Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 33 - KYERƐW KRONKRON


Yakob ne Esau nkabom

1 Na Yakob maa n'ani so hui, na hwɛ, Esau reba, na mmarima ahanan ka ne ho. Na ɔkyɛɛ ne mma mu maa Lea ne Rahel ne mmaawa baanu no.

2 Na ɔde mmaawa no ne wɔn mma dii anim, na Lea ne ne mma dii hɔ, na Rahel ne Yosef dii akyiri.

3 Na ɔno ankasa de, ɔsen dii wɔn anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam mpɛn ason de kosii sɛ oduu ne nua no nkyɛn.

4 Na Esau tuu mmirika behyiaa no yɛɛ no atuu, na ɔde ne ti too ne kɔn ho, na ofew n'ano, na wosui.

5 Na ɔmaa n'ani so huu mmea no ne wɔn mma no, ɔkae sɛ: Henanom ne eyinom a wɔka wo ho yi? Na ose: ɛyɛ mma a Onyankopɔn de adom w'akoa.

6 Na mmaawa no twiw bɛnee, wɔn ne wɔn mma, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase.

7 Na Lea nso ne ne mma twiw bɛnee bobɔɔ wɔn mu ase, na akyiri no Yosef ne Rahel twiw bɛnee bobɔɔ wɔn mu ase.

8 Na ɔkae sɛ: Na ɛdɔm a mihyiaa wɔn yi ase ne dɛn? Na ose: Sɛ ɛbɛyɛ na menya me wura anim dom.

9 Na Esau kae sɛ: Nea mewɔ dɔɔso, me nua, ma wo de ntena hɔ mma wo.

10 Na Yakob kaa se: Dabida, mesrɛ wo, sɛ manya w'anim dom a, gye m'ayɛyɛde a ɛwɔ me nsam yi, na w'anim a mahu yi te sɛ obi hu Nyankopɔn anim, efisɛ w'ani asɔ me.

11 Mesrɛ wo, gye nhyira a wɔde abrɛ wo yi, efisɛ Onyankopɔn adom me, na mewɔ ade nyinaa. Na ɔhyɛɛ no, na ogyei.

12 Na ɔkae sɛ: Ma yensim nkɔ, na minni w'anim.

13 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me wura nim sɛ mma a wɔyɛ mmerɛw ne nguan ne anantwi a wɔma nufu ka me ho, na sɛ wopia wɔn dodo da koro a, nguankuw no nyinaa bewuwu.

14 Enti ma me wura ntwam nni n'akoa kan, na me de, mɛnantew brɛoo, sɛnea mmoa a wodi m'anim ne mma no betumi, de akosi sɛ medu me wura nkyɛn wɔ Seir.

15 Na Esau kae sɛ: Ma minnyaw wo nnipa a wɔka me ho yi bi. Na ose: Na wɔnyɛ dɛn? Ma minnya me wura anim dom.

16 Ɛnna Esau san da no ara sii kwan so kɔɔ Seir.

17 Na Yakob siim kɔɔ Sukot, na osii dan wɔ hɔ, na ɔbobɔɔ asese maa ne mmoa; enti wɔfrɛ hɔ Sukot, ase ne: Asese.

18 Na Yakob fii Mesopotamia no, ɔnam beduu Sekem kurow a ɛwɔ Kanaan asase so no mu dwoodwoo, na osisii ne ntamadan wɔ kurow no anim.

19 Na ɔtɔɔ asase a osii ne ntamadan wɔ so no wɔ Sekem n'agya Hamor mma nkyɛn, nnwetɛbona ɔha.

20 Na osii afɔremuka wɔ hɔ, na ɔtoo no: El-Elohe-Israel, ase ne: Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan