Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 32 - KYERƐW KRONKRON


Yakob hyia Esau

1 Na Yakob sii ne kwan so. Na Onyankopɔn abɔfo behyiaa no.

2 Na Yakob huu wɔn no, ɔkae sɛ: Onyankopɔn asafo ni. Na ɔtoo hɔ din: Mahanaim.

3 Na Yakob tutuu abɔfo dii n'anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wuram.

4 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Sɛnea monka nkyerɛ me wura Esau ne sɛ: W'akoa Yakob se: Mekɔtenaa Laban nkyɛn na ɛhɔ na mewɔ de abedu sesɛɛ,

5 na manya anantwi ne mfurum, nguan ne nkoa ne mfenaa; na masoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ me wura, na manya w'anim dom.

6 Na abɔfo no san baa Yakob nkyɛn bɛkae sɛ: Yɛakɔ wo nua Esau nkyɛn, na ɔno nso ne mmarima ahanan reba abehyia wo.

7 Ɛnna Yakob suroe sɛ, na ne ho hiaa no; na ɔkyɛɛ nkurɔfo a wɔwɔ ne nkyɛn, ne nguan, anantwi ne yoma no mu akuw abien kae sɛ:

8 Sɛ Esau ba kuw biako so bekum wɔn a, ekuw a ɛbɛka no benya ɔkwan aguan.

9 Na Yakob kae sɛ: M'agya Abraham Nyankopɔn ne m'agya Isak Nyankopɔn, AWURADE a wusee me sɛ: San kɔ w'asase so ne w'abusua mu na mɛyɛ wo yiye no,

10 w'adɔe ne wo nokware a wode akyerɛ w'akoa yi mu biara nsɛ me, efisɛ mede me poma na mitwaa Yordan yi, na afei mayɛ akuw abien.

11 Mesrɛ wo, yi me fi me nua, Esau nsam, efisɛ misuro no sɛ ɔbɛba abekum me ne ɛnanom ne wɔn mma nyinaa.

12 Wo na wokae sɛ: Yiye na mɛyɛ wo, na mɛma w'asefo ayɛ sɛ mpoano anwea a dodow nti wontumi nkan.

13 Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na oyii nea ɛwɔ ne nsam bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau;

14 mmirekyibere ahanu ne mpapo aduonu, nguammere ahanu ne adwennini aduonu,

15 yoma a wɔma nufu ne wɔn mma aduasa, anantwibere aduanan ne anantwinini du, mfurummere aduonu ne mfurum anini du.

16 Na ɔde hyɛɛ ne nkoa nsa akuwakuw, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: Monsen nni me kan, na momma kuw ne kuw ntam mpan.

17 Na ɔhyɛɛ nea odi kan no sɛ: Sɛ me nua Esau behyia wo, na obisa wo sɛ: Hena nipa ne wo, na ɛhe na worekɔ, na eyinom a edi w'anim yi yɛ hena dea?

18 Ka kyerɛ no sɛ: W'akoa Yakob dea; ɛyɛ ayɛyɛde a wasoma de rebrɛ me wura Esau; na hwɛ, ɔno nso wɔ yɛn akyi.

19 Na ɔhyɛɛ nea ɔto so abien ne nea ɔto so abiɛsa ne wɔn a wodi mmoakuw no akyi nyinaa nso sɛ: Sɛ mukohu Esau a, monka asɛm yi nkyerɛ no.

20 Na monka nsi so sɛ: Hwɛ, w'akoa Yakob wɔ yɛn akyi. Na ose: Mede ayɛyɛde a edi m'anim yi merekɔpata no, ansa na mahu n'anim; ebia ɔbɛhwɛ m'anim.

21 Na ayɛyɛde no sen dii n'anim; na ɔno de, ɔtenaa nsra no mu anadwo no.

22 Na anadwo no ɔsɔree, na ɔfaa ne yerenom baanu, ne ne mmaawa baanu no, ne ne mma dubiako no de wɔn kotwaa Yabok asutwaree.

23 Na ɔde wɔn twaa asubɔnten no, na ɔmaa nea ɔwɔ nyinaa twae.


Yakob ne ɔbɔfo bi tentam

24 Na ɛkaa Yakob nko ara. Na ɔbarima bi ne no bɛtentamee koduu adekyee.

25 Na ɔbarima no hui sɛ ontumi no no, ɔkaa n'asen so tokuru mu, na Yakob dwonku huanee tentam a ɔne no tentamee no mu.

26 Na ɔbarima no kae sɛ: Ma menkɔ, na ade rekye. Na Yakob se: Meremma wonkɔ gye sɛ wuhyira me.

27 Na obisaa no sɛ: Wo din de dɛn? Na ose: Yakob.

28 Na ɔkae sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ wo Israel, ase ne: Onyankopɔn kofoni, efisɛ wo ne Nyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.

29 Na Yakob bisaa no sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me wo din. Na ose ɛdɛn nti na wubisa me din? Na ohyiraa no wɔ hɔ.

30 Na Yakob too hɔ din Peniel, ase ne: efisɛ ose: Me ne Nyankopɔn adi nhuanim nso me kra anya nkwa.

31 Otwaa mu wɔ Peniel, bere a na owia apue no, na ɔtɔ gu so ne dwonku a ahuan no nti.

32 Enti Israelfo nni ntini a ɛwɔ asen mu akwaa tokuru mu no de besi nnɛ, efisɛ ɔkaa Yakob dwonku tokuru mu, n'asen mu ntini no so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan