1 Mose 15 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn ne Abraham yɛ Apam 1 Nsɛm yi akyi no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w'akatua bɛdɔɔso pii. 2 Na Abram se: AWURADE Nyankopɔn, ɛdɛn na wode bɛma me? Minni ba na menam, so nea obedi m'ade ne Damaskoni Eliesa anaa? 3 Na Abram kae se: Ao, me de, woamma me asefo, na hwɛ, me fienipa na obedi m'ade. 4 Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Ɛnyɛ oyi na obedi w'ade, na nea obefi wo ankasa asen mu no na obedi w'ade. 5 Na ɔde no fii adi kae sɛ: Hwɛ ɔsoro ɛ, na kan nsoromma sɛ wubetumi akan anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w'asefo bɛyɛ nen. 6 Na Abram gyee AWURADE dii, na obuu eyi sɛ trenee maa no. 7 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ Mene AWURADE a ɔde wo fii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ mede asase yi mɛma wo sɛ awunnyade. 8 Na ose. AWURADE Nyankopɔn, ɛdɛn na mede mehu sɛ menya? 9 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nantwi ba a wadi mfe abiɛsa ne abirekyi a wadi mfe abiɛsa ne odwennini a wadi mfe abiɛsa ne aturukuku ne aborɔnoma ba brɛ me. 10 Na ɔde eyi nyinaa brɛɛ no, na ɔpaepaee wɔn mu abien abien, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ anim totoo hɔ; na nnomaa no de, wampaepae wɔn mu. 11 Na nnomaa a wodi nam besisii mmoa afunu no so, na Abram pam wɔn. 12 Na owia reyɛ akɔtɔ no, Abram daa nnahɔɔ, na hwɛ, ehu ne esum kabii duruu no so. 13 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Ohu na hu sɛ w'asefo bɛyɛ ahɔho asase a ɛnyɛ wɔn de so, na wɔasom wɔn, na wɔbɛhaw wɔn mfirihyia ahannan. 14 Na ɔman a wɔbɛsom wɔn no, mebu wɔn atɛn, na akyiri no, wɔde ahode pii befi hɔ akɔ. 15 Na wo de, wobɛkɔ w'agyanom nkyɛn asomdwoe mu, na wɔasie wo nkwakorabere pa mu. 16 Na awo ntoatoaso anan mu na wɔbɛsan aba ha, efisɛ Amorifo amumɔyɛ nnya nnui ɛ. 17 Na owia tɔe na esum kusuu durui no, hwɛ, biribi a ɛte se gyaframa a efi wusiw ne gyatɛn a ɛdɛw bɛfaa afaafa no ntam. 18 Da no ara na AWURADE ne Abram pamee sɛ: W'asefo na mede asase yi mama wɔn, efi Misraim asubɔnten ho de kosi asubɔnten kɛse, Eufrate asubɔnten, no so: 19 Kenifo, Kenisifo, Kadmonifo, 20 Hetifo, Perisifo, Refaimfo, 21 Amorifo, Kanaanfo, Girgasifo, ne Yebusifo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana