Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 11 - KYERƐW KRONKRON


Babel Abantenten

1 Na asase nyinaa sofo yɛ anokoro kasa ɔkasa koro.

2 Na ɛbae sɛ wotuu kwan faa apuei no, wohuu asasetaw bi wɔ Sinear asase so, na wɔtenaa hɔ.

3 Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntayaa, na yɛnto! Na ntayaa no yɛɛ wɔn abo, na ama yɛɛ wɔn dɔte.

4 Ɛnna wɔkae sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekye kurow, na yɛnto abantenten a n'atifi bedu soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.

5 Na AWURADE sane bɛhwɛɛ kurow ne abantenten a nnipa mma reto no.

6 Na AWURADE kae sɛ: Hwɛ, wɔyɛ ɔman biako, na wɔn nyinaa kasa ɔkasa koro na nea wɔafi ase reyɛ ni; na afei, biribiara rentumi nsiw wɔn nea wosusuw sɛ wɔbɛyɛ no biara ho kwan.

7 Wiɛ, momma yensian nkɔ hɔ na yɛnkɔyɛ wɔn kasa basabasa, na wɔn mu biara ante ne yɔnko kasa bio.

8 Na efi hɔnom na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani, na wogyaee kurow no kyekye.

9 Enti na wɔfrɛ hɔ Babel ase ne: Basabasa, efisɛ ɛhɔ na AWURADE yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa, na efi hɔ na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani.


Sem awo ntoatoaso

10 Eyinom ne Sem awo ntoatoaso: Sem dii mfirihyia ɔha na ɔwoo Arfaksad, nsuyiri no akyi mfe abien.

11 Na Sem woo Arfaksad no akyi no, odii mfe ahannum, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

12 Na Arfaksad dii mfirihyia aduasa anum na ɔwoo Sela.

13 Na Arfaksad woo Sela no akyi no, odii mfe ahanan ne abiɛsa, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

14 Na Sela dii mfirihyia aduasa na ɔwoo Eber.

15 Na Sela woo Eber no akyi no, odii mfe ahanan ne abiɛsa, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

16 Na Eber dii mfirihyia aduasa anan na ɔwoo Peleg.

17 Na Eber woo Peleg no akyi no, odii mfe ahanan aduasa, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

18 Na Peleg dii mfirihyia aduasa na ɔwoo Reu.

19 Na Peleg woo Reu no akyi no, odii mfe ahanu ne akron, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

20 Na Reu dii mfirihyia aduasa abien na ɔwoo Serug.

21 Na Reu woo Serug no akyi no, odii mfe ahanu ne asɔn, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

22 Na Serug dii mfirihyia aduasa na ɔwoo Nahor.

23 Na Serug woo Nahor no akyi no, odii mfe ahanu, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

24 Na Nahor dii mfirihyia aduonu akron na ɔwoo Tera.

25 Na Nahor woo Tera no akyi no, odii mfe ɔha ne dunkron, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

26 Na Tera dii mfirihyia aduɔsɔn, na ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.


Abram agya Tera awo ntoatoaso

27 Na eyinom ne Tera awo ntoatoaso: Tera woo Abram ne Nahor ne Haran, na Haran woo Lot.

28 Na Haran wui n'agya Tera anim, asase a wɔwoo no wɔ so no so, ɛne Ur a ɛwɔ Kaldea.

29 Na Abram ne Nahor waree yerenom, Abram yere din de Sarai, na Nahor yere din de Milka a ɔyɛ Haran babea. Na Haran yɛ Milka ne Iska agya.

30 Na Sarai yɛ obonin, onni ba.

31 Na Tera faa ne ba Abram ne ne nena Lot, Haran ba ne n'ase Sarai, ne ba Abram yere, na ɔne wɔn fii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ.

32 Na Tera nna si mfe ahanu ne anum, na Tera wui wɔ Haran.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan