Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Korintofo 5 - KYERƐW KRONKRON


Abrabɔ bɔne a ɛda adi asafo no mu

1 Wɔabɛka sɛ aguamammɔ wɔ mo mu, aguamammɔ a enni abosonsomfo mpo mu, sɛ obi ne n’agya yere da.

2 Na morehoahoa mo ho, na mo werɛ anhow amma wɔanyi nea ɔyɛɛ saa ade no amfi mo mu.

3 Na me de, minni hɔ ɔhonam fam de, nanso mewɔ hɔ honhom mu, na mabu nea ɔyɛɛ saa ade yi atɛn dedaw te sɛ mewɔ hɔ.

4 Sɛ mo ne me honhom hyia yɛn Awurade Yesu din mu na yɛn Awurade Yesu tumi ka ho a,

5 momfa onii no nhyɛ Satan nsa, na ɔhonam no nsɛe, na wɔagye honhom no nkwa, Awurade da no.

6 Mo ahohoahoa nyɛ fɛ. Munnim sɛ mmɔkaw kakra na ɛkaw mmɔre nyinaa?

7 Enti munyi mmɔkaw dedaw no, na moayɛ mmɔre foforo, sɛnea moyɛ apiti no. Efisɛ wɔakum yɛn twam guan Kristo no nso.

8 Enti momma yɛnhyɛ fa, ɛnyɛ mmɔkaw dedaw no mu, nanso ɛnyɛ bɔneyɛ ne amumɔyɛ mmɔkaw mu, na mmom Kronkronyɛ ne nokware apiti mu.


Wɔammu Paulo kɔkɔbɔ

9 Makyerɛw mo nhoma no mu sɛ mo ne nguaman nnni afra.

10 Ɛnyɛ wiase nguamammɔfo anaa aniberefo ne amimfo anaa abosonsomfo ho asɛm koraa na mereka; ɛnne, na anka ɛsɛ sɛ mufi wiase kɔ.

11 Na afei makyerɛw mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ oguamammɔfo anaa oniberefo anaa ɔbosonsonni anaa ntɔkwapɛfo anaa ɔsabofo anaa omimfo a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.

12 Na ɛfa me ho dɛn sɛ mebu wɔn a wɔmfra mo mu no nso atɛn bi? Ɛnyɛ wɔn a wɔfra mo mu no na mubu wɔn atɛn?

13 Na wɔn a wɔmfra mo mu no, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn. Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan