Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Korintofo 8 - KYERƐW KRONKRON


Aduan a wɔde ma Abosom

1 Na abosom afɔrebɔde ho de, yenim sɛ, yɛn nyinaa wɔ ho nimdeɛ. Nimdeɛ ma ahohoahoa, na ɔdɔ de, ɛma nkɔso.

2 Na sɛ ɛyɛ obi sɛ onim biribi a, onnya nhui sɛnea ɛsɛ sɛ ohu.

3 Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no.

4 Na abosom afɔrebɔde di ho de, yɛn de yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee wiase, efisɛ onyame biara nni hɔ sɛ obiako no ara.

5 Na sɛ nso ɔsoro oo, asase so oo, nneɛma a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ, sɛ anyame pii ne awurade pii wɔ hɔ no a,

6 yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.

7 Nanso saa nimdeɛ yi nni nnipa nyinaa mu; enti ebinom de, abosom ho gyidi a wɔwɔ de besi nnɛ no di sɛ abosom afɔrebɔde, na ɛnam sɛ wɔn ahonim yɛ mmerɛw nti, efi ka wɔn.

8 Na aduan nkamfo yɛn mma Nyankopɔn; na ɛnyɛ sɛ yedi a, yɛbɛyɛ ma, anaasɛ yenni a, yɛbɛtɔ sin.

9 Na monhwɛ yiye, na ɛho kwan a mowɔ no anto wɔn a wɔyɛ mmerɛw no hintidua.

10 Na sɛ obi hu wo a wowɔ nimdeɛ, no sɛ wote abosonnan mu adidii a, ɛremma n’ahonim a ɛyɛ mmerɛw no nnya nnyinaso nkodi abosom afɔrebɔde anaa?

11 Ɛnne na ɛnam wo nimdeɛ so na onua a ɔyɛ mmerɛw, a ne nti Kristo wui no bɛyera.

12 Na sɛ moyɛ anuanom bɔne saa pira wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛw no a, moreyɛ Kristo bɔne.

13 Enti sɛ aduan to me nua hintidua a, ɛnne merenni ara da, na manto me nua hintidua.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan