1 Mose 20 - KYERƐW KRONKRONAbraham ne Abimelek 1 Na Abraham tutu fii hɔ kɔɔ nɛgeb, na ɔkɔtenaa Kades ne Sur ntam, na ɔkɔyɛɛ ɔhɔho wɔ Gerar. 2 Na Abraham kae ne yere Sara ho sɛ ɔyɛ me nuabea. Na Gerar hene Abimelek soma ma wɔbɛfaa Sara. 3 Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo dae mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbea a woakɔfa no no nti woawu awie, efisɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere. 4 Nso Abimelek nnya mfaa ne ho nkaa no ɛ. Na ɔkae sɛ: AWURADE, so wubekum ɔman trenee nso? 5 So ɛnyɛ ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Me nua ne no? Na ɔbea no nso kae sɛ: Me nua ne no. Me komam fann ne me tirim fitaa na mede meyɛɛ eyi. 6 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: Me nso minim sɛ, wo komam fann na wode yɛɛ eyi, na me nso misoo wo mu, na woanyɛ me bɔne, ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no. 7 Na afei dan ɔbarima no yere kɔma no, efisɛ ɔyɛ odiyifo, na wapa kyɛw ama wo, na woanya nkwa; na sɛ woannan no ankɔma no a, ɛnne, hu sɛ owu na wubewu, wo ne nea wowɔ nyinaa. 8 Na Abimelek sɔree anɔpatutu frɛɛ ne nkoa nyinaa, na ɔkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ wɔn, na nnipa no suroe pii. 9 Na Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na woayɛ yɛn yi, na bɔne bɛn na mayɛ wo, na wode bɔne kɛse yi aba me ne m'ahenni so? Ade a wɔnyɛ na woayɛ me yi. 10 Na Abimelek ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Dɛn na wuhui na wudii saa asɛm yi? 11 Na Abraham kae sɛ: Efisɛ misusuwii sɛ, ampa Onyankopɔn ho suro nni ha yi, na me yere nti wobekum me. 12 Nanso ɛwom ampa sɛ ɔyɛ me nua; m'agya ba ne no, na ɛnyɛ me na ba a; na wayɛ me yere. 13 Na Onyankopɔn ma mifii m'agya fi mibekyinii no, misee no sɛ: W'adɔe a wobɛyɛ me ne sɛ, baabiara a yebedu no, ka me ho sɛ ɔyɛ me nua. 14 Ɛnna Abimelek faa nguan ne anantwi, ne nkoa ne mfenaa de maa Abraham, na ɔdan ne yere Sara maa no. 15 Na Abimelek kae sɛ: Hwɛ, m'asase na ɛda w'anim yi, baabiara a eye wɔ w'ani so no, tena. 16 Na Sara de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mama wo nua nnwetɛbona apem, hwɛ, ɛno na wɔn a wɔka wo ho nyinaa de behu wo tirim, na wo ho afi nnipa nyinaa anim. 17 Na Abraham bɔɔ Onyankopɔn mpae, na Onyankopɔn saa Abimelek ne ne yere ne ne mfenaa yare ma wɔwowoe. 18 Esiane Abraham yere Sara ho asɛm no nti, na AWURADE ato Abimelek fifo mmea nyinaa yafunu mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana