Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Korintofo 14 - KYERƐW KRONKRON


Nkɔmhyɛ sen kasa horow

1 Mompɛ ɔdɔ akyi kwan, na mommɔ honhom akyɛde no ho mmɔden, ne titiriw sɛ mobɛhyɛ nkɔm.

2 Nea ɔkasa kasa bi no, ɔnkasa nkyerɛ nnipa na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn; na obiara nte ase, na honhom mu na ɔka ahintasɛm.

3 Na nea ɔhyɛ nkɔm de, ɔka nkɔsosɛm ne afotu ne awerɛkyekye kyerɛ nnipa.

4 Nea ɔkasa kasa bi no ma n’ankasa ne ho nkɔso, na nea ɔhyɛ nkɔm no ma asafo no nkɔso.

5 Mepɛ sɛ anka mo nyinaa kasa kasa horow, nanso nea mepɛ mmom ne sɛ anka mobɛhyɛ nkɔm; na nea ɔhyɛ nkɔm so sen nea ɔkasa kasa horow, gye sɛ ɔkyerɛ ase ma asafo no nya nkɔso.

6 Na afei, anuanom, sɛ meba mo nkyɛn mebɛkasa kasa horow, na me ne mo ankasa adiyi anaa nimdeɛ anaa nkɔmhyɛ anaa ɔkyerɛkyerɛ mu a, mfaso bɛn na mubenya wɔ me ho?

7 Saa ara nso na sɛ nneɛma a nkwa nni mu a egyigye, te sɛ abɛn anaa sanku, sɛ ankyerɛ nnyigyei ahorow no a, ɛbɛyɛ dɛn na wobete nea wɔhyɛnee anaasɛ wɔbɔe no ase?

8 Na sɛ torobɛnto no annyigye yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ɔsa?

9 Saa ara nso na sɛ mode mo tɛkrɛma ka asɛm a emu ntew a, ɛbɛyɛ dɛn na wobehu nea moreka no? Na ɛbɛyɛ sɛ morekasa agu mframa mu kwa.

10 Ɔkasa horow bebree na ɛwɔ wiase, nanso emu biara nni hɔ a wɔnte ase

11 na sɛ mente ɔkasa no ase a, mebu nea ɔkasa no sɛ ɔpɔtɔni, na nea ɔkasa no nso abu me sɛ ɔpɔtɔni.

12 Na mo nso sɛ mobɔ honhom fam nneɛma ho mmɔden yi, monhwehwɛ sɛ asafo no nkɔso nti mobɛboro so.

13 Enti nea ɔkasa kasa bi no, ɔmmɔ mpae sɛ obetumi akyerɛ ase.

14 Na sɛ mebɔ mpae ɔkasa bi mu a, me honhom na ɛbɔ mpae, na m’adwene de, ɛnte ase.

15 Na afei adɛn? Mede honhom mɛbɔ mpae, na mede adwene nso mabɔ mpae, mede honhom mɛto dwom, na mede adwene nso mato dwom.

16 Na sɛ wode honhom hyira a, ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔnte ase no begye w’aseda no so sɛ Amen, bere a onnim nea woreka?

17 Wo de, woda ase yiye de, nanso ɔno de, onnya nkɔso.

18 Meda Onyankopɔn ase sɛ mekasa ɔkasa horow bebree sen mo nyinaa;

19 nanso asafo mu de, mepɛ sɛ mede m’adwene meka nsɛm anum, na makyerɛkyerɛ ebinom nso, sen sɛ mɛka nsɛm ɔpedu ɔkasa bi mu.

20 Anuanom, monnyɛ mmofra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmofra, na dwen mu de, munwie nyin.

21 Wɔakyerɛw mmara no mu sɛ: Ɔkasa foforo ne ano foforo na me ne ɔman yi de bɛkasa, na ne saa nso mpo wɔrentie me, sɛ Awurade na ose.

22 Enti ɔkasa horow no nyɛ sɛnkyerɛnne mma gyidifo, na mmom ɛyɛ ma wɔn a wonnye nni; na nkɔmhyɛ de, ɛnyɛ wɔn a wonnye nni de, na mmom ɛyɛ wɔn a wogye di dea.

23 Na sɛ asafo mu behyia faako, na wɔn nyinaa kasa kasa horow, na wɔn a wonnim bi anaasɛ wɔn a wonnye nni ba mu a, wɔrenka sɛ: Moabobɔ dam anaa?

24 Na sɛ wɔn nyinaa hyɛ nkɔm, na obi a onnye nni anaasɛ onnim biribi ba mu a, wɔn nyinaa twiw n'anim, wɔn nyinaa bu no atɛn,

25 na ne komam ahintasɛm no ada adi, na ɔde saa akotow de n’anim abutuw fam asɔre Nyankopɔn, aka sɛ Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.


Ɔsom mu nhyehyɛe

26 Na afei adɛn, anuanom? Sɛ muhyiam a, mo mu bi wɔ dwom, obi wɔ nkyerɛkyerɛ, obi wɔ kasa bi, obi wɔ adiyi anaasɛ obi wɔ nkyerɛase Momma ne nyinaa nyɛ nea ɛma nkɔso.

27 Sɛ obi kasa kasa bi a, ma no nyɛ nnipa baanu, atra so no, baasa, na wɔnka no mmiako mmiako, na obiako nkyerɛ ase.

28 Na sɛ asekyerɛni nni hɔ a, ommua n’ano asafo no mu, na ɔnkasa nkyerɛ ne ho ne Nyankopɔn.

29 Adiyifo no de, baanu anaa baasa nkasa, na wɔn a aka no mmu ho atɛn.

30 Na sɛ obi a ɔte hɔ nya adiyi a, nea odi kan no mmua n’ano.

31 Na mo nyinaa betumi aka adiyisɛm mmiako mmiako, na wɔn nyinaa anya mu adesuade, na wɔn nyinaa afa mu afotu.

32 Na adiyifo ahonhom no hyɛ adiyifo no ase;

33 efisɛ Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn, sɛnea ɛte ahotefo asafo nyinaa mu no.

34 Momma mmea mmua wɔn ano asafo mu; na wɔmmma wɔn ho kwan sɛ wɔnkasa, na mmom wɔmmrɛ wɔn ho ase sɛnea mmara no nso ka no.

35 Na sɛ wɔpɛ sɛ wosua biribi a, wommisa wɔn ankasa wɔn kununom ofie; efisɛ ɛyɛ fɛre ma ɔbea sɛ ɔkasa asafo mu.

36 Adɛn nti a! Mo mu na Onyankopɔn asɛm no fi bae, anaasɛ mo nko na abɛto mo?

37 Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ odiyifo anaa honhom muni a, onhu sɛ nea mekyerɛw mabrɛ mo yi yɛ Awurade ahyɛde;

38 na sɛ obi nhu eyi a, ɛmma no nnim de nso.

39 Enti, me nuanom, mommɔ adiyisɛnka ho mmɔden, nanso, munnsiw ɔkasa horow ka ho kwan!

40 Na monyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ, ne kwan so ne kwan so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan