Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Korintofo 6 - KYERƐW KRONKRON


Wiasefo anim asɛnni

1 Sɛ mo mu bi ne ne yɔnko nya asɛm a, onsi ne bo de no nkɔ asɛnnii wɔn a wɔnteɛ anim, na ɔmfa no nkɔ ahotefo anim anaa?

2 Munnim sɛ ahotefo na ebebu wiase atɛn anaa? Na sɛ mo na mubebu wiase atɛn a, ɛnsɛ mo sɛ mudi nsɛm nketewa anaa?

3 Munnim sɛ yebebu abɔfo atɛn? Na menne asetena yi mu nneɛma?

4 Na sɛ mowɔ asetena yi mu nneɛma ho nsɛm a, wɔn a wommu wɔn asafo no mu no na mode wɔn yɛ baguafo?

5 Meka eyi mehyɛ mo aniwu. Onyansafo biako po nni mo mu a obetumi abu onua ne onua ntam atɛn anaa?

6 Adɛn na onua de onua kɔ asɛnnii wɔn a wonnye nni anim yi?

7 Mfomso anya aba mo mu sɛ mone mo ho mo ho wowɔ nsɛmnsɛm. Adɛn na momma wonni mo amim mmom? Adɛn na momma wonsisi mo mmom?

8 Mo mmom na mudi amim, na musisi, na mode yɛ anuanom mpo.

9 Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo: Aguamammɔfo, abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima ahohwifo ne mmarima a wɔne wɔn ho da

10 awifo, aniberefo, asabofo, ntɔkwapɛfo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.

11 Saa na anka mo mu bi te ara nen; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


Fa wo nipadua hyɛ Onyankopɔn anuonyam

12 Mewɔ nneɛma nyinaa ho kwan, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na eye; mewɔ ade nyinaa ho kwan, nanso memma biribi nhyɛ me so.

13 Aduan yɛ ɔyafunu dea, na ɔyafunu yɛ aduan dea, na Onyankopɔn bɛma n’abien nyinaa ayɛ ɔkwa. Na nipadua nyɛ aguamammɔ dea, na ɛyɛ Awurade dea, na Awurade yɛ nipadua dea.

14 Na Onyankopɔn anyan Awurade, na ɔnam ne tumi so benyan yɛn bi.

15 Munnim sɛ mo nipadua yɛ Kristo akwaa bi? Memfa Kristo akwaa menkɔyɛ aguaman akwaa? Ɛmpare me!

16 Anaasɛ munnim sɛ nea ɔde ne ho bɔ aguamammɔfo ho no, na ɔne no ayɛ nipadua koro anaa? Efisɛ ɔka sɛ: Wɔn baanu bɛyɛ ɔhonam koro.

17 Na nea ɔde ne ho bɔ Awurade ho no ne no yɛ honhom koro.

18 Munguan aguamammɔ! Bɔne biara a onipa yɛ no nni nipadua mu, na nea ɔbɔ aguaman no de, ɔyɛ n’ankasa nipadua bɔne.

19 Anaasɛ munnim sɛ mo nipadua yɛ Honhom Kronkron a ɔwɔ mo mu, a munya fii Onyankopɔn hɔ no asɔredan, na monne mo ho?

20 Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn anuonyam mo nipadua mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan