1 Mose 17 - KYERƐW KRONKRONApam no ho nsenkyerɛnne 1 Na Abram dii mfirihyia aduakron akron no, AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ no sɛ: Mene Nyankopɔn, Tweaduampɔn, nantew m'anim, na yɛ pɛ. 2 Na mɛma m'apam ada me ne wo ntam, na mama woadɔ kɛse ara. 3 Na Abram daa hɔ de n'anim butuw fam; na Onyankopɔn ne no kasae sɛ 4 Me de, hwɛ, m'apam da hɔ ma wo, na mɛyɛ wo aman pii agya. 5 Na wɔremfrɛ wo din Abram, a ase ne: Agya a wɔama no so bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham ase ne: Nnipakuw agya, efisɛ mayɛ wo aman pii agya. 6 Na mɛma woadɔ pii pa, na mɛyɛ wo aman, na ahene afi wo mu. 7 Na mɛma me ne wo ne w'asefo a ebedi w'akyi no apam agyina wɔ wɔn awo ntoatoaso mu, na ayɛ daa apam, na mayɛ wo ne w'asefo a ebedi w'akyi no Nyankopɔn. 8 Na mede asase a woyɛ so hɔho yi, Kanaan asase nyinaa, mɛma wo ne w'asefo a ebedi w'akyi, sɛ daa awunnyade, na mayɛ wɔn Nyankopɔn. 9 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo de, di m'apam so, wo ne w'asefo a ebedi w'akyi awo ntoatoaso mu. 10 Eyi ne me ne w'asefo a ebedi w'akyi no ntam apam a munni so: Wontwitwa mo mu mmarima nyinaa twetia. 11 Na muntwa mo ho twetia, na ayɛ me ne mo ntam apam no ho sɛnkyerɛnne. 12 Na ɔbabarima biara a wadi nna awotwe no, muntwa no twetia mo awo ntoatoaso mu, nea wɔawo no ofie ne nea wɔde sika tɔɔ no wɔ ɔhɔho biara a ɔnyɛ w'aseni nkyɛn. 13 Otwa na twa nea wɔawo no wɔ wo fi ne nea wɔde wo sika tɔɔ no twetia, na m'apam atena mo honam mu sɛ daa apam. 14 Na ɔbarima momonoto biara a wontwaa no twetia no, saa onipa no wobetwa no afi ne man mu, wato m'apam. 15 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo yere Sarai de, mfrɛ no Sarai bio, na mmom Sara, ase ne: Ɔhene babea. 16 Na mehyira no, na mama wo ne mu ba nso. Yiw, mehyira no, na ɔbɛyɛ ɔmankɛse. Aman ahemfo befi ne mu. 17 Na Abraham de n'anim butuw fam serewee, na ɔkae ne komam sɛ: So wɔbɛwo ɔba ama nea wadi mfirihyia ɔha, na Sara a wadi mfe aduakron no bɛwo anaa? 18 Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: O, enne anka ma Ismael nya w'anim adom ɛ! 19 Na Onyankopɔn kae sɛ: Ampa ne ampa, wo yere Sara bɛwo ba ama wo, na woato ne din Isak ase ne: Ɔserew. Na mɛma me ne no apam agyina ayɛ daa apam ama n'asefo a ebedi n'akyi no. 20 Na Ismael ho de, matie wo. Hwɛ, mehyira no, na mama wawo, na wadɔɔso pii pa ara. Atitiriw dumien na ɔbɛwo, na mayɛ no ɔman kɛse. 21 Na m'apam de, me ne Isak a Sara bɛwo no ama wo afedan sesɛɛ no na ɛbɛpam ama agyina. 22 Na ɔne no wiee kasa no, Onyankopɔn fii Abraham nkyɛn kɔɔ ɔsoro. 23 Na Abraham faa ne ba Ismael ne wɔn a wɔawo wɔn wɔ ne fi nyinaa ne wɔn a wɔde ne sika tɔɔ wɔn nyinaa, Abraham fifo mu mmarima nyinaa, na otwaa wɔn twetia da no ara, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. 24 Na Abraham adi mfirihyia aduakron akron na wotwaa no twetia, 25 na ne ba Ismael adi mfe dumiɛnsa na wotwaa no twetia. 26 Da no ara na wotwitwaa Abraham ne ne ba Ismael twetia. 27 Na ne fifo nyinaa, wɔn a wɔwoo wɔn wɔ ne fi ne wɔn a wɔde sika totɔɔ wɔn wɔ ahɔho nkyɛn, wotwitwaa wɔn twetia kaa ne ho. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana