1 Mose 18 - KYERƐW KRONKRONIsak awo ho Bɔhyɛ 1 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no wɔ Mamre pɔw mu, na ɔte ne ntamadan pon ano awia ketee. 2 Na ɔmaa n'ani so hwɛe, na hwɛ, mmarima baasa abegyina ne ntentenso. Na ohuu wɔn no, ofii ne ntamadan pon ano tuu mmirika kohyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase, 3 kae sɛ: me wura, sɛ manya w'anim anuonyam a, mesrɛ wo, ntwa w'akoa ho nkɔ. 4 Ma wɔnkɔsaw nsu kakra bi mmra ɛ, na monhohoro mo anan ase, na monhome dua yi ase. 5 Na mekɔ makɔfa abodoo kakra maba, na mode adwudwo mo koma, na ɛno akyi no moakɔ, na enti na mobɛfaa mo akoa nkyɛn yi. Na wose: Yɛ sɛnea woaka yi. 6 Na Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ Sara nkyɛn ntamadan mu kae sɛ: Yɛ ntɛm, fa asikresam pa susukora abiɛsa, fɔtɔw to tetare. 7 Na Abraham tuu mmirika kɔɔ anantwi mu kɔkyeree nantwi ba a oye, na ne nam bɛyɛ mmerɛw na ɔde maa ne somfo bi, na ɔyɛɛ ntɛm yɛɛ aduan no. 8 Na ɔfaa nufusu ani srade ne nufusu ne nantwi ba a osiesiee no no, na ɔde besii wɔn anim; na ɔno de, ogyinaa wɔn anim dua no ase, na wodidii. 9 Na wobisaa no sɛ: Wo yere Sara wɔ he? Na ose: Hwɛ, ɔwɔ ntamadan mu. 10 Na wɔn mu biako kae sɛ: Ampa ara, mɛsan maba wo nkyɛn afedan sesɛɛ, na hwɛ, wo yere Sara anya ɔba. Na Sara tee wɔ ntamadan pon a ɛwɔ n'akyi no ano. 11 Na Abraham ne Sara nyinaa anyin, na wɔadi mfirihyia pii, na nea ɛyɛ mmea no to atwa wɔ Sara ho. 12 Enti Sara serewee ne mu kae sɛ: Sɛ manya mawie aberewa bɔ na me wura nso abɔ akwakoraa yi, na menya anigye? 13 Na AWURADE bisaa Abraham sɛ: Dɛn nti na Sara serewee sɛ: So ampa ne ampa na manyin yi mɛwo ba? 14 So biribi yɛ AWURADE yɛna? Bere a mahyɛ no, mɛsan maba wo nkyɛn afedan sesɛɛ, na Sara anya ɔba. 15 Na Sara sanee sɛ: Menserewee ɛ, efisɛ osuro. Na ose: Daabi, na woaserew. Abraham di ma Sodomfo 16 Na mmarima no sɔre fii hɔ dan wɔn ani kyerɛɛ Sodom, na Abraham ne wɔn kɔe kogyaa wɔn kwan. 17 Na AWURADE kae sɛ: So memfa nea merebɛyɛ yi minsie Abraham anaa? 18 Efisɛ ampa ara, Abraham bɛyɛ ɔman a ɛso na ɛwɔ tumi, na ne mu na wobehyira wiase aman nyinaa. 19 Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fifo a ebedi n'akyi sɛ wonni AWURADE kwan so nyɛ adetrenee, mmu atɛntrenee, na AWURADE ama nea waka Abraham ho no aba no so. 20 Na AWURADE kae sɛ: Sodom ne Gomora nteɛm so, na wɔn nnebɔne yɛ duru dodo nti, 21 meresian makɔhwɛ sɛ wɔayɛ sɛnea nteɛm a edu me nkyɛn no te anaa; na sɛ ɛnte saa a, mahu. 22 Na mmarima no dan wɔn ani fii hɔ kɔɔ Sodom, na Abraham de, na ɔda so gyina AWURADE anim ara. 23 Na Abraham twiw bɛn kae sɛ: So wobɛpra ɔtreneeni ne ɔbɔnefo abom agu anaa? 24 Ebia sesɛɛ atreneefo aduonum wɔ kurow no mu, so wobɛpra wɔn agu, na atreneefo aduonum a ɛwɔ mu no nti woremfa mfiri kurow no anaa? 25 Eyi mpare wo sɛ wubedi saa asɛm yi, sɛ wubekum ɔtreneeni ne ɔbɔnefo afra, na ɔtreneeni ayɛ sɛ ɔbɔnefo; eyi mpare wo. Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee anaa? 26 Na AWURADE kae sɛ Sɛ mihu atreneefo aduonum Sodom kurow mu a, wɔn nti mede mefiri kurow no nyinaa. 27 Na Abraham buae sɛ: Hwɛ, meyɛ mfutuma ne nso de, nanso masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa: 28 Se ebia atreneefo aduonum no so tew anum a, so anum no nti wobɛsɛe kurow no nyinaa? Na ose: Sɛ mihu aduanan anum wɔ hɔ a, merensɛe hɔ. 29 Na Abraham toaa so kasa kyerɛɛ AWURADE bio sɛ: Ebia wobehu aduanan wɔ hɔ. Na AWURADE buae se: Aduanan no nti merenyɛ. 30 Ɛnna ɔkae sɛ: Mma AWURADE bo mmfuw, na ma menkasa: Ebia wobehu aduasa wɔ hɔ. Na ose: Sɛ mihu aduasa wɔ hɔ a, merenyɛ. 31 Na ɔkae sɛ: Hwɛ, masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa. Ebia wobehu aduonu wɔ hɔ. Na ose: Aduonu no nti merensɛe hɔ. 32 Na ɔkae sɛ: Mma Awurade bo mmfuw, na menkasa prɛko pɛ yi: Ebia wobehu edu wɔ hɔ. Na ose: Edu no nti merensɛe hɔ. 33 Na AWURADE ne Abraham wiee ɔkasa no, ɔkɔe, na Abraham san baa ne fi. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana