1 Mose 36 - KYERƐW KRONKRONEsau asefo ( 1 Berɛsosɛm 1.34-37 ) 1 Na eyinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no awo ntoatoaso: 2 Esau waree Kanaanfo mmea: Hetini Elon babea Ada ne Hewini Sibeon ba Ana babea Ohlibama, 3 ne Ismael babea Basmat, Nebaiot ne nuabea. 4 Na Ada woo Elifas maa Esau, na Basmat woo Reuel. 5 Na Oholibama woo Yeus ne Yalam ne Kora. Eyinom ne Esau mma a wɔwoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so. 6 Na Esau faa ne yerenom ne ne mmammarima ne ne mmabea ne ne fifo nyinaa ne ne mmoa ne n'anantwi nyinaa ne n'ahonyade a onyae wɔ Kanaan asase so nyinaa, na ofii ne nua Yakob ho kɔɔ asase bi so. 7 Efisɛ wɔn ahonyade dɔɔso sen nea wɔde tena faako, na asase a wɔyɛ so ahɔho no, wɔn mmoa dodow nti na wɔnsen so. 8 Na Esau a ɔno ara ne Edom no kɔtenaa Seir bepɔw so. 9 Na eyinom ne Edomfo agya Esau, a ɔte Seir bepɔw so no awo ntoatoaso: 10 Esau mmammarima din ni: Esau yere Ada ba Elifas, Esau yere Basmat ba Reuel. 11 Na Elifas mma ne Taman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. 12 Na Timna yɛ Esau ba Elifas yefam, no ɔwoo Amalek maa Elifas; eyinom ne Esau yere Ada mma. 13 Na eyinom ne Reuel mma: Nahat ne Sera, Sama ne Misa; eyinom ne Esau yere Basmat mma. 14 Na eyinom ne Esau yere Oholibama, Sibeon ba Ana babea no, mma: ɔwoo Yeus ne Yalam ne Kora maa Esau. 15 Eyinom ne Esau mma mu atitiriw: Esau abakan Elifas mma: Atitiriw Teman, Omar, Sefo, Kenas, 16 Kora, Gatam ne Amalek. Eyinom ne Elifas atitiriw wɔ Edom asase so; eyinom ne Ada mma. 17 Na eyinom ne Esau ba Reuel mma: Atitiriw Nahat, Sera, Sama, ne Misa. Eyinom ne Reuel atitiriw wɔ Edom asase so; eyinom ne Esau yere Basmat mma. 18 Na eyinom ne Esau yere Oholibama mma: Atitiriw Yeus, Yalam ne Kora. Eyinom ne Esau yere Oholibama, Ana ba, atitiriw no. 19 Eyinom ne Esau mma, na eyinom ne wɔn atitiriw no; ɔne Edom. Seir Asefo ( 1 Berɛsosɛm 1.38-42 ) 20 Eyinom ne Horini Seir mma asase no sofo: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 21 Dison, Eser ne Disan. Eyinom ne Horifo a wɔyɛ Seir mma a wɔte Edom asase so no atitiriw. 22 Na Lotan mma ne Hori ne Heman, na Lotan ne nuabea ne Timna. 23 Na eyinom ne Sobal mma: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam. 24 Na eyinom ne Sibeon mma: Aya ne Ana. Oyi ne Ana a na ɔhwɛ n'agya Sibeon mfurum no, a ohuu nsuɔhyew aniwa wɔ sare so no. 25 Na eyinom ne Ana mma: Dison ne Oholibama, Ana babea. 26 Na eyinom ne Dison mma: Hemdan Esban, Itran ne Keran. 27 Eyinom ne Eser mma: Bilhan, Saawan ne Akan. 28 Eyinom ne Disan mma: Us ne Aran. 29 Eyinom ne Horifo atitiriw: Atitiriw Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 30 Dison, Eser, ne Disan. Eyinom ne Horifo atitiriw a wɔyɛɛ wɔn atitiriw wɔ Seir asase so. Edom Ahene ( 1 Berɛsosɛm 1.43-54 ) 31 Eyinom ne ahene a wodii Edom asase so ansa na obi dii Israel mma so hene. 32 Na Bela, Beor ba, dii Edom hene, na ne kurow din de Dinhaba. 33 Na Bela wui, na Sera ba Yobab a ofi Bosra bedii n'ade. 34 Na Yobab wui, na Husam a ofi Teman asase so bedii n'ade. 35 Na Husam wui, na Bedad ba Hadad a okum Midian wɔ Moab petee mu no bedii n'ade, na ne kurow din de Awit. 36 Na Hadad wui, na Samla a ofi Masreka bedii n'ade. 37 Na Samla wui, na Saul a ofi Rehobot a ɛda asu no ho no bedii n'ade. 38 Na Saul wui, na Akbor ba Baal-hanan bedii n'ade. 39 Na Akbor ba Baal-hanan wui, na Hadar bedii n'ade. Na ne kurow din de Pau, na ne yere din de Mehetabel, Mesahab babea Matred babea. 40 Na eyinom ne Esau atitiriw no din, sɛnea wɔn mmusuakuw, wɔn tenabea ne wɔn din te: Atitiriw Timna, Ahoa, Yetet, 41 Oholibama, Ela, Pinon, 42 Kenas, Teman, Mibsar, 43 Magdiel, ne Iram. Eyinom ne Edom a ɔne Esau, Edomfo agya no atitiriw, sɛnea wɔn tenabea te wɔ asase a wonyae no so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana