Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Korintofo 15 - KYERƐW KRONKRON


Yesu wu ne ne wusɔre

1 Anuanom, afei merekae mo asɛmpa a mekaa mo, na mugyei nso, na mugyina mu nso,

2 na afei wɔnam so gye mo nkwa no, sɛ muso mu dennen sɛnea mekaa mo asɛmpa no a, anyɛ saa de a, na moagye adi kwa.

3 Na nsɛm a edi kan a me nso minyae a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: Yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no.

4 Na wosiee no, na ne nnansa, wonyan no, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no.

5 Na ɔmaa Kefa huu no, ansa na dumien no huu no.

6 Ɛno akyi ɔmaa anuanom bɛboro ahanum huu no prɛko; wɔn mu pii da so tete ase, na ebinom nso adeda.

7 Ɛno akyi ɔmaa Yakob huu no ansa na asomafo no nyinaa rehu no.

8 Wɔn nyinaa akyi na ɔmaa me a mete sɛ nea wɔapatuw awo no nso huu no.

9 Na mene asomafo no mu akumaa a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo mpo, efisɛ metaa Onyankopɔn asafo no;

10 na Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi, na n'adom a ɔde dom me no anyɛ ɔkwa, na mmom meyɛ adwuma bebree mesen wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn adom a ɛka me ho no nti.

11 Enti sɛ ɛyɛ me oo, ɛyɛ wɔn oo, saa na yɛka, na saa na mugye dii.


Awufo sɔre

12 Na sɛ wɔka Kristo ho sɛ wɔanyan no afi awufo mu a, adɛn na mo mu binom ka sɛ: Awufo sɔre nni hɔ?

13 Na sɛ awufo sɔre nni hɔ a, na wɔannyan Kristo nso;

14 na sɛ wɔannyan Kristo a, na yɛn asɛnka yɛ ɔkwa, na mo gyidi nso yɛ hunu.

15 Na wobehu yɛn nso sɛ Onyankopɔn ho adansekurumfo, efisɛ yedii Nyankopɔn adanse sɛ onyan Kristo, na sɛ awufo nnyan a, ɛnne na wannyan ɔno nso.

16 Na sɛ awufo nnyan a, na wɔannyan Kristo nso.

17 Na sɛ wɔannyan Kristo a, na mo gyidi yɛ ohunu, na moda so wɔ mo bɔne mu.

18 Ɛno de na wɔn a wɔdedae Kristo mu no ayera.

19 Sɛ nkwa yi mu nko ara na yɛwɔ Kristo mu anidaso a, ɛnne na yɛne nnipa nyinaa mu mmɔborɔfo.


Kristo wusɔre bɛma wɔn nyinaa asɔre bi

20 Nanso afei de, wɔanyan Kristo afi awufo mu ayɛ wɔn a wɔadeda no mu aduaba a edi kan.

21 Na sɛnea ɛnam onipa so na owu bae no, sɛ nso awufo sɔre nam onipa so bae ne no.

22 Na sɛnea wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa benya nkwa Kristo mu ne no.

23 Na obiara wɔ ne dibea: Kristo ne aduaba a edi kan, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea, ne ba mu no, di hɔ,

24 ansa na awiei no di hɔ, bere a ɔde ahenni ne ahoɔden no bɛhyɛ Agya Onyankopɔn nsa, na watu ahenni ne ahoɔden ne tumi nyinaa agu no.

25 Na etwa sɛ odi hene kosi sɛ ɔde atamfo no nyinaa bɛhyɛ ne nan ase.

26 Ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu no ne owu.

27 Na ɔde ade nyinaa agu ne nan ase. Na sɛ ɔka sɛ ɔde ade nyinaa agu ne nan ase a, emu da hɔ pefee sɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no nka ho.

28 Na sɛ onya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, ɛno ansa na ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.


Awufo asubɔ

29 Na anka wɔn a wɔma wɔbɔ wɔn asu ma awufo no, wɔyɛ de gye dɛn? Sɛ awufo nnyan koraa a, ɛdɛn nti na wɔma wɔbɔ wɔn asu ma wɔn?

30 Adɛn nti na yɛn nso, amane di yɛn akyi dɔn biara yi?

31 Meka mo ho ahohoahoa a mewɔ no yɛn Awurade Kristo Yesu mu sɛ, miwu da biara.

32 Ɔko a me ne mmoa koe Efeso no, mekoo no nnipa mu a, anka ɛyɛ me mfaso bɛn? Sɛ awufo nnyan a, ɛnne momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu!

33 Mommma wɔnnnaadaa mo! Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.

34 Momma mo ani nna hɔ, tenenee mu, na monnyɛ bɔne, efisɛ ebinom nni Nyankopɔn ho nimdeɛ. Meka eyi mehyɛ mo aniwu.


Ɔsoro nipadua ne fam nipadua

35 Na ebia obi bɛka sɛ: Wobenyan awufo dɛn? Na nipadua bɛn na wɔde bɛba?

36 Ɔkwasea! Nea wodua no rennya nkwa, gye sɛ ewu ansa.

37 Na nea wudua no, ɛnyɛ dua a ɛbɛba no na wudua, na mmom ɛyɛ burofua kwa, ebia awi anaa nea aka no bi.

38 Na Onyankopɔn ma no dua ko a ɔpɛ, na ɔma aba biara n’ankasa ne dua.

39 Nam nyinaa nyɛ nam koro; ɛsono nnipa nam, ɛsono ntɔteboa nam, ɛsono nnomaa nam, na ɛsono mpataa de.

40 Afei ɔsoro nnipadua horow wɔ hɔ, na fam nnipadua horow wɔ hɔ; ɛsono ɔsoro de no anuonyam, na ɛsono fam de no de.

41 Owia anuonyam nko, ɔsram anuonyam nko, nsoromma anuonyam nko; na afei ɛsonsono nsoromma mmiako mmiako anuonyam.


Ɔkra nipadua ne honhom nipadua

42 Sɛ nso awufo sɔre te ne no. Wodua no porɔwee mu, ebenyan nea ɛmporɔw mu.

43 Wodua no nea enni nidi mu, ebenyan anuonyam mu. Wodua no mmerɛw mu, ebenyan tumi mu.

44 Wodua ɔkra nipadua, ebenyan ayɛ honhom nipadua. Sɛnea ɔkra nipadua wɔ hɔ no, saa na honhom nipadua nso wɔ hɔ.

45 Saa ara nso na wɔakyerɛw sɛ: Adam, onipa a odi kan no, yɛɛ ɔkra teasefo. Adam a odi akyiri no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa.

46 Na ɛnyɛ honhom de no na edi kan, na mmom ɔkra de no, ansa na honhom de no reba.

47 Onipa a odi kan no fi fam yɛ famni; onipa a otia abien no fi soro.

48 Sɛnea famni no te no, sɛ nso famfo no te ne no; na sɛ ɔsoroni no te no, sɛ nso ɔsorofo no te ne no.

49 Na sɛnea yɛhyɛɛ famni no suban no, sɛ nso yɛbɛhyɛ ɔsoroni no suban ne no.


Ɛsɛ sɛ nipadua no nsakrae

50 Anuanom, nea meka ne sɛ: Ɔhonam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahenni, nso nea ɛporɔw no nso ntumi nnye nea ɛmporɔw.

51 Hwɛ, meka mo ahintasɛm: Yɛn nyinaa renna, na yɛn nyinaa bɛsakra

52 ntɛm so, mpofirim, torobɛnto a edi akyiri no hyɛn mu; na wɔbɛhyɛn torobɛnto na awufo no anyan sɛ wɔn a wɔmporɔwee da, na yɛn de, yɛbɛsakra.

53 Na etwa sɛ nea ɛporɔw yi hyɛ nea ɛmporɔw no, na nea ewu yi hyɛ nea enwu no.

54 Na sɛ nea ɛporɔw yi nya hyɛ nea ɛmporɔw no, na nea ewu yi nya hyɛ nea enwu no a, ɛno na asɛm a wɔakyerɛw no bɛba mu: Wɔamene owu nkunim mu.

55 O owu, wo nkunim wɔ he? Owu, wo nwowɔee wɔ he?

56 Owu, nwowɔee ne bɔne; na bɔne tumi ne mmara.

57 Aseda nka Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so de nkunim ama yɛn.

58 Enti, me nuanom adɔfo, muntintim, munnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan