Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 27 - KYERƐW KRONKRON


Yakob gye Esau nhyira

1 Bere a na Isak abɔ akwakoraa na n'ani so ayɛ no kusukusu na onhu ade yiye no, ɔfrɛɛ ne ba panyin Esau ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba! Na osee no sɛ: Agya, mini.

2 Na ose: Mabɔ akora, na minnim me wuda.

3 Afei fa w’ahayɔde, w’agyan kotoku ne w’agyan kɔ wuram kɔpɛ hanam brɛ me,

4 na noa me akɔnnɔduan sɛnea mepɛ, na fa brɛ me, na minni, na menhyira wo ansa na mawu.

5 Nso Isak rekasa akyerɛ ne ba Esau no, Rebeka tee. Na Esau kɔɔ wuram sɛ ɔrekokum nam aba.

6 Na Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ: Hwɛ, mate sɛ w'agya rekasa akyerɛ wo nua Esau sɛ:

7 Kɔpɛ hanam brɛ me, na noa me akɔnnɔduan, na minni, na minhyira wo Awurade anim ansa na mawu.

8 Na afei, me ba, tie me nne, sɛnea merehyɛ wo yi:

9 Kɔ nguan no mu kɔkyere mmirekyi mma a woye pa ara abien brɛ me, na memfa menyɛ akɔnnɔduan memma w'agya sɛnea ɔpɛ;

10 na fa kɔma w'agya, na onni, na onhyira wo ansa na wawu.

11 Na Yakob ka kyerɛɛ ne na Rebeka sɛ: Hwɛ, me nua Esau ho wɔ nwi, na me de, me ho yɛ tromtrom.

12 Ebia m'agya bɛka me ho ahwɛ, na mayɛ n'ani so sɛ osisifo, na mede nnome maba me ho so, na ɛnyɛ nhyira.

13 Ɛnna ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nnome mmra me so, me ba, tie me nne ara, na kɔkyere wɔn brɛ me.

14 Na ɔkɔkyeree wɔn brɛɛ ne na, na ne na de yɛɛ akɔnnɔduan sɛnea n'agya pɛ.

15 Na Rebeka faa ne ba panyin Esau ntade fɛfɛ a ɛwɔ ne nkyɛn wɔ ɔdan mu de hyɛɛ ne ba kumaa Yakob,

16 na ɔde mmirekyi mma no nhoma duraduraa ne nsa ne ne kɔn a ɛho yɛ tromtrom no ho,

17 na ɔde akɔnnɔduan ne abodoo a wasiesie no hyɛɛ ne ba Yakob nsa.

18 Na ɔde kɔɔ n'agya nkyɛn, na ose: M'agya! Na ose: Mini, ɛyɛ wo hena, me ba?

19 Na Yakob ka kyerɛɛ n'agya sɛ ɛyɛ me, w'abakan Esau, mayɛ sɛnea wokyerɛɛ me no. Mesrɛ wo, sɔre, tena ase, na di me hanam, na wo kra nhyira me.

20 Na Isak ka kyerɛɛ ne ba no sɛ, ɛyɛɛ dɛn na wunyaa no ntɛm sɛɛ yi, me ba? Na ose: Efisɛ Awurade wo Nyankopɔn na ɔma ebehyiaa me.

21 Na Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Twiw bɛn me, na menka wo menhwɛ, me ba, sɛ ampa ara me ba Esau ne wo anaasɛ ɛnyɛ ɔno.

22 Na Yakob twiw bɛn n'agya Isak, na ɔde ne nsa kaa no hwɛe, na ɔkae sɛ ɛnne no yɛ Yakob nne, na nsa no de, ɛyɛ Esau nsa.

23 Na wanhu no, efisɛ ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau de. Enti ohyiraa no.

24 Na ose: Ampa ara wone me ba Esau anaa? Na ose: Mene no.

25 Na ose: Fa bɛn me, na minni me ba hanam, na menhyira wo. Na ɔde brɛɛ no, na odii, na ɔde bobesa brɛɛ no, na ɔnomee.

26 Na n'agya Isak ka kyerɛɛ no sɛ: Twiw bɛn me befew m'ano ɛ, me ba.

27 Na otwiw bɛn kofew n'ano. Na ohuam n'atade mu hua tiei, na ohyiraa no sɛ: Hwɛ, me ba ho hua te sɛ afuw a Awurade ahyira so mu hua.

28 Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosu ne asase srade bi, ne aburow ne nsa pii.

29 Aman nsom wo, na nkurɔfo nkotow wo. Yɛ wo nuanom so wura, na wo na mma nkotow wo. Wɔadome wɔn a wɔdome wo, na wɔahyira wɔn a wohyira wo.

30 Na Isak wiee Yakob nhyira na ofii n'agya nkyɛn, fii adi ara pɛ na ne nua Esau fi n'ahayɔ bae.

31 Na ɔno nso bɛnoaa akɔnnɔduan de brɛɛ n'agya ka kyerɛɛ n'agya sɛ: M'agya sɔre ɛ, na di wo ba hanam, na wo kra nhyira me!

32 Na n'agya Isak bisaa no sɛ, ɛyɛ wo hena? Na ose: Ɛyɛ me, wo ba, w'abakan Esau.

33 Na Isak de ahopopo kɛse pa kae sɛ: Hena mpo ne nea ɔkɔyɛɛ ha de brɛɛ me, na midii ne nyinaa ansa na woreba, na mihyiraa no no? Nso ɔbɛyɛ nea wɔahyira no.

34 Esau tee n'agya nsɛm no, ɔde osu kɛse ne awerɛhow pii teɛɛm dennen ka kyerɛɛ n'agya sɛ: M'agya, hyira me nso bi.

35 Na ose: Wo nua de nnaadaa aba abegye wo nhyira.

36 Na ose: So ne din ne Yakob anaa? Mpɛn abien ni a watoto m'anan mu. Wafa me panyin, na hwɛ, afei nso wagye me nhyira. Na ose: So woamfa nhyira bi ansie me?

37 Na Isak bua see Esau sɛ: Hwɛ, mede no mayɛ wo so wura, na mede ne nuanom nyinaa mayɛ ne nkoa. Na mede aburow ne nsa mawowaw no. Na afei wo de, ɛdɛn na menyɛ wo, me ba?

38 Na Esau ka kyerɛɛ n'agya sɛ: M'agya, so nhyira biako pɛ na wowɔ? Hyira me nso, m'agya. Na Esau maa ne nne so sui.

39 Na n'agya Isak bua see no sɛ: Hwɛ, asase a srade nni mu ne nea ɔsoro bosu yɛ so na no so na wobɛtena.

40 Wo nkrante so na wonam bɛtena ase, na wobɛsom wo nua. Nanso ɛbɛba sɛ, wobɔ mmɔden kenten wo ho a, wubeyi ne kɔndua afi wo kɔn so.


Esau pɛ Yakob akum no

41 Na Esau tan Yakob wɔ nhyira a n'agya de hyiraa no no nti. Na Esau kae ne koma mu sɛ: Nna a wɔde besu m'agya no yɛ abɛn, na merebekum me nua Yakob.

42 Na wɔkɔkaa ne ba panyin Esau nsɛm yi kyerɛɛ Rebeka. Na ɔsoma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo nua Esau kyekye ne werɛ sɛ, ɔrebekum wo.

43 Afei, me ba, tie me nne, na sɔre guan kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran,

44 na tena ne nkyɛn, nna tiaa bi kosi sɛ wo nua anibere no befi ne mu,

45 kosi sɛ wo nua abufuw bɛdan afi wo so, na ne werɛ afi nea woyɛɛ no no, ansa na masoma abɛfa wo wɔ hɔ aba. Na ɛdɛn mpo nti na menhwere mo baanu da koro?

46 Na Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: Het mmabea nti m'asetena afono me. Sɛ Yakob kɔware yere Het mmabea mu, sɛ eyinom a wɔwɔ ha yi a na memmrɛ ngui ɛ, na mete ase yɛ dɛn?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan