1 Korintofo 2 - KYERƐW KRONKRONKristo a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho asɛm 1 Na me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra so mammɛka mo Onyankopɔn adansesɛm no. 2 Na mebɔɔ me tirim sɛ merenhwehwɛ biribiara wɔ mo hɔ, gye sɛ Yesu Kristo ne sɛ wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. 3 Na me de, mmerɛwyɛ ne ehu ne ahopopo bebree mu na me ne mo tenae. 4 Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu, 5 na mo gyidi annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Onyankopɔn tumi so. Onyankopɔn nokware nyansa no 6 Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu, na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi de, na ɛnyɛ wiase atumfo a wobeyi wɔn hɔ no de, 7 na mmom yɛka Onyankopɔn nyansa ahintasɛm mu, nyansa a wɔde siei a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn anuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase ase. 8 Nea wiase yi atumfo mu biara anhu, na sɛ wohui a, anka wɔammɔ anuonyam Awurade no asɛnnuam, 9 na mmom, sɛnea wɔakyerɛw sɛ nea aniwa nhui, na aso ntee, na ɛmaa onipa koma mu da ne nea Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no. 10 Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn; efisɛ Honhom no pɛɛpɛɛ ade nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no nso. 11 Na nnipa mu hena na onim nea ɛwɔ onipa mu, gye onipa no ankasa honhom a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Nyankopɔn adwene, gye Onyankopɔn honhom. 12 Na yɛn de, ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a ofi Nyankopɔn mu, na yɛahu nea Onyankopɔn de adom yɛn. 13 Nso nea yɛka no, ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ, na mmom nea Honhom no kyerɛkyerɛ, na yɛde honhom ade to honhom ade ho. 14 Na onipa a onni honhom no nnye Onyankopɔn honhom ade, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ontumi nhu mu, efisɛ wobu mu atɛn honhom mu. 15 Na onipa a ɔwɔ honhom mu no de, obu ade nyinaa atɛn, na ɔno de, obi mmu no atɛn. 16 Na hena na wahu Awurade adwene sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ no? Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana