Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 24 - KYERƐW KRONKRON


Wɔhwehwɛ ɔyere ma Isak

1 Na Abraham abɔ akwakoraa, na wadi nna pii, na AWURADE ahyira no ade nyinaa mu.

2 Na Abraham ka kyerɛɛ ne somfo ne fie panyin a ɔhwɛ nea ɔwɔ nyinaa so sɛ: Fa wo nsa ka m'asen mu,

3 na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ: Worenware Kanaanfo a mete wɔn mu yi mmabea mu bi mma me ba.

4 Na kɔ me kurow ne m'abusua mu kɔware yere ma me ba Isak.

5 Na ɔsomfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Ebia ɔbea no rempɛ sɛ obedi m'akyi aba asase yi so: ɛnne memfa wo ba no mensan menkɔ asase a wufi so bae no so anaa?

6 Na Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ yiye, na woamfa me ba ansan ankɔ hɔ bio.

7 AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me fii m'agya fi ne asase a wɔwoo me wɔ so no so, na ɔne me kasae, na ɔkaa ntam kyerɛɛ me sɛ: W'asefo na mede asase yi mɛma wɔn no, ɔbɛsoma ne bɔfo adi w'anim, na woakɔware yere afi hɔ abrɛ me ba.

8 Na sɛ ɔbea no mpɛ sɛ odi w'akyi a, ɛnne wo ho afi me ntam yi mu, nanso mfa me ba nsan nkɔ hɔ bio.

9 Na ɔsomfo no de ne nsa kaa ne wura Abraham asen mu, na ɔkaa no ntam wɔ asɛm no ho.

10 Na ɔsomfo no faa ne wura yoma mu du, na ɔkɔe, na okura ne wura nnepa ahorow nyinaa bi, na ɔsɔre siim kɔɔ Mesopotamia, Nahor kurow mu.

11 Na ɔmaa ne yoma no butuw kurow no kurotia wɔ asubura bi ho anwummere a mmea bɛsaw nsu.

12 Na ɔbɔɔ mpae sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma ensi me yiye nnɛ, na yɛ me wura Abraham adɔe.

13 Hwɛ, migyina asubura yi so ha yi, na kurom hɔfo mmabea rebefi abɛsaw nsu yi,

14 ma ɛmmra sɛ ababaa a mese no sɛ: Soɛ wo kuruwa ma mennom nsu no bi, na ɔbɛka sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no anom bi no, ma ɔno ara nyɛ nea woayi no ama w'akoa Isak, na ɛno mu na mehu sɛ woayɛ me wura adɔe.

15 Na onnya nwiee kasa no, hwɛ, Rebeka a wɔwoo no maa Betuel a ɔyɛ Abraham ne nua Nahor yere Milka ba bae, na ne kuruwa si ne mmati so.

16 Na ababaa no ho yɛ fɛ sɛ, ɔyɛ ɔbaabun a ɔbarima bi nhuu no da, na ɔkɔɔ asubura no mu kɔhyɛɛ ne kuruwa ma, na ɔbae.

17 Na ɔsomfo no tuu mmirika kohyiaa no sɛ: Mesrɛ wo, ma memmɔ wo kuruwa yi mu nsu kakra hwirow.

18 Na ose: Me wura, nom bi! Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ ne kuruwa no sii ne nsam ma ɔnomee.

19 Na ɔma ɔnom wiei no, ɔkae sɛ: Mɛkɔ makɔsaw bi mabrɛ wo yoma no nso akosi sɛ wobewie nom.

20 Na ɔyɛɛ ntɛm kohwiee ne kuruwa mu nsu no guu anomee hɔ, na otutuu mmirika kɔɔ abura no mu bio kɔsaw nsu, na ɔsaw maa ne yoma no nyinaa.

21 Na ɔbarima no hwɛɛ no ara, na ɔyɛɛ komm sɛ obehu sɛ AWURADE ama ne kwankɔ no ayɛ dwoodwoo anaasɛ ɛnte sa.

22 Na yoma no wiee nsu no nom no, ɔbarima no yii sika hwene mu kaa a ano si dwetɛbona fa ne nsa so nkapo abien a ano si sikabona du de hyɛɛ no,

23 na ɔkae sɛ: Hena ba ne wo? Mesrɛ wo, kyerɛ me! So yebenya dabere wɔ w'agya fi anaa?

24 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Betuel, Milka ba a ɔwoo no maa Nahor no ba ne me.

25 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛwɔ sare ne mmoa aduan pii ne nea mobɛda.

26 Na ɔbarima no bɔɔ ne mu ase sɔree AWURADE,

27 na ɔkae sɛ: Nhyira nka AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a wamma n'adɔe ne ne nokware ammɔ me wura. Na me nso, AWURADE akyerɛ me me wura ne nuanom fi kwan.

28 Na ababaa no tuu mmirika kɔkaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne na fifo.

29 Na Rebeka wɔ onuabarima bi a ne din de Laban. Na Laban de mmirika fii adi kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ asubura no ho.

30 Na ohuu hwene mu kaa ne ne nua nsa so nkapo no, na ɔtee ne nua Rebeka nsɛm no sɛ: Sɛnea ɔbarima no kasa kyerɛɛ me ni, no, ɔbaa ɔbarima no nkyɛn, na hwɛ, ogyina yoma no nkyɛn, asubura no ho.

31 Na ose: Wo a AWURADE ahyira wo, bra, ɛdɛn nti na wugyina kurotia? Na masiesie ɔdan mu ne baabi nso mama yoma no.

32 Na ɔbarima no kɔɔ ofie, na oyii yoma no so nneɛma, na ɔmaa yoma no sare ne aduan, na ɔmaa ɔno ne nnipa a wɔka ne ho no nsu sɛ wɔnhohoro wɔn anan ase.

33 Na wɔde aduan besii n'anim sɛ onni; na ose: Merennidi gye sɛ mabɔ m'amanneɛ ansa. Na ose: Bɔ na yentie ɛ!

34 Na ose: Abraham somfo ne me.

35 Na AWURADE ahyira me wura pii, na wayɛ ɔkɛse, na wama no nguan ne anantwi, ne dwetɛ ne sika, ne nkoa ne mfenaa, ne yoma ne mfurum.

36 Na me wura yere Sara awo ɔba wɔ ne mmerewabere mu ama me wura, na ɔde nea ɔwɔ nyinaa ama no.

37 Na me wura ama maka ntam se: Nware Kanaanfo a mete wɔn asase so yi mmabea mu bi mma me ba,

38 na mmom kɔ m'agya fi ne m'abusua mu kɔware yere brɛ me ba.

39 Na misee me wura sɛ: Na sɛ ɔbea no anni m'akyi ɛ?

40 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: AWURADE a menam n'anim no bɛsoma ne bɔfo aka wo ho, na wama wo kwan so ayɛ dwoodwoo, na woakɔware yere wɔ m'abusua mu ne m'agya fi abrɛ me ba.

41 Ɛno ansa na sɛ wokɔ m'abusua mu a, wo ho befi me ntam no mu, na sɛ wɔamma wo bi a, ɛnne na wo ho afi me ntam no mu.

42 Na mebaa asubura no ho nnɛ kae sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ wo ara worema me kwan a mitu yi ayɛ dwoodwoo a,

43 hwɛ, migyina asubura yi ho, na ma ɛmmra mu sɛ ababaa a obefi abɛsaw nsu, na mese no sɛ: Mesrɛ wo, ma me wo kuruwa yi mu nsu kakra mennom,

44 na ɔbɛka akyerɛ me sɛ: Nom, na menkɔsaw bi memmrɛ wo yoma no nso no, ma ɔno ara nyɛ ɔbea a AWURADE ayi no ama me wura ba.

45 Na minnya minwiee me koma mu kasa no, hwɛ, Rebeka fii adi bae a kuruwa si ne mmati so, na ɔkɔɔ abura no mu kɔsaw nsu. Na misee no sɛ Mesrɛ wo, ma me bi mennom.

46 Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ ne kuruwa no kae sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no nso bi anom. Na menomee, na ɔmaa yoma no nso bi nomee.

47 Na mibisaa no sɛ: Hena ba ne wo? Na ose: Betuel, Nahor ba a Milka wo maa no no ba ne me. Na mede hwene mu kaa no mesɛn ne hwenem, na mede nkapo no mehyehyɛɛ ne nsa,

48 na mebɔɔ me mu ase mesɔree AWURADE, na mihyiraa AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a ɔkyerɛɛ me nokware kwan sɛ menkɔware me wura ne nua ba memma ne ba no.

49 Na afei sɛ mo ara moreyɛ me wura adɔe adi no nokware a, monka nkyerɛ me; na sɛ ɛnte saa a, monka nkyerɛ me, na mennan memfa nifa anaa benkum.

50 Ɛnna Laban ne Betuel buae sɛ: AWURADE na asɛm yi fi no, yɛrentumi nka no papa anaa bɔne nkyerɛ wo.

51 Hwɛ, Rebeka na ogyina w'anim yi, fa no kɔ ma ɔnkɔyɛ wo wura ba yere, sɛnea AWURADE aka no.

52 Na Abraham somfo no tee wɔn nsɛm no, ɔkotow fam sɔree AWURADE.

53 Na ɔsomfo no yii dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne ntade de maa Rebeka; na ɔde nneɛma a ɛsom bo maa ne nuammarima ne ne na.

54 Na ɔne nnipa a wɔka ne ho no didii, na wɔnomee, na wɔdaa hɔ. Na wɔsɔree anɔpa no, ɔkae sɛ: Munnya me kwan, na menkɔ me wura nkyɛn.

55 Na ne nua ne ne na kae sɛ: Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn da tiaa bi sɛ dadu ansa na woakɔ.

56 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnsianka me, efisɛ AWURADE ama m'akwantu no asi me yiye. Munnya me kwan mma menkɔ me wura nkyɛn.

57 Na wose: Ma yɛmfrɛ ababaa no mmisa n'ankasa.

58 Na wɔfrɛɛ Rebeka ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ne ɔbarima yi bɛkɔ anaa? Na ose: Mɛkɔ.

59 Na wogyaa wɔn nua Rebeka ne ne gyigyefo ne Abraham somfo no ne ne nnipa no kwan.

60 Na wohyiraa Rebeka see no sɛ: Yɛn nuabea, dan ɔpedu ahorow mpem, na w'asefo mfa wɔn atamfo apon nni.

61 Na Rebeka ne ne mmaawa sɔree, na wɔtenatenaa yoma no so dii ɔbarima no akyi, na ɔsomfo no de Rebeka sii kwan so.

62 Na Isak fi Lahairoi abura ho bae, efisɛ ɔte negeb asase so.

63 Na Isak fii adi kɔɔ wuram anwummere kɔdwennwenee ne nsɛm ho. Na ɔmaa n'ani so hwɛɛ, na hwɛ, yoma reba.

64 Na Rebeka maa n'ani so, na ohuu Isak no, ofii yoma no so sii fam,

65 na ɔka kyerɛɛ ɔsomfo no sɛ: Ɔbarima bɛn na ɔnam wura mu rebehyia yɛn yi? Na ɔsomfo no se, ɛyɛ me wura. Na ɔfaa ne nkataanim de kataa n'anim.

66 Na ɔsomfo no kaa nea ɔyɛe no nyinaa kyerɛɛ Isak.

67 Na Isak de no kɔɔ ne na Sara ntamadan mu, na ɔwaree Rebeka, na ɔyɛɛ ne yere, na ɔdɔ no, na Isak werɛkyekyee ne na wu akyi.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan