1 Mose 12 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn frɛ Abram 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo de, fi w'asase so ne w'abusua mu ne w'agya fi, kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so. 2 Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo, na mama wo din so, na woayɛ nhyira. 3 Na mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa. 4 Na Abram kɔe sɛnea AWURADE kasa kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔe. Na Abram fii Haran no, na wadi mfe aduɔsɔn anum. 5 Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahode a wɔanya nyinaa ne nnipa a wɔnyaa wɔn wɔ Haran, na wofii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so; na woduu Kanaan asase so. 6 Na Abram twaam asase no so koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Sikem, toaa so koduu More pɔw ho. Nso bere no mu no, na Kanaanfo wɔ asase no so. 7 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kae sɛ: W'asefo na mede asase yi mɛma wɔn. Na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no. 8 Na otutu fii hɔ kɔɔ Betel apuei bepɔw bi so, na osii ne ntamadan, Betel da atɔe, na Ai da apuei; na osii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE. 9 Na Abram dii atutena ara kɔɔ negeb. Abram kɔ Misraim 10 Na ɔkɔm baa asase no so, na Abram sian kɔtenaa Misraim kɔyɛɛ ɔhɔho wɔ hɔ, efisɛ ɔkɔm no mu yɛɛ den asase no so. 11 Na ɔreyɛ adu Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: Hwɛ, minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ, 12 na ɛbɛba sɛ Misraimfo hu wo a, wɔbɛka sɛ ne yere ni, na wɔakum me, na wɔama woatena ase. 13 Enti ka sɛ, me nua ne wo, na wo nti wɔayɛ me yiye, na matena ase. 14 Na Abram duu Misraim no, Misraimfo huu ne yere no sɛ ne ho yɛ fɛ sɛ. 15 Na Farao atitiriw huu no, na wɔkɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, na wɔbɛfaa ɔbea no kɔɔ Farao fi. 16 Na ne nti ɔyɛɛ Abram yiye; na onyaa nguan ne anantwi ne mfurum ne nkoa ne mfanaa ne mfurummere ne yoma. 17 Na Abram yere Sarai ho asɛm no nti AWURADE de ɔhaw akɛse haw Farao ne ne fi. 18 Na Farao frɛɛ Abram kae sɛ ɛdɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yere? 19 Adɛn nti na wuse: ɔyɛ me nua? Na afei, hwɛ, wo yere ni, fa no na kɔ wo kwan. 20 Na Farao tuu nnipa maa no sɛ wonkogya no ne ne yere ne nea ɔwɔ nyinaa kwan. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana