1 Korintofo 9 - KYERƐW KRONKRONPaulo ahopakyi nhwɛso 1 Menne me ho anaa? Menyɛ ɔsomafo anaa? Minhuu yɛn Awurade Yesu anaa? Monyɛ m’adwuma Awurade Yesu anaa? 2 Sɛ menyɛ ɔsomafo mma ebinom a, mo de, meyɛ ɔsomafo ma mo; efisɛ me somafoyɛ nsɔano ne mo, Awurade mu. 3 M’anoyi a miyi mekyerɛ wɔn a wɔhwehwɛ me dwumadi mu ni. 4 Yenni ho kwan sɛ yedidi na yɛnom? 5 Yenni ho kwan sɛ yɛde onuabea a ɔyɛ ɔyere kyin sɛ asomafo a aka no ne Awurade nuanom ne Kefa? 6 Anaasɛ me ne Barnaba nko ara na yenni ho kwan sɛ yegyae adwumayɛ? 7 Hena na ɔkɔ ɔsa na n’ankasa tua ne ho ka? Hena na ɔyɛ bobe turo, na onni n’aba bi? Anaasɛ hena na ɔhwɛ mmoakuw, na ɔnnom wɔn nufusu no bi? 8 Meka eyi nnipa fam, na mmara no nso nka saa? 9 Na wɔakyerɛw Mose mmara no mu sɛ: Nkyekyere nantwi a ɔreporow aburow no ano. Nantwi no na ne ho hia Onyankopɔn, 10 anaasɛ yɛn nti na ɔka saa? Na yɛn nti na wɔakyerɛw sɛ ɛsɛ nea ofuntum asase no sɛ ofuntum no anidaso mu, na nea ɔporow aburow no yɛ no anidaso mu, sɛ obenya mu bi. 11 Sɛ yeduaa honhom fam nneɛma maa mo a, ɛyɛ ade kɛse a ɛso, sɛ yebetwa mo honam fam nneɛma afi mo hɔ? 12 Sɛ nnipa bi wɔ mo so tumi yi bi a, yenni nsen wɔn anaa? Nanso yɛamfa saa tumi yi anyɛ nea yɛpɛ, na mmom yɛpene nneɛma nyinaa so na yɛansiw Kristo asɛmpa no kwan. 13 Munnim sɛ wɔn a wɔyɛ asɔredan mu adwuma no di asɔredan ho ade no bi, na wɔn a wɔte afɔremuka ho no didi afɔremuka no ho? 14 Saa ara na Awurade nso ahyehyɛ sɛ wɔn a wɔka n’asɛmpa no nnidi asɛmpa no ho. 15 Na me de, mamfa eyinom biara anyɛ hwee. Na mankyerɛw eyinom sɛ wɔnyɛ no saa mma me; na eye ma me mmom sɛ anka miwu kyɛn sɛ obi bɛma m’ahohoahoa ayɛ kwa. 16 Na sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ ade a mede hoahoa me ho, efisɛ etwa sɛ meka, na sɛ menka asɛmpa no a, minnue! 17 Na sɛ meyɛ no anigye so a, mewɔ akatua; sɛ nso manyɛ no anigye so a, wɔde ofiehwɛ adwuma no ahyɛ me nsa ara. 18 Afei m’akatua ne nea ɛwɔ he? Ɛne sɛ, meka asɛmpa no a, memfa akatua biara mmata ho, na mamfa tumi a wɔde ama me wɔ asɛmpa no ho no manyɛ biribi. 19 Na mede me ho ade nyinaa mu de, nanso mede me ho mayɛ akoa mama nnipa nyinaa, na manya dodow. 20 Meyɛɛ me ho sɛ Yudani memaa Yudafo, na manya Yudafo; wɔn a wɔwɔ mmara ase no, (ɛwom sɛ menhyɛ mmara ase de), nanso meyɛɛ me ho sɛ nea ɔwɔ mmara ase memaa wɔn, na manya wɔn a wɔwɔ mmara ase no. 21 Wɔn a wɔnhyɛ mmara ase no, meyɛɛ me ho memaa wɔn sɛ obi a ɔhyɛ mmara ase, (ɛnyɛ sɛ minni mmara wɔ Onyankopɔn anim, na mmom mewɔ Kristo mmara mu), na manya wɔn a wonni mmara no. 22 Wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, meyɛɛ me ho sɛnea ɔyɛ mmerɛw memaa wɔn, na manya wɔn a wɔyɛ mmerɛw no; mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa, na ɛyɛ dɛn ara a, magye ebinom nkwa. 23 Na eyi nyinaa, asɛmpa no nti na meyɛ, na manya emu nhyira no bi. 24 Munnim sɛ wɔn a wosi ammirika kane no, wɔn nyinaa tu mmirika no de, nanso obiako na onya nkunim bo no? Saa ara na muntu mmirika,, na moanya bi. 25 Na obiara a osi agodi kane no, ɔsɔre ne ho nneɛma nyinaa mu; na wɔn de, wɔyɛ na wɔanya abotiri a ɛsɛe, na yɛn de, nea ɛnsɛe. 26 Ne saa nti me de, mmirika a mitu yi, mintu no asunsumabo mu; kuturuku a mebɔ yi, memmɔ no sɛ nea ɔreboro mframa, 27 na mmom mehyɛ me nipadua yaw, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa wayi me tokyene. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana