1 Korintofo 10 - KYERƐW KRONKRONKɔkɔbɔ wɔ Abosonsom ho 1 Anuanom, mempɛ sɛ mede sie mo sɛ yɛn agyanom nyinaa hyɛɛ omununkum no ase, na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu, 2 na wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu too Mose so, omununkum ne ɛpo no mu, 3 na wɔn nyinaa dii honhom fam aduan koro, 4 na wɔn nyinaa nom honhom fam anonne koro, na wɔnom fii honhom fam botan a na edi wɔn akyi no mu; na ɔbotan no ne Kristo. 5 Nanso wɔn mu fa kɛse no ara ansɔ Onyankopɔn ani; na wɔdwɛree wɔn sare so hɔ. 6 Na wɔde eyinom ayɛ nhwɛso ama yɛn, na yɛn kɔn annɔ bɔne sɛnea wɔn kɔn dɔe no. 7 Afei monnyɛ abosonsomfo sɛnea wɔn mu binom yɛe no, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nkurɔfo no tenaa ase didii, nomee, na wɔsɔre gorui. 8 Nso mommma yɛmmmɔ aguaman sɛnea wɔn mu binom bɔe na wɔn mu mpem aduonu abiɛsa totɔe da koro no. 9 Nso mommma yɛnnsɔ Kristo nnhwɛ, sɛnea wɔn mu binom yɛe, na awɔ kunkum wɔn no. 10 Nso munnnwiinwii, sɛnea wɔn mu binom nwiinwii na ɔsɛefo bɛsɛee wɔn no. 11 Na eyinom nyinaa sii na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn, na wɔakyerɛw no sɛ afotu ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi. 12 Enti nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye na wanhwe ase. 13 Sɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ mmoro nea mubetumi so, na mmom ɔbɛma kwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi agyina. 14 Enti, m’adɔfo, munguan mfi abosonsom ho, 15 Me ne mo kasa sɛ animdefo. Mummu nea mise ho atɛn! 16 Nhyira kuruwa a yehyira so no nyɛ Kristo mogya no ayɔnkofa anaa? Abodoo a yebubu no nyɛ Kristo nipadua no ayɔnkofa anaa? 17 Ɛnam sɛ abodoo no yɛ biako nti yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro; na yɛn nyinaa di abodoo biako no bi. 18 Monhwɛ ɔhonam fam Israel! Ɛnyɛ wɔn a wodi afɔre aduan no na wɔne afɔremuka no wɔ ayɔnkofa anaa? 19 Afei mese dɛn? Sɛ abosom afɔre yɛ biribi anaasɛ ɔbosom yɛ biribi? 20 Dabi; na mmom mise, afɔre a wɔbɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne fa ayɔnko. 21 Muntumi nnom Awurade kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano; muntumi nnidi Awurade pon so ne ahonhommɔne pon so. 22 Anaasɛ yɛrehyɛ Awurade ama no atwe ninkunu anaa? Yɛn ho yɛ den sen no anaa? Onuadɔ bɔ Kristofo ahofadi ho ban 23 Nneɛma nyinaa ho da kwan, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛboa; nneɛma nyinaa ho da kwan, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛma nkɔso. 24 Obiara nnhwehwɛ ɔno ara ne yiyedi, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko yiyedi. 25 Nea wɔtɔn no namgua so nyinaa, munni, na ahonim nti mummmisabisa ho nsɛm! 26 Na asase ne nea ɛhyɛ so ma nyinaa yɛ Awurade dea. 27 Na sɛ wɔn a wonnye nni no mu bi hyia mo adidi, na mopɛ sɛ mokɔ a, nea wɔde besi mo anim biara, munni, na ahonim nti mummmisabisa ho nsɛm! 28 Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ: Eyi yɛ ɔbosom afɔrebɔde a, nea ɔkyerɛe no ne ahonim nti, munnni! 29 Sɛ mise ahonim a, menne wo de, na mede onii no de; na adɛn na obi ahonim bebu me ahofadi atɛn? 30 Na sɛ mede aseda midi a, adɛn nti na wɔbɛbɔ me dimmɔne nea meda so ase ho? 31 Enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam! Abrabɔ pa ho afotu 32 Monnyɛ nea ɛto Yudafo anaa Helafo anaa Onyankopɔn asafo hintidua; 33 sɛnea me nso mehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa nyinaa ani, nneɛma nyinaa mu, na menhwehwɛ nea eye ma me nko ara, na mmom nea eye ma dodow no, na ebia wɔagye wɔn nkwa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana