1 Korintofo 4 - KYERƐW KRONKRONKristo asomafo 1 Momma obiara mmu yɛn sɛ Kristo asomfo ne Nyankopɔn ahintasɛm so ahwɛfo. 2 Na afei, nea wɔhwehwɛ ofiehwɛfo hɔ ne sɛ obiara behu sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. 3 Na me de, ɛyɛ me ade ketewa bi sɛ mo anaa nnipa bi hyɛ da bu me atɛn, nso mimmu me ho atɛn. 4 Efisɛ mede minhu biribi wɔ me ho, nanso ɛnyɛ eyi ho na midi bem; na nea obu me atɛn ne Awurade. 5 Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn, kosi sɛ bere no bedu ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde nea ahintaw sum mu bɛba hann mu, na wayi komam agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no. 6 Na, anuanom, mo nti na mede asɛm yi metoo me ne Apolo ho mekyerɛɛ mo, na moasua yɛn sɛ munnnwen nntra nea wɔakyerɛw so, na mo mu bi anhoahoa ne ho ne obi anni asi. 7 Na hena na ɔma wo da nso wɔ afoforo mu? Na ɛdɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wunyae a, adɛn na wohoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ nya na wunyae? 8 Moawie mee dedaw, yiw, moawie mo ho nya, moakwati yɛn adi ahene. Sɛ mudii ahene ampa a, anka eye, na yɛn nso ne mo adi bi. 9 Na ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn de yɛn asomafo adi akyiri sɛ wɔn a wɔayi wɔn ama owu, efisɛ yɛayɛ ahwɛde ama wiase ne abɔfo ne nnipa. 10 Kristo nti yɛyɛ nkwaseafo, na mo de, moyɛ anyansafo, Kristo mu; yɛyɛ mmerɛw, na mo de, moyɛ den. Mo de, moyɛ anuonyamfo, na yɛn de, yɛyɛ ahohorafo. 11 Ɛde besi dɔn yi mu, ɔkɔm ne sukɔm de yɛn, na yɛda adagyaw, na wɔboro yɛn, na yenni baabi te, 12 na yɛbrɛ de yɛn ankasa nsa yɛ adwuma. Wɔyaw yɛn a, yehyira, wɔtaa yɛn a, yɛpene so, 13 wɔsɛe yɛn din a, yɛka abodwosɛm. Yɛayɛ sɛ wiase fi, nnipa nyinaa mu sumina de besi nnɛ. Agya afotu 14 Menkyerɛw eyi memmegu mo anim ase, na mmom mede rebetu mo fo sɛ me mma adɔfo. 15 Na sɛ mowɔ ahwɛfo ɔpedu wɔ Kristo mu mpo a, munni agyanom bebree; na me na menam asɛmpa no so mewoo mo Kristo Yesu mu. 16 Enti mitu mo fo sɛ: Monhwɛ me nsua me! 17 Eyi nti na masoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne nokwafo Awurade mu aba mo nkyɛn, ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu, sɛnea mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu mmaa nyinaa. 18 Na ebinom rehoahoa wɔn ho sɛnea meremma mo nkyɛn. 19 Nso sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ na maba mo nkyɛn, na mabehu wɔn a wɔrehoahoa wɔn ho no tumi, na ɛnyɛ wɔn nsɛm. 20 Na Onyankopɔn ahenni nni kasa ara kɛkɛ mu, na mmom tumi mu. 21 Nea ɛwɔ he na mopɛ? Memfa abaa memmra mo nkyɛn, anaa ɔdɔ ɛne odwo honhom? |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana