Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 31 - KYERƐW KRONKRON


Yakob guan fi Laban fi

1 Na ɔtee Laban mmammarima nsɛm a wɔkae sɛ: Yakob afa nea ɛyɛ yɛn agya de nyinaa; eno na ɔde anya saa anuonyam yi nyinaa.

2 Na Yakob huu Laban anim, na hwɛ, ɛnte sɛnea ɛte kan no.

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yakob sɛ: San kɔ w'agyanom asase so ne w'abusua mu, na medi w'akyi.

4 Na Yakob soma kɔfrɛɛ Rahel ne Lea baa wuram wɔ ne nguan no nkyɛn,

5 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mihu mo agya anim sɛ ɛnte sɛnea ɛte kan no; nanso m'agya Nyankopɔn adi m'akyi.

6 Na mo ara munim sɛ m'ahoɔden nyinaa na mede asom mo agya,

7 na mo agya asisi me adan m'akatua ani mpɛn du; nanso Onyankopɔn amma no kwan amma wanyɛ me bɔne bi.

8 Sɛ ɔka sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ ntokontrama no nyɛ w'akatua a, na nguan no nyinaa awowo ntokontrama. Na sɛ ɔka sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ nsensannsensan no nyɛ w'akatua a, na nguan no nyinaa awowo nsensannsensan.

9 Na Onyankopɔn agye mo agya mmoakuw ama me.

10 Na bere a nguan no reforoforo wɔn ho na wɔayem no, memaa m'ani so na mihui wɔ ɔdae mu, na hwɛ, mpapo a na wɔreforo mmirekyi no ho yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworannworan.

11 Na Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ me ɔdae mu sɛ: Yakob! Na mise: Mini.

12 Na ɔkae sɛ: Ma w'ani so hwɛ, adwennini a wɔreforo nguan no nyinaa yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworannworan, na mahu nea Laban ayɛ wo nyinaa.

13 Mene Nyankopɔn a wuhyiaa no Betel a wosraa ɛhɔ dum na wohyɛɛ bɔ wɔ hɔ maa me no; afei sɔre fi asase yi so, na san kɔ w'abusua asase so.

14 Na Rahel ne Lea bua see no sɛ: So yɛda so wɔ kyɛfa anaasɛ agyapade bi wɔ yɛn agya fi anaa?

15 So ommu yɛn ahɔho anaa? Esiane sɛ watɔn yɛn, na wadi yɛn ti sika awie,

16 na ahonyade a Onyankopɔn gyei yɛn agya nsam no yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti afei yɛ nea Onyankopɔn aka akyerɛ wo nyinaa.


Yakob guan fi Laban anim

17 Na Yakob sɔre faa ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so,

18 na ɔfaa ne mmoakuw nyinaa ne n'ahode a onyae nyinaa, ne mmoakuw a onyae wɔ Mesopotamia no, siim sɛ ɔrekɔ n'agya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.

19 Na Laban kɔe sɛ, ɔrekotwitwa ne nguan ho nwi. Na Rahel wiaa n'agya abusua honi.

20 Na Yakob wiaa ne ho guan efisɛ wankra Aramni Laban

21 Na ɔne nea ɔwɔ nyinaa guanee, na ɔsɔre twaa asubɔnten no, na ɔde n'ani kyerɛɛ Gilead bepɔw.

22 Na da a ɛto so abiɛsa no, wɔkɔka kyerɛɛ Laban sɛ: Yakob aguan.

23 Na ɔfaa ne nkurɔfo kaa ne ho tiw no nnansɔn kwan, na ɔbɛtoo no Gilead bepɔw so.

24 Na Onyankopɔn baa Aramni Laban nkyɛn anadwo dae mu sɛ: Hwɛ yiye na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob.

25 Na Laban kɔtoo Yakob. Na Yakob asi ne ntamadan wɔ bepɔw no so, na Laban ne ne nkurɔfo nso sii wɔn de Gilead bepɔw so.

26 Na Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ, ɛdɛn na woayɛ yi, sɛ woadaadaa me, na woasoa me mmabea kɔ sɛ, wɔn a wɔde nkrante afa wɔn nnommum yi?

27 Adɛn nti na woahintaw aguan, na woawia wo ho afi me nkyɛn, na woanka ankyerɛ me, na mamfa anigye ne nnwom, mpintin ne asanku mannya wo kwan?

28 Adɛn na woamma mamfew me mmammarima ne me mmabea ano? Eyi de, woadi no nkwasea so.

29 Mewɔ tumi sɛ anka me ne mo di no bɔne; nanso nnɛra anadwo no, mo agya me Nyankopɔn kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ yiye, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob.

30 Na afei de, mahu sɛ pɛ ara na wopɛ sɛ wokɔ, efisɛ gyina na w'ani agyina w'agya fi; na ɛdɛn nti na woawia m'anyame?

31 Na Yakob bua see Laban sɛ: Misuroe, efisɛ misusuwii sɛ wubegye wo mmabea afi me nsam.

32 Na nea wubehu w'anyame wɔ ne nsam no rentena ase. Yɛn nkurɔfo yi anim na hwehwɛ nea ɛyɛ wo de wɔ me nkyɛn, na fa kɔ. Na Yakob nnim sɛ, Rahel na owiae.

33 Na Laban kɔɔ Yakob ntamadan mu ne Lea ntamadan ne mfenaa baanu no ntamadan mu, nanso wanhu. Na ofi Lea ntamadan mu kɔɔ Rahel ntamadan mu.

34 Na Rahel afa abusua honi no de ahyehyɛ yoma so agua mu atena so. Na Laban de ne nsa kekaa ntamadan mu hɔ nyinaa, nanso wanhu.

35 Na ɔka kyerɛɛ n'agya sɛ: Mma ɛnnyɛ me wura abufuw sɛ mintumi mensɔre wɔ w'anim, efisɛ mabu me nsa. Na ɔpɛe, pɛe, pɛe, nanso wanhu ahoni no.

36 Na Yakob bo fuwii, na ɔne Laban hamee, na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Me mfomso ne dɛn, na me bɔne ne dɛn sɛ wutiw me ɔhyew so sɛɛ yi?

37 Sɛ worebɛhwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, wo fi mu ade bɛn na woahu wɔ mu? Saa, fa bɛto me nkurɔfo ne wo nkurɔfo anim wɔ ha, na wommu yɛn baanu ntam atɛn.

38 Mfirihyia aduonu ni a metenaa wo nkyɛn, wo nguammere ne wo mmirekyi ampɔn, na wo nguan mu adwennini nso, manni bi.

39 Wɔn a mmoa kum wɔn no mamfa mammrɛ wo, me na mituaa so ka. Nea wowiaa no awia ne nea wowiaa no anadwo, me nsam na wubisae.

40 Sɛɛ na ɛyɛɛ me ni: Ahohuru dee me awia, na awɔw dee me anadwo, na m'ani saree dwe.

41 Saa na midii wo fi mfirihyia aduonu. Wo mmabea baanu ho mesom wo mfe dunan, ne wo mmoakuw ho nso mfe asia, na wodan m'akatua ani mpɛn du.

42 Sɛ m'agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn ne Isak suro annyina m'akyi a, anka afei wugyaa me kwan nsapan. M'amane ne me nsa ano adwumayɛ na Onyankopɔn hui, na ɔkaa w'anim nnɛra anadwo.

43 Na Laban bua see Yakob sɛ: Mmabea yi, me mma a, na mmammarima yi, me mma a, na nguan yi, me nguan a, na nea wuhu yi nyinaa, me dea. Na me mmabea yi, anaasɛ wɔn mma a wɔawo wɔn yi, menyɛ wɔn dɛn nnɛ?

44 Afei bra ma yɛmpam, me ne wo, na ɛnyɛ me ne wo ntam adanse.

45 Na Yakob faa ɔbo de yɛɛ odum sii hɔ.

46 Na Yakob ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: Mommoaboa abo ano! Na wɔtasee abo yɛɛ no kuw; na wodidii wɔ kuw no so hɔ.

47 Na Laban frɛɛ hɔ Yegar-sahaduta, ase ne: Adansekuw, na Yakob de, ɔfrɛɛ hɔ Galeed.

48 Na Laban kae sɛ: Kuw yi ne me ne wo ntam adanse nnɛ. Enti wɔfrɛ hɔ Galeed, ase ne: Adansekuw,

49 ne Mispa, ase ne: Ahwɛe, efisɛ ose: Yɛtetew mu a, AWURADE nhwɛ me ne wo ntam.

50 Sɛ woteetee me mmabea, na woware yerenom ka me mma ho a, hwɛ obi nka yɛn ho de nanso, Onyankopɔn ne me ne wo ntam dansefo.

51 Na Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ kuw yi, na hwɛ odum a mama so masi me ne wo ntam nso yi.

52 Ekuw yi ne adanse, na odum yi ne adanse, sɛ me de, merentwa ekuw yi ho memma wo nkyɛn, na wo nso, worentwa ekuw yi ne odum yi ho mma me nkyɛn mmɛyɛ bɔne.

53 Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, wɔn agya Nyankopɔn mmu yɛn ntam atɛn. Na Yakob kaa n'agya Isak suro ho ntam.

54 Na Yakob bɔɔ afɔre wɔ bepɔw no so, na ɔfrɛɛ ne nkurɔfo sɛ, wommedidi; na wodidii, na wɔtenaa bepɔw no so anadwo no.

55 Na Laban sɔree anɔpatutu, na ofew ne nenanom ne ne mmabea no ano hyiraa wɔn, na osiim, san kɔɔ ne kurom.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan