Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 25 - KYERƐW KRONKRON


Abraham ne Ketura mma
( 1 Berɛsosɛm 1.32-33 )

1 Na Abraham waree yere bio, a ne din de Ketura.

2 Na ɔwoo Simran ne Yoksan ne Medan ne Midian ne Isbak ne Sua maa no.

3 Na Yoksan woo Seba ne Dedan. Na Dedan mma ne Asurim ne Letusim ne Leummim.

4 Na Midian mma ne Efa ne Efer ne Hanok ne Abida ne Eldaa. Eyinom nyinaa yɛ Ketura mma.

5 Na Abraham de nea ɔwɔ nyinaa maa Isak.

6 Na mmea a aka no mma a Abraham wɔ no de, bere a Abraham te ase no, ɔkyɛɛ wɔn ade, na ogyaa wɔn kwan fii ne ba Isak ho ma wɔkɔɔ apuei wɔ apuei asase no so.


Abraham wu ne ne sie

7 Na Abraham nna a odii si mfe ɔha aduɔsɔn anum.

8 Na Abraham gyaa ne honhom mu, na owui dwen pa mu, na wabɔ akwakoraa, na onyaa mfe pii na otiw ne nkurɔfo wɔ asamando.

9 Na ne mma Isak ne Ismael siee no Makpela bodan mu, wɔ Hetini Efron, Sohar ba, afuw no mu, wɔ Mamre ntentenso,

10 afuw a Abraham tɔe wɔ Het mma nsam no. Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara.

11 Na Abraham wu akyi no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak. Na Isak tenaa Lahairoi abura ho.


Ismael awo ntoatoaso
( 1 Berɛsosɛm 1.28-31 )

12 Na eyi ne Abraham ba Ismael a Misraimni Hagar, Sara afenaa no, wo maa Abraham no awo ntoatoaso:

13 Na eyi ne Ismael mma din a wɔde frɛɛ wɔn awo ntoatoaso no: Ismael abakan ne Nebaiot wɔn a wɔka ho ne Kedar, Adbeel, Mibsam,

14 Misma, Duma, Masa,

15 Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedma.

16 Eyinom ne Ismael mma, na eyinom ne wɔn din, sɛnea wɔn nkuraa ne wɔn nsraban te, atitiriw dumien ne wɔn aman.

17 (Na Ismael nkwa mu mfe a odii ni: Mfirihyia ɔha aduasa asɔn. Na ogyaa mu, na owui, na otiw n'agyanom wɔ asaman).

18 Na wɔtenae fi Hawila kosii Sur a ɛwɔ Misraim ntentenso de rekɔ Asiria. Na ɔne ne nuanom antumi antena asomdwoe mu.


Esau ne Yakob awo

19 Na eyinom ne Abraham ba Isak awo ntoatoaso: Abraham woo Isak.

20 Na Isak dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Rebeka, Aramni Betuel ba a ofi Mesopotamia ne Aramni Laban ne nua.

21 Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, efisɛ ɔyɛ obonin, na AWURADE tiee n'adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee.

22 Na nkokoaa no pempem wɔn ho wɔ ne yam. Na ose: Sɛ ɛte saa a, na mete hɔ yɛ dɛn? Na okobisaa AWURADE.

23 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Aman abien na ɛwɔ wo yam, na nnipa baanu a wobɛwo wɔn no, bɛtetew wɔn ho mu, afi wo yafunu mu. Na ɔman no biako bedi biako so, na ɔpanyin no bɛsom akumaa no.

24 Na ne nna duu so sɛ ɔbɛwo no, na hwɛ, nta wɔ ne yam.

25 Na nea odi kan fi bae no, na ne ho yɛ kɔɔ, ne ho nyinaa wɔ nwi kusuu. Enti wɔtoo no din, Esau.

26 Na ɛno akyi no, ne nua no fi bae, na ne nsa kura Esau nantin, enti wɔtoo no din Yakob. Na wɔwoo wɔn no, na Isak adi mfe aduosia.


Esau tɔn ne panyin

27 Na mmofra no nyinii, Na Esau yɛ onipa a waben yiye wɔ ahayɔ mu ne ɔhamuni, na Yakob de, ɔyɛ onipa a odwo a ɔte ntamadan mu.

28 Na Isak dɔ Esau, efisɛ ne hanam yɛ no dɛ; na Rebeka de ɔdɔ Yakob.

29 Na Yakob noaa aduan bi, na Esau fi wuram bae no, na wabrɛ.

30 Na Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me ade kɔkɔɔ yi bi minni ɛ, na mabrɛ. (Enti wɔde too no din Edom)

31 Na Yakob kae sɛ: Tɔn wo panyin ma me nnɛ.

32 Na Esau kae sɛ: Hwɛ, owu na merebewu yi, na ɔpanyin yi bɛyɛ me dɛn?

33 Na Yakob kae sɛ: Ka ntam kyerɛ me nnɛ. Na ɔkaa ntam kyerɛɛ no tɔn ne panyin maa Yakob.

34 Ɛnna Yakob maa Esau abodoo ne asɛdua a wɔanoa no bi; na odidi nomee, na ɔsɔre kɔɔ ne kwan. Na sɛnea Esau ammu ne panyin ne no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan