1 Mose 29 - KYERƐW KRONKRONYakob beduu Laban fi 1 Na Yakob siim kɔɔ apuei fam mma no asase so. 2 Na ohui, na hwɛ, asubura bi wɔ wuram, na hwɛ, nguankuw abiɛsa boaboa ho wɔ hɔ, efisɛ abura no mu nsu na wɔsaw ma nguankuw no nom, na ɔbo kokuroo da abura no ano. 3 Ɛhɔ na wɔboa nguankuw nyinaa ano, na wopirew ɔbo no fi abura no ano, na wɔma nguan no nom, na wopirew ɔbo no to abura no so bio wɔ ne dabere hɔ. 4 Na Yakob see wɔn sɛ: Me nuanom, mufi he? Na wose: Yefi Haran. 5 Na osee wɔn sɛ: Munim Nahor ba Laban anaa? Na wose: Yenim no. 6 Na osee wɔn sɛ: Ne ho ye? Na wose: Ne ho ye, na hwɛ, ne babea Rahel ne nguan na ɛreba yi. 7 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ade nnya nsae koraa ɛ, na ɛbere a wɔboaboa mmoakuw ano nnya nnui ɛ. Momma nguan no nsu nnom, na monkɔ mma wonkodidi. 8 Na wose: Yɛrentumi, gye sɛ wɔaboaboa nguankuw no nyinaa ano, na wɔapirew ɔbo no afi abura no ano ansa na yɛama nguan no anom. 9 Na ɔne wɔn da so rekasa no, Rahel ne n'agya nguan no bae, efisɛ ɔyɛ oguanhwɛfo. 10 Na Yakob huu ne na ne nua Laban ba Rahel ne ne na ne nua Laban nguan no, otwiw bɛn kopirew ɔbo no fii asubura no ano, na ɔmaa ne na ne nua nguan no nsu nomee. 11 Na Yakob few Rahel ano, na ɔmaa ne nne so sui. 12 Na Yakob ka kyerɛɛ Rahel sɛ, ɔyɛ n'agya ne nua, na ɔyɛ Rebeka ba. Na otutuu mmirika kɔka kyerɛɛ n'agya. 13 Na Laban tee ne nua ba Yakob nka no, otutuu mmirika kohyiaa no, na ɔyɛɛ no atuu few n'ano, na ɔde no baa ne fi. Na ɔkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Laban. 14 Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, woyɛ me dompe ne me honam. Na ɔtenaa ne nkyɛn bɛyɛ ɔsram. 15 Na Laban see Yakob sɛ: Sɛ woyɛ me nua nti, wobɛsom me kwa anaa? Kyerɛ me nea ɛnyɛ w'akatua. 16 Nso Laban wɔ mmabea baanu, ɔpanyin no din de Lea, na akumaa no din de Rahel. 17 Na Lea aniaba yɛ nketenkete fɛfɛ, na Rahel nso ho yɛ fɛ, na n'anim yɛ nyam. 18 Na Yakob dɔ Rahel, na ɔkae sɛ: Wo ba akumaa Rahel nti mɛsom wo mfe asɔn. 19 Na Laban se: Eye sɛ mede no mema wo sen sɛ mede no mɛma onipa foforo bi; tena me nkyɛn. 20 Na Rahel nti Yakob somee mfe asɔn, na ɔdɔ a ɔdɔ no nti ɛyɛɛ n'ani so sɛ nna mfuamfua bi. 21 Na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Fa me yere ma me, na me nna no adu, na me ne no nna. 22 Na Laban boaboaa kurom hɔfo nyinaa ano, na ɔtow pon. 23 Na anadwofa ɔde ne ba Lea brɛɛ no, na ɔkɔɔ no ho. 24 Nso Laban de n'abaawa Silpa maa ne ba Lea yɛɛ n'abaawa. 25 Na ade kyee no, Yakob hui se; ɛyɛ Lea mmom. Na obisaa Laban sɛ ɛdɛn na woayɛ me yi? So ɛnyɛ Rahel nti na mesom wo? Na ɛdɛn nti na woasisi me yi? 26 Ɛnna Laban se: Yɛn ha de, wɔnyɛ no saa, wɔmma akumaa nware ansa na wɔde abakan ama. 27 Di ne nkyɛn nnawɔtwe yi, na yɛde oyi nso bɛma wo, ɔsom a wobɛsom me mfe ason bio ho. 28 Na Yakob yɛɛ saa, na odii ne nkyɛn nnawɔtwe no. Na ɔde ne ba Rahel maa no aware. 29 Na Laban de n'abaawa Bilha maa ne ba Rahel yɛɛ n'abaawa. 30 Na ɔne Rahel dae, na ɔdɔ Rahel sen Lea, na ɔsom no mfe ason bio. Yakob mma 31 Na AWURADE hui sɛ wɔtan Lea no, obuee ne yam, na Rahel de, ɔyɛɛ obonin. 32 Na Lea nyinsɛnee, na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Ruben, ase ne: Monhwɛ babanin, na ose: AWURADE ahwɛ m'amane, na afei de, me kunu bɛdɔ me. 33 Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo babarima, na ɔkae sɛ: AWURADE ate sɛ wɔtan me nti na ɔde oyi nso ama me. Na ɔtoo no din Simeon ase ne: Otie. 34 Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo babarima, na ose: Afei ansa na me kunu de ne ho bɛfam me ho, efisɛ me ne no awo mmammarima baasa. Enti ɔtoo no din Lewi. 35 Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo babarima, na ose: Eyi de meyi AWURADE ayɛ. Enti ɔtoo no din Yuda ase ne: Ayeyi. Na n'awo mu twee. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana