Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 3 - KYERƐW KRONKRON


Onipa Asehwe

1 Na ɔwɔ yɛ anifere kyɛn wuram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na obisaa ɔbea no sɛ: Ampa sɛ Nyankopɔn aka sɛ Munnni turom ha nnua nyinaa bi?

2 Na ɔbea no ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: Turom ha nnua aba no, yedi bi,

3 nanso dua a esi turo no mfinimfini no aba de, Onyankopɔn aka sɛ: Munnni bi, nso mommfa mo nsa nnka, na moanwu.

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛnyɛ owu na mubewu:

5 na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn, ahu papa ne bɔne.

6 Na ɔbea no hui sɛ dua no ye sɛ wodi, na ɛyɛ aniwa fɛ, na dua no dɔ kɔn na ɛbɛtew ani no, ɔtew n'aba no bi, na odii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na odii.

7 Na wɔn baanu ani buebuei, na wohui sɛ wɔdeda adagyaw, na wɔpompam borɔdɔma ahaban yɛɛ nkataanim fae.

8 Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummere mfare mu. Na Adam no ne ne yere kohintaw fii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu.

9 Na AWURADE Nyankopɔn frɛɛ Adam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wowɔ he?

10 Na ose: Metee wo nka wɔ turom hɔ no, misuroe, efisɛ meda adagyaw, na mihintawee.

11 Na ɔkae sɛ: Hena na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagyaw? Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bi no na woadi yi?

12 Na Adam se: Ɔbea no a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba bi na midii.

13 Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛdɛn nti na woyɛɛ saa? Na ɔbea no se: Ɔwɔ no na ɔdaadaa me na midii.

14 Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: Sɛ woayɛ eyi nti, wɔadome wo ntɔteboa ne wuram mmoadoma nyinaa mu. Wo yafunu so na wobɛnantew, na woadi dɔte wo nkwa nna nyinaa.

15 Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.

16 Ɔbea no de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔdɔ na mɛma wo yaw ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso. Ɛyaw mu na wobɛwo mma, na w'ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.

17 Na Adam de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woatie wo yere nne, na woadi dua a mehyɛɛ wo sɛ nni no bi nti, wo nti wɔadome asase. Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa,

18 na nsɔe ne nnɛnkyɛnse na ebefifi ama wo, na woadi afuw so ahaban.

19 W'anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.

20 Na Adam too ne yere din Hawa, efisɛ ɔno na wayɛ ateasefo nyinaa na.

21 Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ nhoma ntade maa Adam ne ne yere de hyɛɛ wɔn.

22 Na AWURADE Nyankopɔn kae sɛ: Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu biako ahu papa ne bɔne. Na afei, nea ɛbɛyɛ na wanteɛ ne nsa antew nkwa dua no nso bi anni antena ase daa nti,

23 AWURADE Nyankopɔn tuu no fii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔw asase a wɔfaa no fii mu no.

24 Na ɔpam onipa no, na ɔde Kerubim ne gyaframa afoa a edi ahim besii Eden turo no anim apuei fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan