1 Mose 37 - KYERƐW KRONKRONWɔtɔn Yosef kɔ Misraim 1 Na Yakob tenaa asase a n'agya yɛɛ so hɔho a ɛne Kanaan asase no so. 2 Na eyinom ne Yakob awo ntoatoaso: Yosef dii mfirihyia dunsɔn no, ɔne ne nuanom kɔhwɛɛ nguan; na aberantewa no ne n'agya yerenom Bilha ne Silpa mma na ɛwɔ hɔ. Na Yosef bɛbɔ wɔn dimmɔne kyerɛ n'agya. 3 Na esiane sɛ: Yosef yɛ ne nkwakoraa bere mu ba nti, Israel dɔ no sen ne mma nyinaa; enti ɔpam batakari fɛfɛɛfɛ bi maa no. 4 Na ne nuanom hui sɛ wɔn agya dɔ no sen wɔn anuanom nyinaa no, wokyii no, na wɔamfa abodwo ne no ankasa. 5 Na Yosef soo dae, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom, na wokyii no sen kan no. 6 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntie ɔdae a maso yi: 7 Na hwɛ, yɛrekyekyere awi afiafi wɔ afum, na hwɛ, me afi no sɔre gyinae kyerebenn, na hwɛ, mo afiafi atwa ho ahyia, na ɛkotow me afi no. 8 Na ne nuanom no ka kyerɛɛ no sɛ: So odi na wubedi yɛn so hene? Anaasɛ ɔhyɛ na wobɛhyɛ yɛn so? Na ne dae ne ne nsɛm no nti wɔkɔɔ so tan no pii. 9 Na ɔsoo dae foforo bio, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Hwɛ, maso dae bio, na hwɛ, owia ne ɔsram ne nsoromma dubiako akotow me. 10 Na ɔka kyerɛɛ n'agya ne ne nuanom no, n'agya kaa n'anim sɛ ɔdae bɛn na woaso yi? So ɔba na me ne wo na ne wo nuanom bɛba abɛkotow fam wɔ w'anim? 11 Na ne nuanom ani beree no; na n'agya de, ɔde asɛm no siei. 12 Na ne nuanom kɔhwɛɛ wɔn agya nguan wɔ Sekem. 13 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Wo nuanom yɛn nguan wɔ Sekem. Bra na mensoma wo, wɔn nkyɛn. Na ose: Mini. 14 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nguan no ho ye anaa; na san bɛka kyerɛ me. Na ɔsomaa no fii Hebron bon mu, na okoduu Sekem. 15 Na ɔbarima bi huu no, na hwɛ, ɔrewɔ wuram ntwɛtwɛdɛ. Na ɔbarima no bisaa no sɛ: Wohwehwɛ dɛn? 16 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nuanom na merehwehwɛ wɔn; mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wɔyɛn wɔn mmoa no. 17 Na ɔbarima no se: Wɔatutu afi ha; na metee sɛ wɔkae sɛ: Momma yɛnkɔ Dotan. Na Yosef tiw ne nuanom, na okohuu wɔn wɔ Dotan. 18 Na wohuu no wɔ akyirikyiri. Na onnya nnuu wɔn nkyɛn no, wɔpam ne tiri so sɛ wobekum no. 19 Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, ɔdaesofo no na ɔreba no. 20 Afei mommra mma yenkum no mfa no nto mmura yi bi mu, na yɛnka sɛ: Aboa bɔne bi na awe no, na yɛahwɛ nea ne dae no bewie. 21 Na Ruben tee no, ogyee no fii wɔn nsam kae sɛ: Mommma yennkum no. 22 Na ose: Munnhwie mogya nngu, na momfa no nto sare so ha abura yi mu; na mommfa mo nsa nnka no. Ɔyɛɛ saa na anka wayi no afi wɔn nsam de no asan akɔma n'agya. 23 Na Yosef duu ne nuanom nkyɛn no, wɔworɔw n'atade, ne batakari fɛfɛɛfɛ a ɔhyɛ no, 24 na wɔde no kɔtoo abura no mu. Nso abura no da mpan, nsu nni mu. 25 Na wɔtenaa ase didii. Na wɔmaa wɔn ani so hwɛe, na hwɛ, Ismaelfo akwantufo kuw bi a wofi Gilead rekɔ Misraim ne wɔn yoma a wɔsoso aduhuam ne akyenkyennuru ne kurobow reba. 26 Na Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Sɛ yekum yɛn nua na yesiw ne mogya so a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu? 27 Mommra mma yɛntɔn no mma Ismaelfo no, na mommma yɛmmfa yɛn nsa nnka no, efisɛ ɔyɛ yɛn nua ne yɛn mogya. Na ne nuanom no tiee no. 28 Na Midianfo aguadifo bi bɛsenee. Na wɔtwetwee Yosef yii no fii abura no mu, na wɔtɔn Yosef maa Ismaelfo no gyee nnwetɛbona aduonu. Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim. 29 Na Ruben san baa abura no so, na hwɛ, Yosef nni abura no mu. Na osunsuanee ne ntade mu, 30 na ɔsan baa ne nuanom nkyɛn bɛkae sɛ: Abofra no nni hɔ, na afei de, dɛn na menyɛ? 31 Na wɔfaa Yosef atade no, na wokum ɔpapo bi, na wɔde atade no bɔɔ mogya no mu. 32 Na wɔsoma ma wɔde batakari fɛfɛ no brɛɛ wɔn agya bɛkae sɛ; Eyi na yɛahu, hwɛ sɛ wo ba no atade ni anaa? 33 Na ɔhwɛe no, ɔkae sɛ ɛyɛ me ba atade a! Aboa bɔne bi na awe no, ampa ara wɔatetew Yosef mu. 34 Ɛnna Yakob sunsuanee ne ntade mu, na ɔde ayitoma bɔɔ n'asen, na osuu ne ba no kyɛe. 35 Na ne mmammarima nyinaa ne ne mmabea nyinaa sɔree sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ, nanso wamma wɔankyekye ne werɛ, na ose: Mede awerɛhow yi ara mɛkɔ me ba nkyɛn wɔ asaman. Na n'agya suu no. 36 Na Midianfo no kɔtɔn no wɔ Misraim maa Potifar a ɔyɛ Farao piani ne n'ankɔbeafo so panyin no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana