1 Mose 22 - KYERƐW KRONKRONWɔsɔ Abraham hwɛ 1 Na nsɛm yi akyi no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abraham! Na ose: Mini. 2 Na ɔkae sɛ: Fa wo ba, wo ba koro a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ hɔ, wɔ mmepɔw no mu biako a mɛkyerɛ wo so. 3 Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n'afurum, na ɔfaa ne mmofra mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na otwaa ɔhyew afɔre nnyina, na osiim kɔɔ nea Onyankopɔn kyerɛɛ no no. 4 Na da a ɛto so abiɛsa no, Abraham maa n'ani so, na ohuu beae hɔ wɔ akyirikyiri. 5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne mmofra no sɛ: Mo ne afurum yi ntena ha, na me ne abarimaa yi bɛkɔ noho akɔsɔre, na yɛasan aba mo nkyɛn. 6 Na Abraham faa ɔhyew afɔre nnyina no de soaa ne ba Isak, na ɔfaa ogya ne sekan kurae, na wɔn baanu kɔe. 7 Na Isak ka kyerɛɛ n'agya Abraham sɛ: M'agya! Na ose: Mini, me ba. Na ose: Hwɛ, ogya ne nnyina ni, na oguammaa a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no wɔ he? 8 Na Abraham se: Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ ɔhyew afɔre aguammaa no. Na wɔn baanu kɔe. 9 Na wokoduu nea Onyankopɔn kyerɛɛ no hɔ, na Abraham sii afɔremuka wɔ hɔ, na osiesiee nnyina no, na ɔkyekyeree ne ba Isak, na ɔde no too afɔremuka no so wɔ nnyina no so. 10 Na Abraham teɛɛ ne nsa faa ɔsekan no sɛ ɔde rebekum ne ba no. 11 Na AWURADE bɔfo fi soro frɛɛ Abraham bio sɛ: Abraham, Abraham! Na ose: Mini. 12 Na ose: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee, na afei mahu sɛ wusuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba koro no. 13 Na Abraham maa n'ani so, na ohui, na hwɛ, odwennini a ɔdɔtɔ aso ne mmɛn mu wɔ n'akyi; na Abraham kɔfaa odwennini no de no sii ne ba no ananmu bɔɔ ɔhyew afɔre. 14 Na Abraham too beae hɔ din sɛ Yahwe-Yire. Enti wɔka nnɛ ara sɛ AWURADE bepɔw so na wɔbehwɛ. 15 Na AWURADE bɔfo fi soro frɛɛ: Abraham bio sɛ, 16 Sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ woadi saa asɛm yi, na woankame me wo ba koro no nti, maka me ho ntam sɛ: 17 Nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma w'asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nwea, na w'asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow ano apon adi so; 18 na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne. 19 Ɛnna Abraham san baa ne mmerante no nkyɛn, na wɔsɔre siim baa Beer-seba. Na Abraham tenaa Beer-seba. 20 Na nsɛm yi akyi no, wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Hwɛ, Milka nso awo mma ama wo nua Nahor: 21 n'abakan Us, ne ne nua Bus, ne Kemuel a ɔyɛ Aram agya, 22 ne Kesed ne Haso ne Pildas ne Yidlaf ne Betuel. 23 Na Betuel woo Rebeka. Nnipa baawɔtwe yi na Milka wo maa Abraham ne nua Nahor. 24 Na ne yere biako bi a wɔfrɛ no Rehuma nso woo Teba ne Gaham ne Tahas ne Maaka. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana