Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Korintofo 16 - KYERƐW KRONKRON


Tow a woyi kɔma Yerusalem asafo no mu ahiafo

1 Na ɛfa tow a wɔde kɔma ahotefo no ho de, sɛnea mehyehyɛe Galatia asafo mu no, mo nso monyɛ saa ara.

2 Daa nnawɔtwe mu da a edi kan no, mo mu biara mfa nea ebesi no yiye ama wanya no nsie, na mamma ansa na wɔayi tow no.

3 Na menya meba a, mɛma wɔn a mode nhoma bɛkyerɛ sɛ wɔsɛ no, de mo ayɛyɛde no akɔ Yerusalem.

4 Na sɛ ɛsɛ sɛ me nso mekɔ bi a, wɔne me akɔ.


Paulo akwantu nhyehyɛe

5 Na metwa mu Makedonia a, mɛba mo nkyɛn; efisɛ Makedonia na merekɔfa.

6 Na ebia mɛtena mo nkyɛn, anaasɛ medi awɔw bere nso mo nkyɛn, na baabiara a mɛkɔ no, moagya me kwan.

7 Na mempɛ sɛ meretwam nko ara na mehu mo, na m’ani da so sɛ Awurade ma ho kwan a, medi mo nkyɛn nna kakra.

8 Na mɛtena Efeso akosi Pentekoste;

9 efisɛ wɔabue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba ama me, na wɔn a wɔasɔre atia dɔɔso.


Timoteo

10 Na sɛ Timoteo ba a, monhwɛ na wamfa ehu ne mo antena; na ɔyɛ Awurade adwuma no bi sɛ me nso.

11 Ɛno nti obiara mmmu no animtiaa, na munnya no kwan asomdwoe mu, na ɔmmra me nkyɛn; na meretwɛn no ne anuanom no.

12 Na onua Apolo de, matu no fo pii sɛ ɔne anuanom no mmra mo nkyɛn; nso ɔmpɛ koraa sɛ ɔba mprempren, na mmom onya ho adagyew a, ɔbɛba.

13 Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.

14 Monyɛ mo ade nyinaa ɔdɔ mu.

15 Na mitu mo fo, anuanom, munim Stefana fifo sɛ wɔne Akaia aba a edi kan, na wɔde wɔn ho ama ahotefo som no,

16 sɛ mo nso mommrɛ mo ho ase mma wɔn a wɔte saa ne obiara a ɔyɛ adwuma no bi na ɔbrɛ mu no.

17 Na m’ani gye Stefana ne Fortunato ne Akaiko ba no ho, efisɛ munni me nkyɛn yi, wɔn na wɔabesi ananmu;

18 na wɔama me honhom ne mo de ahome. Enti monhwɛ wɔn a wɔte saa no yiye!

19 Asafo a ɛwowɔ Asia no kyiakyia mo. Akwila ne Priska ne asafo a ɛwɔ wɔn fi no kyia mo papaapa, Awurade mu.

20 Anuanom nyinaa kyia mo. Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho.

21 Me Paulo me nsam nkyia ni.

22 Sɛ obi mpɛ Awurade Yesu Kristo asɛm a, onnue! Maranata: (Yɛn Awurade, bra!)

23 Awurade Yesu adom ne mo ntena!

24 Me dɔ nka mo nyinaa, Kristo Yesu mu. Amen.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan