1 Mose 19 - KYERƐW KRONKRONSodom ne Gomora sɛe 1 Na abɔfo baanu no duu Sodom anwummere; na Lot te Sodom kurow pon ano. Na Lot huu wɔn no, ɔsɔre kohyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase kae sɛ: 2 Me wuranom, mesrɛ mo, momman mmra mo akoa fi mmɛsoɛ anadwo yi, na monhohoro mo anan ase, na anɔpatutu moasɔre akɔ mo kwan. Na wose: Dabi, na yɛbɛda abɔnten so. 3 Na ɔsrɛɛ wɔn dennennen. Na wɔman ne nkyɛn baa ne fi, na ɔtow wɔn pon, na ɔtoo apiti ma wodii. 4 Na wonnya nkɔdae no, kurom hɔfo, Sodomfo, betwaa ɔdan no ho hyiae, efi mmofra so kosi mpanyimfo so, ɔman mu no nyinaa. 5 Na wɔfrɛɛ Lot ka kyerɛɛ no sɛ; Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi no wɔ he? Yi wɔn brɛ yɛn, na yene wɔn nna. 6 Na Lot fi kɔɔ wɔn nkyɛn ɔpon ano, na ɔtoo ɔpon no mu wɔ n'akyi. 7 Na ɔkae sɛ: Anuanom, mesrɛ mo, monnyɛ bɔne sa! 8 Hwɛ, mewɔ mmabea baanu a wonhuu ɔbarima ɛ, momma memfa wɔn mimfi memmrɛ mo, na monyɛ wɔn sɛnea eye mo ani so, na mmarima yi nko de, monnyɛ wɔn hwee, na ɛno nti na wɔbaa me suhyɛ nwini ase yi. 9 Na wɔkae sɛ: Twe wo ho fi hɔ! Na wose: Saa onipa yi bae bɛyɛɛ ɔhɔho, ɛnna afei ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔtemmufo yi! Afei yɛbɛyɛ wo bɔne akyɛn wɔn. Na wɔhyɛɛ Lot so dennen twiw bae sɛ wobebubu pon no. 10 Na mmarima no teɛɛ wɔn nsa twee Lot baa wɔn nkyɛn wɔ ɔdan no mu, ma wɔtoo pon no mu. 11 Na nnipa a wogyina ɔpon ano no de, wofurafuraa wɔn ani fi nketewa so kosi akɛse so, na wɔhwehwɛɛ ɔpon ano kwan brɛe. 12 Na mmarima no ka kyerɛɛ Lot sɛ: Wowɔ obi wɔ ha ka wo ho? Asew anaa mmammarima anaa mmabea anaa biribiara a wowɔ wɔ kurow yi mu, yi wɔn fi ha, 13 na yɛrebɛsɛe ha, efisɛ wɔn nnebɔne adu AWURADE anim, na AWURADE asoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe ha. 14 Na Lot fii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmabea no kɔ kasae sɛ: Monsɔre mfi ha, na AWURADE rebɛsɛe kurow yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom no ani so sɛ obi a ɔredi fɛw. 15 Na ade reyɛ akye no, abɔfo no piapiaa Lot sɛ: Sɔre, fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo, ɔman yi amumɔyɛ mu. 16 Na ɔtwentwɛn ne nan ase no, mmarima no susoo ɔno ne ne yere ne ne mmabea baanu no nsa, na AWURADE huu no mmɔbɔ na wɔde no fii adi gyaw no kurow no akyi. 17 Na wɔde wɔn fii adi no, ɔkae sɛ: Guan gye wo kra nkwa, nhwɛ w'akyi, nso nnyina dantaban yi mu baabiara; bepɔw so na guan kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo. 18 Na Lot ka kyerɛɛ wɔn sɛ: O, owura, mma ɛnnyɛ sa. 19 Hwɛ, w'akoa anya w'anim dom, na woama w'adɔe a woayɛ me yi aso sɛ woregye me nkwa, nanso merentumi nguan nkɔ bepɔw so, na mmusu no ammɛto me, na manwu. 20 Hwɛ, kurow yi na ɛbɛn sɛ woguan kɔ hɔ, nanso ɛhɔ sua; ma minguan menkɔ hɔ ɛ, so ensua anaa? Na me kra anya nkwa. 21 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, matie wo wɔ saa asɛm yi ho nso, na meremmutuw kurow a woka ho asɛm yi. 22 Yɛ ntɛm guan kɔ hɔ, efisɛ merentumi menyɛ hwee gye sɛ woakodu hɔ ansa. Enti na wɔfrɛ kurow no din sɛ: Soar, ase ne: Ade ketewaa. 23 Na Lot duu Soar no, na owia apue asase so. 24 Na AWURADE tɔɔ sufre ne gya fi ɔsoro guu Sodom ne Gomora so. 25 Na obutuw nkurow no ne dantaban no nyinaa ne wɔn a wɔtete nkurow no mu nyinaa ne nea afifi asase no so. 26 Na ne yere no de, ɔhwɛɛ n'akyi, na ɔdan nkyene siw. 27 Na Abraham tuaa ahema kɔɔ nea ogyinaa AWURADE anim hɔ no. 28 Na ɔdan n'ani kyerɛɛ Sodom ne Gomora ne dantaban no asase nyinaa, na ɔhwɛe, na hwɛ, asase no so wusiw foroe sɛ, fononoo mu wusiw. 29 Na Onyankopɔn sɛee dantaban no nkurow no no, Onyankopɔn kaee Abraham, na ogyee Lot fii butuw a obutuw nkurow a Lot te mu no mu. Moab ne Amonfo mfiase 30 Na Lot fii Soar kɔtenaa bepɔw no so, ɔne ne mmabea baanu no, efisɛ osuroo Soar tena, na ɔne ne mmabea baanu no kɔtenaa ɔbodan bi mu. 31 Na abakan no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: Yɛn agya anyin, na ɔbarima biara nni asase yi so a ɔbɛba yɛn ho, sɛnea asase sofo nyinaa amanne te. 32 Bra, na yɛmma yɛn agya nsa nnom, na yɛne no nkɔda, na yɛanya yɛn agya ho mma. 33 Na wɔmaa wɔn agya nsa nomee anadwo no, na abakan no kɔɔ mu ne n'agya kɔdae; na wanhu ne nna ne ne sɔre mu. 34 Na ade kyee no, abakan no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: Hwɛ, me ne m'agya akɔda anadwo yi, ma yɛmma no nsa nnom nnɛ anadwo yi nso, na kɔ mu, na wo ne no nkɔda, na yɛanya yɛn agya ho mma. 35 Na wɔmaa wɔn agya nsa nomee anadwo no nso bio, na akumaa no sɔre ne no kɔdae; na wanhu ne nna ne ne sɔre mu. 36 Na Lot mmabea baanu no nyinsɛn wɔn agya ho. 37 Na abakan no woo babarima, na ɔtoo no din Moab; ɔne Moabfo agya de besi nnɛ. 38 Na akumaa no nso woo babarima, na ɔtoo no din Benami; ɔne Amonfo agya de besi nnɛ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana