1 Mose 28 - KYERƐW KRONKRONIsak hyira Yakob na ogya no kwan kɔ Mesopotamia 1 Na Isak frɛɛ Yakob, na ohyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware Kanaan mmabea mu yere. 2 Sɔre kɔ Mesopotamia, kɔ wo na n'agya Betuel fi, na kɔware wo na ne nua Laban mmabea no bi. 3 Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wonnɔ, na ɔmma wonyɛ bebree, na woayɛ aman asafo; 4 na ɔmfa Abraham nhyira, nhyira wo, wo ne w'asefo a wɔka wo ho, na woanya asase a woyɛ so hɔho a Onyankopɔn de ama Abraham yi. 5 Na Isak gyaa Yakob kwan, na ɔkɔɔ Mesopotamia wɔ Aramni Betuel ba Laban a ɔyɛ Yakob ne Esau na Rebeka nuammarima no nkyɛn. 6 Na Esau hui sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan sɛ ɔnkɔ Mesopotamia nkɔware yere wɔ hɔ, na ohyiraa no, na ɔhyɛɛ no sɛ: Nware Kanaan mmabea mu yere, 7 na Yakob atie n'agya ne ne na, na ɔkɔ Mesopotamia, 8 na Esau hui sɛ Kanaan mmabea nye n'agya Isak ani so no, 9 Esau siim kɔɔ Ismael nkyɛn kɔwaree Abraham ba Ismael babea, Nebaiot nuabea Mahalat kaa ne yerenom no ho. Yakob adaeso 10 Na Yakob fi Beer-seba siim kɔɔ Haran. 11 Na oduu baabi, na ɔsoɛɛ hɔ anadwo no, efisɛ owia akɔtɔ, na ɔfaa hɔ abo no bi sumii, na ɔdaa hɔ. 12 Na ɔsoo dae, na hwɛ, antweri bi si fam a atifi pem soro, na hwɛ, Onyankopɔn abɔfo di so aforosian. 13 Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ose: Mene AWURADE, w'agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn, asase a woda so yi, mede mɛma wo ne w'asefo. 14 Na w'asefo bɛyɛ sɛ asase so mfutuma, na woatrɛw akɔ atɔe ne apuei, atifi fam ne anafo fam, na wo ne w'asefo mu na wobehyira wiase mmusuakuw nyinaa. 15 Na hwɛ, medi w'akyi, na mahwɛ wo so baabiara a wobɛkɔ, na mama woasan aba asase yi so, na merennyaw wo de bɛkɔ akosi sɛ mɛma nea maka makyerɛ wo yi aba mu. 16 Na Yakob nyan fii ne nna mu no, ɔkae sɛ: Ampa ara, AWURADE wɔ ha yi, nanso me de, manhu. 17 Na osuroe, na ose: ɛha yi yɛ hu ampa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ: Onyankopɔn fi, na ɛha ne ɔsoro abobow ano. 18 Na Yakob sɔree anɔpatutu, na ɔfaa ɔbo a osumii no de yɛɛ odum sii hɔ, na ohwiee ngo guu so. 19 Na ɔfrɛɛ hɔ Betel ase ne: Onyankopɔn fi, nanso kan no na kurow no din de Lus. 20 Na Yakob boaa aboade kae sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn bedi m'akyi ahwɛ me so ɔkwan a meretu yi mu, na wama me aduan madi ne atade mahyɛ, 21 na wasan me asomdwoe mu de me aba m'agya fi a, ɛnne AWURADE bɛyɛ me Nyankopɔn. 22 Na ɔbo yi a mede mayɛ odum masi hɔ yi bɛyɛ Onyankopɔn fi. Na nea wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotoso du du. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana