1 Korintofo 13 - KYERƐW KRONKRONƆdɔ ho asɛm 1 Sɛ mede nnipa ne abɔfo tɛkrɛma mekasa, na minni dɔ a, na mete sɛ ayowa a egyigye anaa akasae a ɛrewosow. 2 Na sɛ mewɔ adiyi asɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw mpo, na minni dɔ a, mensɛ hwee. 3 Na sɛ meporow m’ahode nyinaa mema ahiafo, na mede me nipadua mema sɛ wɔnhyew, na minni dɔ a, merennya ho mfaso biara. 4 Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahokyerɛ, ɛmmema ne ho so, 5 ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ ɔno nko ara de, ne bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam, 6 n’ani nnye nea ɛnteɛ ho, na mmom edi ahurusi wɔ nokware mu. 7 Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. 8 Ɔdɔ to ntwa da. Nkɔmhyɛ de, wobegu; ɔkasa horow de, ebegyae; nimdeɛ de, ɛbɛsa. 9 Na yehu ade fa-ne-fa, na yɛhyɛ nkɔm fa-ne-fa. 10 Na sɛ nea ɛwie pɛyɛ no nya ba a, ɛno na wobegu nea ɛyɛ fa-ne-fa no. 11 Meyɛ abofra no, mekasae sɛ abofra, medwenee sɛ abofra, metee asɛm ase sɛ abofra; na meyɛɛ ɔpanyin yi, magyae mmofraasɛm no. 12 Na sesɛɛ de, yɛnam ahwehwɛ so hu ade wɔ bɛ mu, na ɛno mu de, anim ne anim; sesɛɛ de, mihu ade fa-ne-fa, na ɛno mu de, mehu ade mua sɛnea wɔahu me nso yi. 13 Na afei gyidi, anidaso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi na ɛtena hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana