ne sew no sɛ ɔbarima a ne nneɛma ni no, ne ho na manyinsɛn. Na ose: Hwehwɛ mu ɛ, na hwɛ, hena nsɔanokaa ne hama ne poma ni? 26 Na Yuda hui no, ɔkae sɛ ɔteɛ sen me, efisɛ mamfa no mamma me ba Sela. Nanso ɔne no anna bio. 27 Na eduu n'awo so no, hwɛ, na nta na ɛwɔ ne yam. 28 Na ɔrewo no, obiako yii ne nsa, na awogyefo no soo ne nsa no mu de asaawa kɔkɔɔ kyekyeree kae sɛ: Oyi na ofii adi kan. 29 Na ɔtwee ne nsa kɔɔ mu no, na hwɛ, ne nua no fii adi, na ɔkae sɛ ɛdɛn na wotew mu? Wo so na ntewmu no wɔ. Enti wɔtoo no din Peres. 30 Na akyiri no, ne nua a asaawa kɔkɔɔ bɔ ne nsa so no bae, na wɔtoo no din Sera, ase ne Kɔkɔɔ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana