Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Korintofo 3 - KYERƐW KRONKRON


Mpaepaemu a ɛwɔ Korinto Asafo no mu

1 Na me nso, anuanom, mantumi ne mo ankasa sɛ honhom mufo, na mmom sɛ ɔhonam mufo, sɛ Kristo mu nkokoaa.

2 Nufu na mede memaa mo numii, na ɛnyɛ aduan; efisɛ na muntumi nnye, na mprempren ara mpo muntumi.

3 Na moda so ara yɛ ɔhonam mufo. Na bere a ahoɔyaw ne mpaepaemu wɔ mo mu yi, monyɛ ɔhonam mufo, na monnantew nnipa mu anaa?

4 Na sɛ obi se: Me de, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me de mewɔ Apolo afa a, na monyɛ ɔhonam mufo anaa?

5 Na Apolo ne hena? Paulo ne hena? Wɔyɛ asomfo a monam wɔn so agye adi, na wɔn mu biara wɔ nea Awurade de ama no.

6 Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔmaa no nyinii.

7 Enti ɛnyɛ nea odua, na ɛnyɛ nea ogugu so nsu na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔmaa no nyinii.

8 Na nea odua ne nea ogugu so nsu yɛ biako, na wɔn mu biara benya n’akatua sɛnea n’ankasa n’adwuma te.

9 Na yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛfo; a yɛne no bom yɛ adwuma, moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.

10 Onyankopɔn adom a ɔde adom me no so na menam meto fapem sɛ ɔdansifo nyansafo, na obi to so; na obiara a ɔto so no nhwɛ sɛnea ɔto so fa.

11 Na fapem foforo de, obiara rentumi nto nka nea ɛhyɛ hɔ dedaw a ɛne Yesu Kristo no ho.

12 Nanso sɛ obi de sika kɔkɔɔ, dwetɛ, abohene, nnua, sare, burodua to fapem yi so a,

13 obiara adwuma bɛda adi, na ɛda no beyi no adi, efisɛ ogya mu na ɛbɛda adi, na sɛnea obiara adwuma te no, ogya no bɛsɔ ahwɛ;

14 sɛ obi adwuma a wato asi so gyina a, obenya akatua.

15 Sɛ obi adwuma hyew a, ɔbɛhwere ade; n’ankasa de, wobegye no nkwa, nanso ɛte sɛ ɛnam ogya mu.

16 Munnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn honhom te mo mu anaa?

17 Sɛ obi sɛe Onyankopɔn asɔredan a, ɔsɛe na Onyankopɔn bɛsɛe no; efisɛ Onyankopɔn asɔredan ho tew, na ɛne mo ara.

18 Obiara nnnaadaa ne ho. Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ onyansafo mo mu wiase a, ma ɔnyɛ ɔkwasea, na wayɛ onyansafo.

19 Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Ɔkyere anyansafo wɔn anifere mu.

20 Na bio: Awurade nim anyansafo nsusuwii sɛ ɛyɛ nsusuwii hunu.

21 Enti obiara nnhoahoa ne ho nnipa fam; na nneɛma nyinaa yɛ mo de,

22 Paulo oo, Apolo oo, Kefa oo, wiase oo, nkwa oo, owu oo, ɛnnɛ de oo, daakye oo, nneɛma nyinaa yɛ mo dea,

23 na moyɛ Kristo dea, na Kristo yɛ Onyankopɔn dea.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan